< 2 Ahemfo 21 >
1 Bere a Manase dii hene no, na wadi mfe dumien, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. Na ne na din de Hefsibah.
Ɛberɛ a Manase dii ɔhene no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. Na ne maame din de Hefsiba.
2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no.
3 Ɔsan sisii abosonsomfo abosonnan a nʼagya Hesekia bubu gui no. Ɔyɛɛ afɔremuka pii maa Baal, na osii Asera dua, sɛnea Israelhene Ahab yɛe ara pɛ. Afei, ɔkotow sɔree wim atumfo.
Ɔsane sisii abosonsomfoɔ abosonnan a nʼagya Hesekia bubu guiɛ no. Ɔyɛɛ afɔrebukyia pii maa Baal, ɛnna ɔsii Asera dua, sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ ara pɛ. Afei, ɔkoto sɔree ewiem atumfoɔ.
4 Na mpo, osisii abosom afɔremuka pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din anuonyam no.
Na mpo, ɔsisii abosom afɔrebukyia pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din animuonyam no.
5 Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no.
Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ.
6 Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ samanfrɛfo hɔ ne asumanfo so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuw.
Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ asamanfrɛfoɔ hɔ ne asumanfoɔ so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuo.
7 Manase faa Asera dua a wayɛ no de kosii asɔredan mu, beae koro no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kurow a mayi afi Israel mmusuakuw a aka no nyinaa mu.
Manase faa Asera dua a wayɛ no, de kɔsii asɔredan mu, beaeɛ korɔ no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo a aka no nyinaa mu.
8 Na sɛ Israelfo betie mʼahyɛde a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asu mfi asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.”
Na sɛ Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.”
9 Nanso nnipa no antie. Manase dii wɔn anim ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsen abosonsom aman a Awurade sɛee no bere a Israelfo kɔɔ saa asase no so no mpo.
Nanso, nnipa no antie. Manase dii wɔn anim, ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsene abosonsom aman a Awurade sɛee no ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ saa asase no so no mpo.
10 Awurade nam nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo so kae se,
Awurade nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa sɛ,
11 “Yudahene Manase ayɛ akyiwade bebree. Na mpo, ɔyɛ omumɔyɛfo sen Amorifo a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafo anim de wɔn akɔ ahonisom mu.
“Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu.
12 Enti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no yonn.
Enti, sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no gyenn.
13 Mɛfa ɔkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so abu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛnea obi hohoro asanka mu, na ɔdan butuw no.
Mɛfa ɛkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so mabu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛ deɛ obi hohoro ayowaa mu, na ɔdane butu no.
14 Na mpo, mɛpo me nkurɔfo kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfo sɛ asade.
Na mpo, mɛpo me nkurɔfoɔ kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ sɛ asadeɛ.
15 Efisɛ wɔayɛ bɔne kɛse wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuw, fi bere a wɔn agyanom fii Misraim no.”
Ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne kɛseɛ wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuo, firi ɛberɛ a wɔn agyanom firii Misraim no.”
16 Manase kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kosii sɛ, mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma, fi ti kosi ti. Eyi ka bɔne a ɔmaa Yudafo no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.
Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii sɛ, mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.
17 Manase ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa ne bɔne a ɔyɛe no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
18 Manase wui no, wosiee no wɔ ahemfi no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na odii nʼade sɛ ɔhene.
Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
19 Amon dii hene no, na wadi mfe aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. Na wɔfrɛ ne na Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ofi Yolba no babea.
Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa.
20 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no ara pɛ.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara pɛ.
21 Ɔfaa nʼagya nhwɛso so, som ahoni koro no ara a na nʼagya som wɔn no.
Ɔfaa nʼagya nhwɛsoɔ so, somm ahoni korɔ no ara a na nʼagya somm wɔn no.
22 Ogyaw Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.
Ɔgyaa Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.
23 Na Amon no ankasa asomfo bɔɔ ne ho pɔw, kum no wɔ nʼahemfi.
Na Amon no ankasa asomfoɔ bɔɔ ne ho pɔ, kumm no wɔ nʼahemfie.
24 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.
Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔ no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.
25 Amon ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Amon ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
26 Wosiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.
Wɔsiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.