< 2 Ahemfo 13 >

1 Bere a Yehu babarima Yehoahas fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi ade mfe aduonu abiɛsa wɔ Yuda. Odii ade mfe dunson wɔ Samaria.
In the three and twentieth year of Joash the son of Achazyahu the king of Judah became Jehoachaz the son of Jehu king over Israel in Samaria [for] seventeen years.
2 Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Nebat babarima Yeroboam nhwɛso akyi, toaa ahonisom a odii Israelfo no anim yɛe no so.
And he did what is evil in the eyes of the Lord, and followed the sins of Jerobo'am the son of Nebat, who induced Israel to sin: he departed not therefrom.
3 Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔmaa ɔhene Hasael a ofi Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wodii wɔn so mfe bebree.
And the anger of the Lord was kindled against Israel; and he gave them up into the hand of Chazael the king of Syria, and into the hand of Ben-hadad the son of Chazael, all the time.
4 Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaebɔ. Na Awurade huu nhyɛsotraso a Aramhene de maa Israelfo no.
And Jehoachaz besought the Lord; and the Lord hearkened unto him; for he saw the oppression of Israel, how the king of Syria oppressed them.
5 Awurade yii ogyefo bi ma obegyee Israelfo no fii Aramfo nhyɛsotraso no ase. Na Israelfo no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛnea na wɔte kan no.
(And the Lord gave Israel a deliverer, so that they came out from under the power of the Syrians: and the children of Israel dwelt in their tents, as in times past.
6 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wodii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wosii Asera dua wɔ Samaria.
Nevertheless they departed not from the sins of the house of Jerobo'am, who induced Israel to sin, therein the people walked: and the Asherah also remained standing in Samaria.)
7 Na Yehoahas asraafo no so atew abɛyɛ apɔnkɔsotefo aduonum, nteaseɛnam du ne anammɔnmufo asraafo mpem du. Na Aramhene akunkum nkae no ayɛ wɔn sɛ awiporowbere mfutuma wɔ ne nan ase.
For he had left of people to Jehoachaz none but fifty horsemen, and ten chariots, and ten thousand men on foot; for the king of Syria had destroyed them, and had made them like the dust at threshing.
8 Yehoahas ahenni mu nneɛma a esisii, dwuma a odii ne nea ne tumidi kɔpem nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Now the rest of the acts of Jehoachaz, and all that he did, and his mighty deeds, behold, they are written in the book of the chronicles of the kings of Israel.
9 Bere a Yehoahas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yehoas dii nʼade sɛ ɔhene.
And Jehoachaz slept with his fathers; and they buried him in Samaria: and Joash his son became king in his stead.
10 Yehoahas babarima Yehoas fii ase dii Israel so wɔ bere a na ɔhene Yoas adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa ason so. Odii ade wɔ Samaria mfe dunsia.
In the thirty and seventh year of Joash the king of Judah became Jehoash the son of Jehoachaz king over Israel in Samaria, [for] sixteen years.
11 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no ho.
And he did what is evil in the eyes of the Lord; he departed not from all the sins of Jerobo'am the son of Nebat, who induced Israel to sin: therein he walked.
12 Yehoas dwuma a odii no nkae wɔ nʼahenni mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koe no, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
And the rest of the acts of Joash, and all that he did, and his mighty deeds wherewith he fought against Amazyah the king of Judah, behold, they are written in the book of the chronicles of the kings of Israel.
13 Bere a Yehoas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien dii nʼade sɛ ɔhene.
And Joash slept with his fathers; and Jerobo'am sat upon his throne: and Joash was buried in Samaria with the kings of Israel.
14 Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!”
Now Elisha' was fallen sick of his sickness whereof he had to die. And Joash the king of Israel came down unto him, and wept over his face, and said, O my father, my father, the chariot of Israel, and their horsemen.
15 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ nea ɔkae no.
And Elisha' said unto him, Fetch a bow and arrows. And he fetched unto him a bow and arrows.
16 Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no se ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.
And he said to the king of Israel, Place thy hand upon the bow. And he placed his hand [upon it]: and Elisha' laid his hands upon the king's hands.
17 Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee. Na Elisa kae se, “Eyi ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdi, efisɛ wubedi Aramfo so pasaa wɔ Afek.
And he said, Open the window eastward. And he opened it. Then said Elisha', Shoot. And he shot. And he said, The arrow of victory from the Lord, and the arrow of victory over Syria; and thou shalt smite the Syrians in Aphek, till they be consumed.
18 Afei, tase bɛmma a aka no na totow wowɔ fam.” Enti ɔhene no tasee, na ɔtotow wowɔɔ fam mprɛnsa.
And he said, Take the arrows. And he took them. And he said unto the king of Israel, Strike upon the ground. And he struck three times, and stopped.
19 Nanso Onyankopɔn nipa no bo fuw no, kae se, “Anka ɛsɛ sɛ wototow sisi fam mpɛn anum anaa asia. Ɛno ansa a na anka wubedi Aram so, kosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti wubedi nkonim mprɛnsa.”
And the man of God was angry with him, and said, Thou shouldst have struck five or six times; then wouldst thou have smitten the Syrians till they had been consumed: whereas now thou shalt smite the Syrians three times.
20 Elisa wui, na wosiee no. Na Moabfo afowfo kɔfom asase no so nneɛma afe biara.
And Elisha' died, and they buried him. And the predatory bands of Moabites frequently invaded the land at the coming in of the year.
21 Bere bi a Israelfo resie obi no, wohuu afowfo bi. Ɛno nti, wɔyɛɛ no ntɛm tow amu no kyenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufo no nyanee, huruw gyinaa ne nʼanan so!
And it came to pass, as they were burying a man, that, behold, they saw the band; and they cast down the man into the sepulchre of Elisha': and as the man came, and touched the bones of Elisha', he revived, and rose up on his feet.
22 Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfo so bere a Ɔhene Yehoahas dii ade no nyinaa.
But Chazael the king of Syria oppressed Israel all the days of Jehoachaz.
23 Nanso Awurade huu Israelfo mmɔbɔ nti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no nti, ohuu wɔn mmɔbɔ. Na ebesi nnɛ, ɔmpɛɛ sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase, anaa ɔbɛpam wɔn afi nʼanim.
And the Lord became gracious unto them, and had mercy on them, and turned his regard unto them, because of his covenant with Abraham, Isaac, and Jacob, and would not destroy them, and he cast them not off from his presence even until now.
24 Afei, Aramhene Hasael wui, na ne babarima Ben-Hadad bedii nʼade sɛ ɔhene.
And Chazael the king of Syria died: and Ben-hadad his son became king in his stead.
25 Na Yehoahas babarima Yehoas san kogyee nkurow a Hasael gyigye fii nʼagya Yehoahas nsam no. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyigyee Israel nkurow no.
And Jehoash the son of Jehoachaz took again the cities out of the power of Ben-hadad the son of Chazael, which he had taken out of the power of Jehoachaz his father in the war. Three times did Joash beat him, and he recovered the cities of Israel.

< 2 Ahemfo 13 >