< 2 Ahemfo 17 >

1 Ela babarima Hosea fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Ahas nso adi hene wɔ Yuda mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Samaria mfe akron.
En el año duodécimo de Acaz, rey de Judá, Oseas, hijo de Ela, se convirtió en rey de Israel en Samaria, y gobernó durante nueve años.
2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, nanso na ne bɔne no nnɔɔso sɛ Israel ahemfo a wodii ade ansa na ɔrebedi ade no.
E hizo lo malo ante los ojos del Señor, aunque no como los reyes de Israel antes que él.
3 Asiriahene Salmaneser kɔɔ ɔhene Hosea so, kodii ne so nkonim nti, ɔhyɛɛ Israel ma wotuaa sonkahiri a emu yɛ duru maa Asiria.
Contra él, subió Salmanasar, rey de Asiria, y Oseas se convirtió en su sirviente y tributario.
4 Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa fii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn sɛ ɔmmoa no na ɔntew ne ho mfi Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔw tiaa Asiriahene. Bere a Asiriahene huu pɔw bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuatew ho.
Salmanasar descubrió de la conspiración que Oseas estaba tramando en contra de el rey de Asiria, porque había enviado representantes a So, rey de Egipto, y no envió su ofrenda al rey de Asiria, como lo había hecho año tras año: El rey de Asiria lo encerró en la cárcel y lo encadenaron.
5 Na Asiriahene ko faa asasetam no nyinaa, na otuaa Samaria ano mfe abiɛsa.
Entonces el rey de Asiria recorrió toda la tierra y se acercó a Samaria, sitiándola durante tres años.
6 Akyiri no, ɔhene Hosea ahenni mfe akron mu no, Samaria hwee ase, ma wotwaa Israelfo asu kɔɔ Asiria. Wɔbɔɔ wɔn atenase wɔ Halah nkurow wɔ asu Habor a ɛwɔ Gosan a ɛfra Media nkuropɔn no mu no so.
En el noveno año de Oseas, el rey de Asiria tomó Samaria y se llevó a Israel a Asiria, colocándolos en Halah y Habor en el río Gozán y en las ciudades de los medos.
7 Saa amanehunu yi baa Israelman so, efisɛ nnipa no som anyame afoforo, yɛɛ bɔne tia Awurade, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii wɔn nkoasom mu wɔ Misraim no.
Y vino la ira del Señor sobre Israel, porque habían hecho mal contra él Señor su Dios, que los sacó de la tierra de Egipto de debajo del yugo de Faraón, rey de Egipto, y se convirtió en adorador de otros dioses,
8 Wosuasuaa abosonsom aman nneyɛe a enti Awurade pam wɔn fii asase a ɛda wɔn anim no so, ne ɔsom a Israel ahemfo de aba no.
Y vivían de acuerdo con las costumbres de las naciones que el Señor había arrojado de delante de los hijos de Israel así como las costumbres que los reyes de Israel establecieron.
9 Na Israelfo no nso nam sum ase, ayɛ nneɛma pii a na ɛnsɔ Awurade wɔn Nyankopɔn ani. Wosisii abosonnan maa wɔn ho wɔ wɔn nkurow nyinaa so, efi wɔn nkurow akɛse a wɔatwa afasu afa ho, kosi nkuraa.
Y los hijos de Israel hicieron en secreto contra el Señor su Dios cosas que no estaban bien, construyendo lugares altos para sí mismos en todos sus pueblos, desde la torre de los vigilantes hasta el pueblo amurallado.
10 Wosisii afadum kronkron ne Asera nnua wɔ koko biara so ne dua biara a ɛyɛ frɔmfrɔm ase.
Levantaron pilares de piedra y madera en cada colina alta y debajo de cada árbol verde:
11 Wɔhyew nnuhuam wɔ nsɔre so hɔ, te sɛnea aman a Awurade apam wɔn afi asase a ɛda wɔn anim no so no yɛe pɛ. Enti Israelfo yɛɛ bɔne bebree hyɛɛ Awurade abufuw.
