< 2 Ahemfo 19 >

1 Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu.
On hearing this report, King Hezekiah tore his clothes, put on sackcloth, and entered the house of the LORD.
2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn.
And he sent Eliakim the palace administrator, Shebna the scribe, and the leading priests, all wearing sackcloth, to the prophet Isaiah son of Amoz
3 Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.
to tell him, “This is what Hezekiah says: Today is a day of distress, rebuke, and disgrace; for children have come to the point of birth, but there is no strength to deliver them.
4 Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!”
Perhaps the LORD your God will hear all the words of the Rabshakeh, whom his master the king of Assyria has sent to defy the living God, and He will rebuke him for the words that the LORD your God has heard. Therefore lift up a prayer for the remnant that still survives.”
5 Na ɔhene Hesekia mpanyimfo no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia,
So the servants of King Hezekiah went to Isaiah,
6 na Yesaia buae se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo.
who replied, “Tell your master that this is what the LORD says: ‘Do not be afraid of the words you have heard, with which the servants of the king of Assyria have blasphemed Me.
7 Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’”
Behold, I will put a spirit in him so that he will hear a rumor and return to his own land, where I will cause him to fall by the sword.’”
8 Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
When the Rabshakeh heard that the king of Assyria had left Lachish, he withdrew and found the king fighting against Libnah.
9 Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem.
Now Sennacherib had been warned about Tirhakah king of Cush: “Look, he has set out to fight against you.” So Sennacherib again sent messengers to Hezekiah, saying,
10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’
“Give this message to Hezekiah king of Judah: ‘Do not let your God, in whom you trust, deceive you by saying that Jerusalem will not be delivered into the hand of the king of Assyria.
11 Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana?
Surely you have heard what the kings of Assyria have done to all the other countries, devoting them to destruction. Will you then be spared?
12 Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn ana?
Did the gods of the nations destroyed by my fathers rescue those nations—the gods of Gozan, Haran, and Rezeph, and of the people of Eden in Telassar?
13 Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?”
Where are the kings of Hamath, Arpad, Sepharvaim, Hena, and Ivvah?’”
14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ Awurade anim.
So Hezekiah received the letter from the messengers, read it, and went up to the house of the LORD and spread it out before the LORD.
15 Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se, “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.
And Hezekiah prayed before the LORD: “O LORD, God of Israel, enthroned between the cherubim, You alone are God over all the kingdoms of the earth. You made the heavens and the earth.
16 Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.
Incline Your ear, O LORD, and hear; open Your eyes, O LORD, and see. Listen to the words that Sennacherib has sent to defy the living God.
17 “Awurade, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no.
Truly, O LORD, the kings of Assyria have laid waste these nations and their lands.
18 Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ.
They have cast their gods into the fire and destroyed them, for they were not gods, but only wood and stone—the work of human hands.
19 Afei, Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ wo nko ara, Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”
And now, O LORD our God, please save us from his hand, so that all the kingdoms of the earth may know that You alone, O LORD, are God.”
20 Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti,
Then Isaiah son of Amoz sent a message to Hezekiah: “This is what the LORD, the God of Israel, says: I have heard your prayer concerning Sennacherib king of Assyria.
21 eyi ne asɛm a Awurade aka atia no: “‘Ɔbabeabun Sion sopa wo, na ɔserew wo. Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw, na ɔwosow ne ti bere a woreguan.
This is the word that the LORD has spoken against him: ‘The Virgin Daughter of Zion despises you and mocks you; the Daughter of Jerusalem shakes her head behind you.
22 Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso? Hena na womaa wo nne so tiaa no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
Whom have you taunted and blasphemed? Against whom have you raised your voice and lifted your eyes in pride? Against the Holy One of Israel!
23 Wonam wʼasomafo so adi Awurade ho fɛw. Na woaka se, “Me nteaseɛnam dodow nti maforo mmepɔw atenten. Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no. Matwitwa ne sida dua atenten no, ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam. Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeberentuw mu.
Through your servants you have taunted the Lord, and you have said: “With my many chariots I have ascended to the heights of the mountains, to the remote peaks of Lebanon. I have cut down its tallest cedars, the finest of its cypresses. I have reached its farthest outposts, the densest of its forests.
24 Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so de ne nsu pa no adwudwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu sɛnea mʼakofo betumi atwa!”
I have dug wells and drunk foreign waters. With the soles of my feet I have dried up all the streams of Egypt.”
25 “‘Na Montee ɛ? Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ. Bere bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ ho ban.
Have you not heard? Long ago I ordained it; in days of old I planned it. Now I have brought it to pass, that you should crush fortified cities into piles of rubble.
26 Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn. Wɔte sɛ afuw so nnua, ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw. Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi a ɛhyew ansa na anyin.
Therefore their inhabitants, devoid of power, are dismayed and ashamed. They are like plants in the field, tender green shoots, grass on the rooftops, scorched before it is grown.
27 “‘Nanso minim nea wote bere a woba ne bere a wokɔ ne sɛnea wo bo huru tia me.
But I know your sitting down, your going out and coming in, and your raging against Me.
28 Na esiane sɛ wo bo huru tia me na wʼahantan adu mʼasom nti, mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem, na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom, mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so asan wʼakyi.’
Because your rage and arrogance against Me have reached My ears, I will put My hook in your nose and My bit in your mouth; I will send you back the way you came.’
29 “Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia: “Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii. Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba. Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa, yɛ bobe nturo na di so aba.
And this will be a sign to you, O Hezekiah: This year you will eat what grows on its own, and in the second year what springs from the same. But in the third year you will sow and reap; you will plant vineyards and eat their fruit.
30 Bio, nkae bi a ofi Yuda fi begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro.
And the surviving remnant of the house of Judah will again take root below and bear fruit above.
31 Na nkae bi befi Yerusalem aba, na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so. Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.
For a remnant will go forth from Jerusalem, and survivors from Mount Zion. The zeal of the LORD of Hosts will accomplish this.
32 “Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu na ɔrentow bɛmma wɔ ha. Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi na ɔrensi pie ntua nʼano.
So this is what the LORD says about the king of Assyria: ‘He will not enter this city or shoot an arrow into it. He will not come before it with a shield or build up a siege ramp against it.
33 Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu. Awurade ka se, ɔrenwura saa kurow yi mu.
He will go back the way he came, and he will not enter this city,’
34 Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti, mɛbɔ ho ban.”
‘I will defend this city and save it for My own sake and for the sake of My servant David.’”
35 Saa anadwo no, Awurade bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu sɛ afunu gugu mmɔnten so baabiara.
And that very night the angel of the LORD went out and struck down 185,000 men in the camp of the Assyrians. When the people got up the next morning, there were all the dead bodies!
36 Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkurow Ninewe mu.
So Sennacherib king of Assyria broke camp and withdrew. He returned to Nineveh and stayed there.
37 Da koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmabarima Adramelek ne Sareser de wɔn afoa kokum no. Woguan fii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforo Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.
One day, while he was worshiping in the temple of his god Nisroch, his sons Adrammelech and Sharezer put him to the sword and escaped to the land of Ararat. And his son Esar-haddon reigned in his place.

< 2 Ahemfo 19 >