< 2 Ahemfo 12 >

1 Ɔhene Yehu adedi wɔ Israel no mfe ason so, na Yoas nso dii ade wɔ Yuda. Odii ade wɔ Yerusalem mfe aduanan. Na ne na Sibia fi Beer-Seba.
Joás llegó a ser rey en el séptimo año del reinado de Jehú, y reinó en Jerusalén durante cuarenta años. Su madre se llamaba Sibia de Beerseba.
2 Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, efisɛ na ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛ no.
Joás hizo lo que era correcto a los ojos del Señor durante los años en que el sacerdote Joyadá le aconsejó.
3 Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.
Aun así, los altares paganos no se quitaron: el pueblo siguió sacrificando y presentando holocaustos en esos lugares.
4 Da bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mommoaboa sika a wɔde ba Awurade asɔredan mu sɛ afɔrebɔde kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa towtua, aboade anaa akyɛde a efi ɔpɛ mu no.
Entonces Joásles dijo a los sacerdotes: “Reúnan todo el dinero que se trae como ofrendas sagradas al Templo del Señor, ya sea el dinero del censo, el dinero de los votos individuales y el dinero que se trae como donación voluntaria al Templo del Señor.
5 Momma asɔfo no mfa sika no bi nkotua asɔredan no asiesie ho ka biara.”
Que cada sacerdote reciba el dinero de los que dan, y lo use para reparar cualquier daño que se descubra en el Templo”.
6 Nanso ɔhene Yoas dii ade mfe aduonu abiɛsa no, na asɔfo no nsiesie Asɔredan no.
Pero en el año veintitrés del reinado de Joás, los sacerdotes aún no habían reparado los daños del Templo.
7 Enti ɔhene Yoas soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfo a wɔaka no, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na munsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛde no nhyɛ mo ho bio. Efi nnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.”
Entonces el rey Joás convocó a Joyadá y a los demás sacerdotes y les preguntó: “¿Por qué no han reparado los daños del Templo? No usen más dinero que se les ha dado para ustedes, en cambio entréguenlo a otros para que reparen el Templo”.
8 Enti asɔfo no penee so sɛ wɔrennyigye sika mfi nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no.
Entonces los sacerdotes acordaron no recibir más dinero del pueblo, y que no realizarían ellos mismos las reparaciones del Templo.
9 Na ɔsɔfo Yehoiada tuu tokuru wɔ adaka kɛse bi atifi, de sii afɔremuka no nifa so wɔ Awurade Asɔredan no kwan ano. Asɔfo a wɔwɛn ɔkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu.
El sacerdote Joyadá tomó una gran caja de madera, hizo un agujero en su tapa y la colocó a la derecha del altar, junto a la entrada del Templo del Señor. Allí, los sacerdotes que custodiaban la entrada ponían en la caja todo el dinero que se traía al Templo del Señor.
10 Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotoku mu.
Cuando veían que había mucho dinero en la caja, el secretario del rey y el sumo sacerdote se acercaban, contaban el dinero que entraba en el Templo del Señor y lo ponían en bolsas.
11 Afei, wɔde sika no ma dwumadi sohwɛfo no ma wɔde tua nnipa a wɔyɛ Awurade Asɔredan no ka—nnua adwumfo, adansifo,
Luego pesaban el dinero y lo entregaban a los supervisores de la obra del Templo del Señor. Ellos pagaban a los que hacían la obra: los carpinteros, los constructores, los
12 abohyehyɛfo ne abotwafo. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne abo a wɔatwa, a wɔde besiesie Awurade asɔredan no. Na ka biara a ɛba Asɔredan no asiesie ho no, wotua.
albañiles y los canteros. También compraron la madera y los bloques de piedra cortada que se necesitaban para la reparación del Templo del Señor, y pagaron todos los demás gastos de la restauración del Templo.
13 Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, akanea adabaw, nkankyee akɛse, ntorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma Awurade Asɔredan no.
Sin embargo, el dinero recaudado para el Templo del Señor no se utilizaba para fabricar jofainas de plata, adornos para lámparas, cuencos, trompetas o cualquier otro artículo de oro o plata para el Templo del Señor.
14 Na wɔde tuaa adwumayɛfo no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no.
Se utilizaba para pagar a los obreros que hacían las reparaciones en el Templo del Señor.
15 Na adwuma no hwɛfo akontaabu biara ho anhia, efisɛ na wɔyɛ adwumayɛfo nokwafo.
No se pedían cuentas a los hombres que recibían el dinero para pagar a los trabajadores, porque lo hacían todo honestamente.
16 Nanso afɔdi ne bɔneyɛ ho afɔrebɔde no de, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfo no sɛ wɔn kyɛfa.
El dinero de las ofrendas por la culpa y por el pecado no se recogía para el Templo del Señor, porque pertenecía a los sacerdotes.
17 Saa bere no ntam ara na Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat, na ɔfaa ɔman no. Afei, ɔdan ne ho kɔtow hyɛɛ Yerusalem so.
Por ese tiempo, Jazael, rey de Harán, fue a atacar Gat y la capturó. Luego marchó para atacar a Jerusalén.
18 Ɔhene Yoas boaboaa akronkronne a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwa mu no ato din ama Awurade ne nea ɔno ankasa nso ato din ama Awurade no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akorae a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfi no kaa ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti ɛmaa Hasael twee ɔsa a anka ɔretu wɔ Yerusalem so no sanee.
Entonces el rey Joás de Judá tomó todos los objetos sagrados dedicados por sus antepasados Josafat, Jehoram y Ocozías, los reyes de Judá, junto con todos los objetos que él mismo había dedicado, y todo el oro que se encontraba en los tesoros del Templo del Señor y del palacio real, y envió todo a Jazael, rey de Harán. Entonces Jazael se retiró de Jerusalén.
19 Nsɛm a esisii wɔ Yoas ahenni mu ne nea ɔyɛe no nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
El resto de lo que sucedió en el reinado de Joás y todo lo que hizo está registrado en el Libro de las Crónicas de los Reyes de Judá.
20 Nanso ne mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ Bet-Milo kwan a ɛkɔ Sila no so.
Sus funcionarios conspiraron contra él y lo asesinaron en Bet Miló, en el camino que baja a Silla.
21 Awudifo no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufo nokwafo. Wosiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na odii nʼade sɛ ɔhene foforo.
Los funcionarios que lo atacaron y mataron fueron Jozacar, hijo de Simat, y Jozabad, hijo de Semer. Lo enterraron con sus antepasados en la Ciudad de David. Su hijo Amasías le sucedió como rey.

< 2 Ahemfo 12 >