Quemando incienso en todos los lugares altos, como hicieron aquellas naciones a quienes el Señor arrojó de delante de ellos; hicieron cosas malas, moviendo al Señor a la ira;
12 Yiw, Awurade kɔkɔbɔ pɔtee ne ne ntimu no nyinaa akyi no, wɔsom ahoni.
Y se hicieron siervos de ídolos, aunque el Señor había dicho: No debes hacer esto.
13 Awurade somaa nʼadiyifo ne adehufo ntoatoaso ma wɔkɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ se, “Monnan mfi mo akwammɔne nyinaa ho. Monyɛ osetie mma mʼahyɛde ne me mmara, nea mehyɛɛ mo agyanom sɛ wonni so no nyinaa, nea menam mʼasomfo adiyifo no so de maa mo no.”
Dio testimonio de Israel y de Judá por todos los profetas y videntes, diciendo: Vuelve de tus malos caminos, cumple mis órdenes y guarda mis reglas, y guíate por la ley que les di a tus padres y enviados por mis siervos los profetas.
14 Nanso Israelfo no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Nyankopɔn, anni.
No oyeron, sino que se endurecieron, como sus padres que no creían en el Señor su Dios.
15 Wɔpoo ne mmara ne nʼapam a ɔne wɔn agyanom yɛe no. Na wɔamfa ne kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Wɔsom abosomhuhuw, maa wɔdan nnipa teta. Wɔhwɛɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no nhwɛso so, nam so yɛɛ asoɔden maa Awurade mmara nsɛm a ɔhyɛɛ sɛ wonnsuasua wɔn no.
Y fueron contra sus reglas, y el pacto que hizo con sus padres, y las leyes que les dio; se entregaron a cosas sin sentido ni valor, y se volvieron vanidosos como las naciones que los rodeaban, de quienes el Señor había dicho: No hagas lo que ellos hacen.
16 Wɔantie Awurade, wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm no nyinaa na wɔyɛɛ nantwimma abien ahoni a wɔagu. Wosii Asera dua, som Baal ne wim atumfo nyinaa.
Volviendo la espalda a todas las órdenes que el Señor les había dado, hicieron para sí mismas imágenes de metal y la imagen de Asera, adoraron a todas las estrellas del cielo y convirtiéndose en siervos de Baal.
17 Na mpo, wɔde wɔn ankasa mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Wɔkɔɔ abisa, wɔyɛɛ abayisɛm, nam so tɔn wɔn ho maa bɔne, de hyɛɛ Awurade abufuw.
Hicieron pasar a sus hijos y a sus hijas por el fuego, hicieron uso de adivinaciones y encantamientos, y se entregaron a hacer lo malo ante los ojos del Señor, hasta que fue llevado a la ira.
18 Na esiane sɛ Awurade bo fuw nti, ɔpepaa wɔn fii nʼanim. Yuda abusuakuw nko ara na ɛkaa wɔn wɔ asase no so.
Entonces el Señor estaba muy enojado con Israel, y su rostro se apartó de ellos, solo la tribu de Judá mantuvo su lugar.
19 Na mpo, nnipa a wɔwɔ Yuda anni Awurade, wɔn Nyankopɔn, ahyɛde so. Wɔfaa ɔkwan bɔne a Israel faa so no so.
Pero incluso Judá no cumplió las órdenes del Señor su Dios, sino que fueron guiados por las costumbres que Israel había hecho.
20 Ɛno nti, Awurade poo Israel asefo nyinaa. Ɔde wɔn maa wɔn atamfo, nam so twee wɔn aso, kosii sɛ wɔsɛee wɔn.
Entonces, el Señor desechó toda la descendencia de Israel, y les envió problemas, y los entregó en manos de sus atacantes, hasta que los hubo arrojado lejos de su rostro.
