< 2 Ahemfo 1 >

1 Ɔhene Ahab wu akyi no, Moabman tew wɔn ho fii Israel ho, nyaa wɔn ahofadi.
Moab s'est rebellé contre Israël après la mort d'Achab.
2 Da bi, Israelhene foforo Ahasia fii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfi mfɛnsere mu tew hwee fam, ma opiraa yiye. Enti ɔsomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub Ekron nyame nkyɛn abisa, kobisaa sɛ obenya ahoɔden ana.
Achazia tomba par le treillis dans sa chambre haute qui était à Samarie, et il fut malade. Il envoya des messagers, et leur dit: « Allez consulter Baal Zebub, le dieu d'Ékron, pour savoir si je guérirai de cette maladie. »
3 Na Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia se, “Kɔ na kohyia Samariahene abɔfo no, na bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana?’
Mais l'ange de Yahvé dit à Elie le Tishbite: « Lève-toi, monte à la rencontre des messagers du roi de Samarie, et dis-leur: « Est-ce parce qu'il n'y a pas de Dieu en Israël que tu vas consulter Baal Zebub, le dieu d'Ekron?
4 Mprempren, sɛnea Awurade se ni: ‘Worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’” Na Elia kɔkaa nkra no.
Maintenant, Yahvé dit: « Tu ne descendras pas du lit sur lequel tu es monté, mais tu mourras ». Et Élie s'en alla.
5 Bere a abɔfo no san baa ɔhene nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na moaba ntɛm saa?”
Les messagers revinrent vers lui, et il leur dit: « Pourquoi êtes-vous revenus? »
6 Wobuae se, “Ɔbarima bi behyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn se yɛnsan nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde fi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’”
Ils lui dirent: « Un homme est monté à notre rencontre et nous a dit: « Allez, retournez vers le roi qui vous a envoyés, et dites-lui: « Yahvé dit: C'est parce qu'il n'y a pas de Dieu en Israël que tu envoies consulter Baal Zebub, le dieu d'Ekron? C'est pourquoi tu ne descendras pas du lit où tu es monté, mais tu mourras certainement.'""
7 Ɔhene no bisae se, “Na saa ɔbarima no yɛ hena? Na ɔte dɛn?”
Il leur dit: « Quelle sorte d'homme était-ce, qui est venu à votre rencontre et vous a dit ces paroles? »
8 Wobuae se, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboanwoma abɔso.” Ɔhene no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ Tisbini Elia.”
Ils lui répondirent: « C'était un homme velu, et il portait une ceinture de cuir autour de la taille. » Il a dit: « C'est Élie le Tishbite. »
9 Ɔsomaa asraafo so safohene ne asraafo aduonum sɛ wɔnkɔkyere no. Wohuu sɛ ɔte bepɔw bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”
Alors le roi envoya vers lui un capitaine de cinquante avec ses cinquante. Il monta vers lui; et voici qu'il était assis sur le sommet de la colline. Il lui dit: « Homme de Dieu, le roi a dit: « Descends! »
10 Na Elia buaa ɔsahene no se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa.
Élie répondit au chef des cinquante: « Si je suis un homme de Dieu, que le feu descende du ciel et te consume, toi et tes cinquante hommes! ». Le feu descendit du ciel et le consuma, lui et ses cinquante hommes.
11 Enti ɔhene no san somaa ɔsafohene foforo a asraafo aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene se bra mprempren ara.”
Il envoya de nouveau vers lui un autre capitaine de cinquante avec ses cinquante. Il lui répondit: « Homme de Dieu, le roi a dit: 'Descends vite'. »
12 Elia buae se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa.
Elie leur répondit: « Si je suis un homme de Dieu, que le feu descende du ciel et qu'il vous consume, vous et vos cinquante. » Alors le feu de Dieu descendit du ciel et le consuma, lui et ses cinquante.
13 Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafo aduonum. Saa bere yi de, ɔsafohene no kobuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfo aduonum yi nkwa kyɛ yɛn.
Il envoya de nouveau le chef d'un troisième cinquante avec ses cinquante. Le troisième chef de cinquante monta, vint se jeter à genoux devant Élie, le supplia et lui dit: « Homme de Dieu, fais que ma vie et celle de ces cinquante de tes serviteurs soient précieuses à tes yeux.
14 Hwɛ sɛnea ogya fi ɔsoro abɛhyew akuw abien a wodi kan no. Nanso mprempren mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!”
Voici que le feu est descendu du ciel et a consumé les deux derniers chefs de cinquante avec leurs cinquante. Mais maintenant, fais que ma vie soit précieuse à tes yeux. »
15 Na Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Elia se, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn.
L'ange de Yahvé dit à Elie: « Descends avec lui. N'aie pas peur de lui. » Puis il se leva et descendit avec lui auprès du roi.
16 Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛnea Awurade se ni: Adɛn nti na wosomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara wubewu.”
Il lui dit: « Yahvé dit: « Parce que tu as envoyé des messagers consulter Baal Zebub, le dieu d'Ékron, est-ce parce qu'il n'y a pas de Dieu en Israël pour consulter sa parole? C'est pourquoi tu ne descendras pas du lit où tu es monté, mais tu mourras certainement. »
17 Na Ahasia wui sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a obedi nʼade nti, ne nuabarima Yoram na odii nʼade sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedi mfe abien mu.
Il mourut donc selon la parole de l'Éternel qu'Élie avait prononcée. Joram commença à régner à sa place la deuxième année de Joram, fils de Josaphat, roi de Juda, car il n'avait pas de fils.
18 Nsɛm a esisii wɔ Ahasia ahenni mu no nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Le reste des actes d'Achazia, qu'il a accomplis, n'est-il pas écrit dans le livre des Chroniques des rois d'Israël?

< 2 Ahemfo 1 >