< 2 Ahemfo 10 >

1 Na Ahab wɔ mmabarima aduɔson a wɔtete Samaria. Na Yehu kyerɛw krataa, kyekyɛ maa kurow no mpanyimfo, ntuanofo ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmabarima no so no. Na krataa no ka se,
アハブはサマリヤに七十人の子供があった。エヒウは手紙をしたためてサマリヤに送り、町のつかさたちと、長老たちと、アハブの子供の守役たちとに伝えて言った、
2 “Ɔhene mmabarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a,
「あなたがたの主君の子供たちがあなたがたと共におり、また戦車も馬も、堅固な町も武器もあるのだから、この手紙があなたがたのもとに届いたならば、すぐ、
3 munyi ɔhene Ahab mmabarima no mu nea ɔfata a ɔwɔ mu no, na munsi no mo so hene, na munsiesie mo ho nko mma Ahab fi.”
あなたがたは主君の子供たちのうち最もすぐれた、最も適当な者を選んで、その父の位にすえ、主君の家のために戦いなさい」。
4 Nanso wɔbɔɔ huboa kae se, “Ahemfo baanu mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na dɛn na yebetumi ayɛ?”
彼らは大いに恐れて言った、「ふたりの王たちがすでに彼に当ることができなかったのに、われわれがどうして当ることができよう」。
5 Enti mpanyimfo a wɔhwɛ ahemfi hɔ ne kurow no so ne ntuanofo ahorow no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmabarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu se, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea wususuw sɛ eye biara no, yɛ.”
そこで宮廷のつかさ、町のつかさ、長老たちと守役たちはエヒウに人をつかわして言った、「わたしたちは、あなたのしもべです。すべてあなたが命じられる事をいたします。わたしたちは王を立てることを好みません。あなたがよいと思われることをしてください」。
6 Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me wɔ Yesreel.” Na Samaria ntuanofo bi na wɔhwɛ ɔhene mmabarima aduɔson no so a wɔatetew wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ.
そこでエヒウは再び彼らに手紙を書き送って言った、「もしあなたがたが、わたしに味方し、わたしに従おうとするならば、あなたがたの主君の子供たちの首を取って、あすの今ごろエズレルにいるわたしのもとに持ってきなさい」。そのころ、王の子供たち七十人は彼らを育てていた町のおもだった人々と共にいた。
7 Krataa no duu ara pɛ, na ntuanofo no kunkum ɔhene no mmabarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn ti no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel.
彼らはその手紙を受け取ると、王の子供たちを捕えて、その七十人をことごとく殺し、その首をかごにつめて、エズレルにいるエヒウのもとに送った。
8 Ɔbɔfo kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔde ɔhene mmabarima no ti no aba.” Enti Yehu hyɛe se, “Mommoaboa ano akuw abien wɔ kurow no pon ano, na munnyaw hɔ nkosi adekyee.”
使者が来て、エヒウに告げ、「人々が王の子供たちの首を持ってきました」と言うと、「あくる朝までそれを門の入口に、ふた山に積んでおけ」と言った。
9 Ade kyee no, ɔkɔkasa kyerɛɛ dɔm a wɔahyia hɔ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo sobo. Me na mebɔɔ pɔw, de tiaa me wura, nam so kum no. Na hena na okunkum eyinom?
朝になると、彼は出て行って立ち、すべての民に言った、「あなたがたは正しい。主君にそむいて彼を殺したのはわたしです。しかしこのすべての者どもを殺したのはだれですか。
10 Nea ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a efi Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fi ho no ba mu. Awurade nam ne somfo Elia so daa no adi sɛ eyi bɛba mu.”
これであなたがたは、主がアハブの家について告げられた主の言葉は一つも地に落ちないことを知りなさい。主は、そのしもべエリヤによってお告げになった事をなし遂げられたのです」。
11 Na Yehu kunkum Ahab abusuafo a wɔtete Yesreel no ne ne mpanyimfo atitiriw ne nnamfonom ne nʼakɔmfo nyinaa. Enti anka Ahab aseni biara.