21 Na bere a Awurade tew Israel fii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so hene. Na Yeroboam maa Israelfo gyaee Awurade akyidi, ma wɔyɛɛ bɔne kɛse.
Porque Israel fue separado de la familia de David, e hicieron a Jeroboam, el hijo de Nebat, rey, quien, alejándolos de las leyes del Señor, los hizo cometer un gran pecado.
22 Na Israelfo no kɔɔ so nantew Yeroboam akwammɔne no so. Wɔannyae ahonisom ho bɔneyɛ no,
Y los hijos de Israel continuaron con todos los pecados que hizo Jeroboam; no se apartaron de ellos;
23 kosii sɛ ne korakora no, Awurade pepaa wɔn fii hɔ, sɛnea nʼadiyifo hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba no. Enti wotwaa Israel asu kɔɔ Asiria asase so baabi a wɔte besi nnɛ yi.
Hasta que el Señor quitó a Israel de su presencia, como había hablado por medio de todos sus siervos los profetas. Así que Israel fue llevado cautivo a Asiria, hasta el día de hoy.
24 Na Asiriahene twee nnipa akuwakuw fii Babilonia, Kuta ne Awa, Hamat ne Sefarwaim, de wɔn beduaa Samaria nkurow so, ma wosii Israelfo anan mu. Enti Asiriafo no faa Samaria ne Israel nkurow a ɛkeka ho no.
Entonces el rey de Asiria tomó hombres de Babilonia, Cuta, Ava, Hamat, y Sefarvaim, y los puso en los pueblos de Samaria en lugar de los hijos de Israel; Así consiguieron a Samaria por su herencia, viviendo en sus pueblos.
25 Nanso esiane sɛ saa ahɔho atutenafo yi ansom Awurade bere a woduu hɔ ara pɛ no nti, Awurade maa gyata kɔɔ wɔn mu, kokunkum wɔn mu bi.
Cuando vivían allí por primera vez, no adoraban al Señor. Entonces el Señor envió leones entre ellos, causando la muerte de algunos de ellos.
26 Enti wɔde nkra kɔmaa Asiriahene se, “Nnipa a woabɔ wɔn atenase wɔ Israel nkurow so no nnim sɛnea wɔsom asase no so Nyankopɔn. Wasoma gyata akɔ wɔn mu akɔsɛe wɔn, efisɛ wɔansom no anisɔ mu.”
Entonces dijeron al rey de Asiria: Las naciones que ustedes tomaron como prisioneros y pusieron en las ciudades de Samaria, no conocen el camino del dios de la tierra; por eso envió leones entre ellos, causando su muerte, porque no tienen conocimiento de su camino.
27 Na Asiriahene nso hyɛe se, “Soma asɔfo a wɔatwa wɔn asu no mu baako fi Samaria, na ɔnsan nkɔ Israel. Ma ɔnkyerɛ ahɔho no kwan a wɔfa so som asase no so Nyankopɔn.”
Entonces el rey de Asiria dio órdenes, diciendo: Envía allí a uno de los sacerdotes que quitaste, y que viva allí y enseñe al pueblo el camino del dios de la tierra.
28 Enti asɔfo a wɔatwa wɔn asu afi Samaria no mu baako san kɔɔ Bet-El, kɔkyerɛɛ ahɔho no ɔkwan a wɔfa so som Awurade.
Entonces, uno de los sacerdotes a quienes habían quitado como prisionero de Samaria regresó y viviendo en Betel, se convirtió en su maestro en la adoración del Señor.
29 Nanso saa ahɔho akuwakuw ahorow yi kɔɔ so som wɔn ankasa anyame. Kurow biara a wɔtete mu no, wɔde wɔn ahoni kosisii abosonnan a Israelfo no asisi no mu.
Y cada nación se hizo dioses, y los puso en las casas de los lugares altos que los samaritanos habían hecho, cada nación en las ciudades donde vivían.
30 Wɔn a wofi Babilonia no som wɔn nyame Sukot-Benot ahoni. Wɔn a wofi Kuta som wɔn nyame Nergal. Na wɔn a wofi Hamat som Asima.
