< 2 Ahemfo 16 >

1 Bere a ɔhene Peka adi hene wɔ Israel mfe dunson no, na Yotam babarima Ahas nso bedii ade wɔ Yuda.
Ɛberɛ a ɔhene Peka adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ dunson no, na Yotam babarima Ahas nso bɛdii adeɛ wɔ Yuda.
2 Ahas dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu. Na odii Yerusalem nso so hene mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani, sɛnea ne panyin Dawid yɛe no.
Ahas dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu. Na ɔdii Yerusalem nso so ɔhene mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani, sɛdeɛ ne panin Dawid yɛeɛ no.
3 Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛso so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuasuaa abosonsom aman no nneyɛe a ɛyɛ akyiwade ma Awurade a ɛno nti ɔpam wɔn fii Israelfo anim no.
Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛsoɔ so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuasuaa abosonsom aman no nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade a ɛno enti ɔpamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no.
4 Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
5 Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtoaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim.
Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtuaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim.
6 Saa bere no, Edomhene gyee Elat kurow maa Edom. Ɔpam Yudafo, na ɔmaa Edomfo no kɔtenaa hɔ, sɛnea ɛte nnɛ yi.
Saa ɛberɛ no, Edomhene gyee Elat kuro maa Edom. Ɔpamoo Yudafoɔ, na ɔmaa Edomfoɔ no kɔtenaa hɔ, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
7 Ɔhene Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no se, “Meyɛ wo somfo ne wo ba. Bra na begye me fi Aram ne Israel asraafo a wɔaka me ahyɛ no nsam.”
Ɔhene Ahas somaa abɔfoɔ kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ ne wo ba. Bra na bɛgye me firi Aram ne Israel akodɔm a wɔaka me ahyɛ no nsam.”
8 Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan mu hɔ, faa ahemfi hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no.
Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan mu hɔ, faa ahemfie hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no.
9 Enti Asiriafo no kɔtoaa Aramfo no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfo no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wokum ɔhene Resin.
Enti, Asiriafoɔ no kɔtuaa Aramfoɔ no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfoɔ no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wɔkumm ɔhene Resin.
10 Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kohyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohuu afɔremuka sononko bi. Enti ɔde saa afɔremuka no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfo Uria.
Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kɔhyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔhunuu afɔrebukyia sononko bi. Enti, ɔde saa afɔrebukyia no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfoɔ Uria.
11 Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔremuka no bi pɛpɛɛpɛ, na bere a ofi Damasko bae no, na wɔayɛ awie.
Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔrebukyia no bi pɛpɛɛpɛ, na ɛberɛ a ɔfiri Damasko baeɛ no, na wɔayɛ awie.
12 Ɔhene no fi Damasko bae no, ɔhwɛɛ afɔremuka no ho hyiae, bɔɔ so afɔre.
Ɔhene no firi Damasko baeɛ no, ɔhwɛɛ afɔrebukyia no ho hyiaeɛ, bɔɔ so afɔdeɛ.
13 Ɔhene no bɔɔ ɔhyew afɔre ne atoko afɔre, hwiee nsa afɔre guu so, na ɔpetee asomdwoe afɔre ho mogya guu so.
Ɔhene no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ, hwiee nsã afɔdeɛ guu so, na ɔpetee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho mogya guu so.
14 Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafrae afɔremuka a na esi ɔkwan no ano ne afɔremuka foforo yi ntam no fii Awurade Asɔredan no anim, de kosii afɔremuka foforo no atifi fam.
Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na ɛsi ɛkwan no ano ne afɔrebukyia foforɔ yi ntam no, firii Awurade Asɔredan no anim, de kɔsii afɔrebukyia foforɔ no atifi fam.
15 Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Uria se, “Bɔ anɔpa afɔre nyinaa a ɛyɛ ɔhyew afɔre no, anwummere atoko afɔre no, ɔhene ɔhyew afɔre ne atoko afɔre ne nnipa no nyinaa afɔre a wɔn nsa afɔre ka ho wɔ so. Mogya a efi ɔhyew afɔre no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔremuka foforo no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafrae afɔremuka dedaw no bedi dwuma.”
Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Uria sɛ, “Bɔ anɔpa afɔdeɛ nyinaa a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, anwummerɛ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔhene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ ne nnipa no nyinaa afɔdeɛ a wɔn nsa afɔdeɛ ka ho wɔ so. Mogya a ɛfiri ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔrebukyia foforɔ no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia dada no bɛdi dwuma.”
16 Na ɔsɔfo Uria yɛɛ nea ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no se ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Na ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ deɛ ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
17 Na afei, ɔhene no tutuu afasu no nkataanim nnua ne nsuhina nso fi nsu teaseɛnam no so. Afei oyii Po no fii kɔbere mfrafrae anantwi no akyi de sii abo nsɛmee no so.
Na afei, ɔhene no tutuu afasuo no nkatanimu nnua ne nsuhina nso firi nsuo teaseɛnam no so. Afei ɔyii Po no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie no akyi de sii aboɔ nsameeɛ no so.
18 Na nidi a ɔde ma Asiriahene no nti, oyii kyinii bi a na wɔayɛ wɔ ahemfi no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no fii hɔ.
Na anidie a ɔde ma Asiriahene no enti, ɔyii kyiniiɛ bi a na wɔayɛ wɔ ahemfie no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no firii hɔ.
19 Ahas ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma ahorow a odii no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
20 Bere a Ahas wui no, wosiee no ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Hesekia bedii nʼade sɛ ɔhene.
Ɛberɛ a Ahas wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Hesekia bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 2 Ahemfo 16 >