< 2 Ahemfo 2 >

1 Bere a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ soro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal kwan so.
Und es geschah, da Jehovah den Elijahu in einem Wetter gen Himmel wollte auffahren lassen, daß Elijahu und Elischa von Gilgal gingen.
2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Bet-El.
Und Elijahu sprach zu Elischa: Bleibe doch hier, denn Jehovah hat mich nach Bethel gesandt. Und Elischa sprach: Beim Leben Jehovahs und beim Leben deiner Seele, ich verlasse dich nicht; und sie gingen nach Bethel hinab.
3 Adiyifo kuw a wofi Bet-El no baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ?” Elisa buae se, “Yiw, minim saa. Enti monyɛ komm.”
Und es kamen die Söhne der Propheten, die in Bethel waren, heraus zu Elischa und sagten zu ihm: Weißt du, daß heute Jehovah deinen Herrn über deinem Haupte wegnimmt? Und er sprach: Auch ich weiß es, schweigt nur.
4 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Yeriko.” Nanso Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Yeriko.
Und Elijahu sprach zu ihm: Elischa, bleibe doch hier; denn Jehovah hat mich nach Jericho gesandt. Er aber sprach: Beim Leben Jehovahs und beim Leben deiner Seele, ich verlasse dich nicht; und sie kamen nach Jericho.
5 Na adiyifo kuw a wofi Yeriko baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ ana?” Obuaa bio se, “Yiw, minim. Enti monyɛ komm.”
Und es traten die Söhne der Propheten, die in Jericho waren, herzu zu Elischa und sagten zu ihm: Weißt du, daß heute Jehovah deinen Herrn über deinem Haupte wegnehmen wird? Und er sprach: Auch ich weiß es, schweiget.
6 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” Nanso, Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo.” Enti wɔtoaa so kɔe.
Und Elijahu sprach zu ihm: Bleibe doch hier, denn Jehovah hat mich an den Jordan gesandt. Er aber sprach: Beim Leben Jehovahs und beim Leben deiner Seele, ich verlasse dich nicht! Und es gingen beide dahin.
7 Mmarima aduonum fi adiyifo kuw no mu nso kɔ kogyinaa akyirikyiri baabi, de wɔn ani kyerɛɛ faako a na Elia ne Elisa gyina wɔ Asubɔnten Yordan ho hɔ no.
Aber fünfzig Mann von den Söhnen der Propheten gingen und standen ihnen gegenüber von ferne, und die zwei standen am Jordan.
8 Na Elia bobɔw nʼatade, de bɔɔ nsu no ani. Nsu no mu kyɛɛ abien, ma wɔfaa asase kesee so twae.
Und Elijahu nahm seinen Mantel und rollte ihn zusammen und schlug das Wasser, und es zerteilte sich dahin und dorthin, und beide gingen im Trockenen hinüber.
9 Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.”
Und es geschah, während ihres Überganges, daß Elijahu zu Elischa sprach: Bitte, was ich dir tun soll, bevor ich von dir genommen werde. Und Elischa sprach: Es werde mir doch ein doppelter Anteil von deinem Geiste!
10 Elia kae se, “Woabisa ade a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisade no. Na sɛ amma saa de a, wo nsa renka.”
Und er sprach: Du hast dir Hartes erbeten. Wenn du mich siehst, wie ich von dir genommen werde, so wird es dir so sein; wo nicht, so wird es nicht so sein.
11 Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro.
Und es geschah, als sie hingingen im Gehen und Reden, siehe da, ein Wagen von Feuer und Rosse von Feuer, und sie trennten die zwei voneinander, und Elijahu fuhr im Wetter hinauf gen Himmel.
12 Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien.
Und Elischa sah es und er schrie: Mein Vater, mein Vater! Israels Streitwagen und seine Reiter! Und er sah ihn nicht mehr; und er faßte seine Kleider und riß sie in zwei Stücke.
13 Na Elisa faa Elia atade nguguso a efii ne ho gui no, na ɔsan kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so.
Und er hob Elijahus Mantel empor, der ihm entfallen war, und kehrte zurück, und stand am Ufer des Jordan.
14 Ɔde atade nguguso no bɔɔ asu no ani teɛɛ mu se, “Awurade, Elia Nyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara asu no mu paee abien maa Elisa faa mu.