Los hombres de Babilonia hicieron Sucot-benot, y los hombres de Cuta hicieron Nergal, y los hombres de Hamat hicieron Asima,
31 Awifo som wɔn anyame Nibhas ne Tartak. Na mpo, nnipa a wofi Sefarwaim hyew wɔn ankasa mma sɛ afɔrebɔde, de maa Adramelek ne Anamelek.
Los de Ava hicieron Nibhaz y Tartac, y los Sefarvaim dieron a sus hijos para ser quemados en el fuego a Adramelec, y Anamelec.
32 Saa ahɔho yi som Awurade de, nanso woyii asɔfo bi fii wɔn mu a, na wɔbɔ afɔre wɔ abosonnan mu.
También temían al Señor y se hicieron, de entre ellos mismos, sacerdotes para los lugares altos, que oficiaban ofrendas por ellos en las casas de los lugares altos.
33 Na wɔsom Awurade de, nanso wɔkɔɔ so faa amanne kwan a wɔn aman a wofi so no fa so som no so.
Ellos adoraron al Señor, pero honraron a sus dioses como lo hicieron las naciones de las cuales fueron tomados como prisioneros.
34 Na eyi da so kɔ so wɔ wɔn mu de besi nnɛ. Na wɔda so yɛ kan nnebɔne no a anka ɛsɛ sɛ wɔsom Awurade, di ne mmara, ne nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔde maa Yakob a ɔsesaa ne din ma ɛbɛyɛɛ Israel asefo no so.
Por lo tanto, hasta el día de hoy continúan en sus viejos caminos, sin adorar al Señor ni obedecer sus órdenes ni sus caminos ni la ley y la regla que el Señor dio a los hijos de Jacob, a quienes dio el nombre. Israel;
35 Nanso na Awurade ne Yakob asefo ayɛ apam, ahyɛ wɔn se, “Monnsom anyame foforo, monnkotow wɔn, na monnsom wɔn, na mommmɔ afɔre mma wɔn.
Y el Señor hizo un pacto con ellos y les dio órdenes, diciendo: No debes tener otros dioses; no debes rendirles culto, ni ser sus sirvientes ni hacerles ofrendas:
36 Awurade a ɔnam nsɛnkyerɛnne akɛse ne tumi so yii mo fii Misraim no nko ara na monsom no. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ mosom no, na mokotow no, na mobɔ afɔre ma no.
Pero el Señor, que te sacó de la tierra de Egipto con su gran poder y su brazo extendido, es tu Dios, a quien debes adorar y hacer ofrendas:
37 Monhwɛ yiye, na munni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔkyerɛw maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo biara.
Y las reglas y las órdenes y la ley que él puso por escrito para ti, debes guardarlas y hacerlas para siempre; No debes tener otros dioses.
38 Mommma mo werɛ mmfi apam a me ne mo yɛe no, na monnsom anyame foforo biara.
Y debes guardar en memoria el pacto que he hecho contigo; y no tendrás otros dioses.
39 Monsom Awurade, mo Nyankopɔn nko ara. Ɔno na obegye mo afi mo atamfo nyinaa nsam.”
Y debes adorar al Señor tu Dios; porque es él quien te dará la salvación de las manos de todos los que están contra ti.
40 Nanso nnipa no antie, kɔɔ so faa wɔn akwan dedaw no so.
Pero no prestaron atención, sino que siguieron su camino antiguo.
41 Enti bere a ahɔho yi resom Awurade no, bere koro no ara mu, na wɔresom wɔn ahoni. Na ebesi nnɛ, wɔn asefo yɛ ade koro no ara.
Así que estas naciones, adorando al Señor, también eran adoradores de las imágenes que habían hecho; sus hijos y los hijos de sus hijos hicieron lo mismo; como hicieron sus padres, así lo hacen ellos, hasta el día de hoy.

< 2 Ahemfo 17 >