こうしてエヒウは、アハブの家に属する者でエズレルに残っている者をことごとく殺し、またそのすべてのおもだった者、その親しい者およびその祭司たちを殺して、彼に属する者はひとりも残さなかった。
12 Na Yehu fii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nguanhwɛfo ahɔhodan mu.
さてエヒウは立ってサマリヤへ行ったが、途中、牧者の集まり場で、
13 Ohyiaa Yudahene Ahasia abusuafo bi. Obisae se, “Moyɛ hefo?” Wobuae se, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafo. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmabarima ne ɔhemmea no.”
ユダの王アハジヤの身内の人々に会い、「あなたがたはどなたですか」と言うと、「わたしたちはアハジヤの身内の者ですが、王の子供たちと、王母の子供たちの安否を問うために下ってきたのです」と答えたので、
14 Yehu teɛɛ mu, ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan abien no nyinaa kunkum wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wannyaw wɔn mu biara.
エヒウは「彼らをいけどれ」と命じた。そこで彼らをいけどって、集まり場の穴のかたわらで彼ら四十二人をことごとく殺し、ひとりをも残さなかった。
15 Bere a Yehu fii hɔ no, ohyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?” Yehonadab buae se, “Yiw.” Yehu toaa so se, “Sɛ ɛte saa de a, kyia me.” Yehonadab teɛɛ ne nsa ma Yehu kyiaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu.
エヒウはそこを立って行ったが、自分を迎えにきたレカブの子ヨナダブに会ったので、彼にあいさつして、「あなたの心は、わたしがあなたに対するように真実ですか」と言うと、ヨナダブは「真実です」と答えた。するとエヒウは「それならば、あなたの手をわたしに伸べなさい」と言ったので、その手を伸べると、彼を引いて自分の車に上らせ、
16 Na Yehu kae se, “Afei, wo ne me nkɔ, na hu sɛnea mede me ho ama Awurade no.” Enti Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔe.
「わたしと一緒にきて、わたしが主に熱心なのを見なさい」と言った。そして彼を自分の車に乗せ、
17 Bere a Yehu duu Samaria no, okunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no.
サマリヤへ行って、アハブに属する者で、サマリヤに残っている者をことごとく殺して、その一族を滅ぼした。主がエリヤにお告げになった言葉のとおりである。
18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn se, “Ahab som Baal kakra; Yehu bɛsom no yiye.
次いでエヒウは民をことごとく集めて彼らに言った、「アハブは少しばかりバアルに仕えたが、エヒウは大いにこれに仕えるであろう。
19 Momfrɛ Baal adiyifo, asomfo ne nʼakɔmfo nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, efisɛ merebɛbɔ Baal afɔre kɛse. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wobekum no.” Na Yehu redaadaa wɔn, sɛnea ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.
それゆえ、今バアルのすべての預言者、すべての礼拝者、すべての祭司をわたしのもとに召しなさい。ひとりもこない者のないようにしなさい。わたしは大いなる犠牲をバアルにささげようとしている。すべてこない者は生かしておかない」。しかしエヒウはバアルの礼拝者たちを滅ぼすために偽ってこうしたのである。
20 Afei, Yehu hyɛe se, “Munhyia, mmɔ gua anibere so, na monsɔre Baal!” Enti wɔyɛɛ saa.
そしてエヒウは「バアルのために聖会を催しなさい」と命じたので、彼らはこれを布告した。
21 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfi hɔ ma tɔ, fi ti kosi ti.
エヒウはあまねくイスラエルに人をつかわしたので、バアルの礼拝者たちはことごとく来た。こないで残った者はひとりもなかった。彼らはバアルの宮にはいったので、バアルの宮は端から端までいっぱいになった。
22 Na Yehu hyɛɛ nea ɔhwɛ ntadedaka no so no se, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.
その時エヒウは衣装をつかさどる者に「祭服を取り出してバアルのすべての礼拝者に与えよ」と言ったので、彼らのために祭服を取り出した。
23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.”