Und er nahm den Mantel Elijahus, der ihm entfallen war, und schlug die Wasser und sprach: Wo ist Jehovah, der Gott Elijahus? ja Derselbe! Und er schlug die Wasser, und sie zerteilten sich dahin und dorthin; und Elischa ging hinüber.
15 Bere a adiyifo kuw a wɔwɔ Yeriko huu asɛm a asi no, wɔteɛɛ mu se, “Elisa abedi Elia ade!” Na wokohyiaa no, kotow no.
Und es sahen ihn die Söhne der Propheten, die in Jericho ihm gegenüber waren, und sprachen: Elijahus Geist ruht auf Elischa; und sie kamen ihm entgegen und beugten sich vor ihm zur Erde.
16 Wɔkae se, “Owura, ka biribi, na yɛn mu ahoɔdenfo aduonum bekyinkyin sare no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔw bi so anaa obon bi mu.” Elisa kae se, “Dabi, monnsoma wɔn.”
Und sie sprachen zu ihm: Siehe doch, es sind bei deinen Knechten fünfzig Männer, tapfere Leute. Laß sie doch hingehen und deinen Herrn suchen, ob ihn nicht der Geist Jehovahs erhoben und auf einen der Berge geworfen, oder in eine der Schluchten. Er aber sprach: Sendet nicht.
17 Nanso wɔkɔɔ so haw no ara, kosii sɛ, onhu nea ɔnyɛ ne ho, nti akyiri no ɔkaa se, “Eye, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyin, hwehwɛe, nanso wɔanhu Elia.
Sie aber drangen in ihn, bis er sich schämte und sprach: Sendet! Und sie sandten fünfzig Männer, und sie suchten ihn drei Tage, aber sie fanden ihn nicht.
18 Bere a wɔsan wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Obisaa wɔn se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?”
Und sie kehrten zurück zu ihm, er aber war in Jericho geblieben und sprach zu ihnen: Habe ich euch nicht gesagt: Gehet nicht?
19 Afei, Yeriko mpanyimfo kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no se, “Ɔdɛɛfo, yɛwɔ dadwen bi. Saa kurow yi dabea ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛnea wuhu no. Nanso nsu no nye, na asase no nso mma nnɔbae.”
Und die Männer der Stadt sprachen zu Elischa: Siehe doch, es ist gut wohnen in der Stadt, wie mein Herr sieht; aber das Wasser ist böse und das Land bringt Fehlgeburten.
20 Elisa kae se, “momma me nsukorade foforo a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde bae.
Und er sprach: Holet mir eine neue Schale und tut Salz darein, und sie holten sie ihm.
21 Afei, ɔkɔɔ asu no a kurom hɔfo no saw nom no mu, kɔtow nkyene no guu mu. Na ɔkae se, “Sɛɛ na Awurade se: Mayɛ asu yi yiye. Ɛremma owu, na asase no bɛma ne nnɔbae.”
Und er ging hinaus, wo das Wasser herauskam und warf Salz darein und sprach: So spricht Jehovah: Ich habe diese Wasser geheilt, es sollen daraus nicht mehr Tod und Fehlgeburt kommen.
22 Na ampa ara, efi saa bere no, asu no ayɛ asu pa sɛnea Elisa kae no.
Und die Wasser waren geheilt bis auf diesen Tag, nach dem Worte Elischas, das er geredet.
23 Elisa fii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wofi kurow no mu dii ne ho fɛw, serew no se, “Tipae, foro kɔ ɛ! Tipae, foro kɔ ɛ!”
Und er ging von dannen hinauf nach Bethel, und da er auf dem Wege hinaufging, kamen kleine Jungen heraus aus der Stadt und verspotteten ihn, und sagten zu ihm: Komm herauf, Kahlkopf! Komm herauf, Kahlkopf!
24 Elisa dan ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisi abien pue fii wuram, bekunkum wɔn mu aduanan abien.
Und er wandte sich hinter sich und sah sie an und fluchte ihnen im Namen Jehovahs; und es kamen zwei Bären aus dem Walde heraus und zerrissen von ihnen zweiundvierzig Kinder.
25 Elisa fii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔw Karmel so, na ofii hɔ kɔɔ Samaria.
Und von da ging er auf den Berg Karmel, und kehrte von dannen nach Samaria zurück.

< 2 Ahemfo 2 >