< 2 Ahemfo 22 >

1 Bere a Yosia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduasa baako. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ofi Boskat no babea.
约西亚登基的时候年八岁,在耶路撒冷作王三十一年。他母亲名叫耶底大,是波斯加人亚大雅的女儿。
2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.
约西亚行耶和华眼中看为正的事,行他祖大卫一切所行的,不偏左右。
3 Ɔhene Yosia dii mfirihyia dunwɔtwe wɔ nʼahenni mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asennii kyerɛwfo Mesulam nena, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no se,
约西亚王十八年,王差遣米书兰的孙子、亚萨利的儿子—书记沙番上耶和华殿去,吩咐他说:
4 “Kɔ ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a aponanohwɛfo no agyigye afi nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no.
“你去见大祭司希勒家,使他将奉到耶和华殿的银子,就是守门的从民中收聚的银子,数算数算,
5 Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho asiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfo a wobesiesie Awurade Asɔredan no ho ka.
交给耶和华殿里办事的人,使他们转交耶和华殿里做工的人,好修理殿的破坏之处,
6 Ɛho behia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfo, adansifo ne abohyehyɛfo. Afei, ma wɔntɔ nnua ne abo a wɔatwa a wɔde besiesie asɔredan no.
就是转交木匠和工人,并瓦匠,又买木料和凿成的石头修理殿宇,
7 Nanso ɛho nhia sɛ adansi no sohwɛfo bebu sika a wɔn nsa bɛka no ho akontaa, efisɛ wɔyɛ nokwafo.”
将银子交在办事的人手里,不与他们算帐,因为他们办事诚实。”
8 Ɔsɔfopanyin Hilkia ka kyerɛɛ asennii kyerɛwfo Safan se, “Mahu Mmara Nhoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan, na ɔkenkanee.
大祭司希勒家对书记沙番说:“我在耶和华殿里得了律法书。”希勒家将书递给沙番,沙番就看了。
9 Safan san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkae se, “Wo mpanyimfo no de sika a wogyigyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ahyɛ adwumayɛfo no ne sohwɛfo a wɔwɔ asɔredan no ho no nsa.”
书记沙番到王那里,回复王说:“你的仆人已将殿里的银子倒出数算,交给耶和华殿里办事的人了。”
10 Safan san ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfo Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.
书记沙番又对王说:“祭司希勒家递给我一卷书。”沙番就在王面前读那书。
11 Bere a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nhoma no mu no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu.
王听见律法书上的话,便撕裂衣服,
12 Na ɔhyɛɛ ɔsɔfo Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se,
吩咐祭司希勒家与沙番的儿子亚希甘、米该亚的儿子亚革波、书记沙番和王的臣仆亚撒雅,说:
13 “Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee no a wahu no ho asɛm. Awurade abufuwhyew aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni nhoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ nea nhoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”
“你们去为我、为民、为犹大众人,以这书上的话求问耶和华;因为我们列祖没有听从这书上的言语,没有遵着书上所吩咐我们的去行,耶和华就向我们大发烈怒。”
14 Enti ɔsɔfo Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforo Misne kohuu odiyifo Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntade adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nena.
于是,祭司希勒家和亚希甘、亚革波、沙番、亚撒雅都去见女先知户勒大。户勒大是掌管礼服沙龙的妻;沙龙是哈珥哈斯的孙子、特瓦的儿子。户勒大住在耶路撒冷第二区。他们请问于她。
15 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se,
她对他们说:“耶和华—以色列的 神如此说:‘你们可以回复那差遣你们来见我的人说,
16 ‘Sɛnea Awurade se ni: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛnea makyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a mokenkan no mu no.
耶和华如此说:我必照着犹大王所读那书上的一切话,降祸与这地和其上的居民。
17 Efisɛ me nkurɔfo agyaw me, na wɔsom anyame huhuw, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuw. Mʼabufuwhyew redɛw wɔ ha, na ɛrennum.’
因为他们离弃我,向别神烧香,用他们手所做的惹我发怒,所以我的忿怒必向这地发作,总不止息。’
18 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho.
然而,差遣你们来求问耶和华的犹大王,你们要这样回复他说:‘耶和华—以色列的 神如此说:至于你所听见的话,
19 Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo yaw, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometew sunsuan wo ntade mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti nokware, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ.
就是听见我指着这地和其上的居民所说、要使这地变为荒场、民受咒诅的话,你便心里敬服,在我面前自卑,撕裂衣服,向我哭泣,因此我应允了你。这是我—耶和华说的。
20 Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wu ne wusie akyi. Worenhu amane a mede bɛba kuropɔn yi so no.’” Enti wɔsan de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.
我必使你平平安安地归到坟墓到你列祖那里;我要降与这地的一切灾祸,你也不至亲眼看见。’”他们就回复王去了。

< 2 Ahemfo 22 >