そしてエヒウはレカブの子ヨナダブと共にバアルの宮に入り、バアルの礼拝者たちに言った、「調べてみて、ここにはただバアルの礼拝者のみで、主のしもべはひとりも、あなたがたのうちにいないようにしなさい」。
24 Enti na wɔn nyinaa wɔ abosomfi hɔ rekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Yehu de nʼasraafo aduɔwɔtwe twaa ɔdan no ho hyiae, hyɛɛ wɔn se, “Sɛ moma obi guan a, mo ara mode mo nkwa betwa so.”
こうして彼は犠牲と燔祭とをささげるためにはいった。さてエヒウは八十人の者を外に置いて言った、「わたしがあなたがたの手に渡す者をひとりでも逃す者は、自分の命をもってその人の命に換えなければならない」。
25 Yehu wiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, “Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!” Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu.
こうして燔祭をささげることが終ったとき、エヒウはその侍衛と将校たちに言った、「はいって彼らを殺せ。ひとりも逃がしてはならない」。侍衛と将校たちはつるぎをもって彼らを撃ち殺し、それを投げ出して、バアルの宮の本殿に入り、
26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no.
バアルの宮にある柱の像を取り出して、それを焼いた。
27 Wobubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfi no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfo agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de besi nnɛ.
また彼らはバアルの石柱をこわし、バアルの宮をこわして、かわやとしたが今日まで残っている。
28 Yehu nam saa ɔkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu.
このようにエヒウはイスラエルのうちからバアルを一掃した。
29 Nanso Yehu ansɛe sika nantwimma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no; wantwe ne ho amfi bɔne kɛse a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no ho.
しかしエヒウはイスラエルに罪を犯させたネバテの子ヤラベアムの罪、すなわちベテルとダンにある金の子牛に仕えることをやめなかった。
30 Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu se, “Woayɛ ade sɛ wutiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fifo. Ne saa nti, mɛma wʼasefo adi ahene wɔ Israel, akosi awo ntoatoaso anan so.”
主はエヒウに言われた、「あなたはわたしの目にかなう事を行うにあたって、よくそれを行い、またわたしの心にあるすべての事をアハブの家にしたので、あなたの子孫は四代までイスラエルの位に座するであろう」。
31 Nanso Yehu amfa ne koma anni Awurade, Israel Nyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Yeroboam dii Israelfo anim, ma wɔyɛɛ no ho.
しかしエヒウはイスラエルの神、主の律法を心をつくして守り行おうとはせず、イスラエルに罪を犯させたヤラベアムの罪を離れなかった。
32 Saa mmere no, Awurade fii ase tew Israel asase no kɛse so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so
この時にあたって、主はイスラエルの領地を切り取ることを始められた。すなわちハザエルはイスラエルのすべての領域を侵し、
33 wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Gilead nyinaa, a Gad, Ruben ne Manase ka ho. Odii asase a efi Aroer kurow a ɛda Arnon Subon ho, de kosi atifi fam wɔ Gilead ne Basan.
ヨルダンの東で、ギレアデの全地、カドびと、ルベンびと、マナセびとの地を侵し、アルノン川のほとりにあるアロエルからギレアデとバシャンに及んだ。
34 Na Yehu ahenni mu nsɛm a esisii, ne dwuma ahorow a odii ne nea otumi yɛe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
エヒウのその他の事績と、彼がしたすべての事およびその武勇は、ことごとくイスラエルの王の歴代志の書にしるされているではないか。
35 Bere a Yehu wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na odii nʼade sɛ ɔhene.
エヒウはその先祖たちと共に眠ったので、彼をサマリヤに葬った。その子エホアハズが代って王となった。
36 Nna a Yehu de dii Israel so wɔ Samaria no yɛ mfe aduonu awotwe.
エヒウがサマリヤでイスラエルを治めたのは二十八年であった。

< 2 Ahemfo 10 >