< 2 Yohane 1 >

1 Me, Asɔre Panyin, Mekyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokware no nti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wonim nokware no nyinaa dɔ mo,
The elder to the elect Cyria, and to her children, whom in truth I love with divine love; and not I, but also those having known the truth;
2 efisɛ nokware no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akosi daa: (aiōn g165)
on account of the truth which abides in us, and shall be with us forever. (aiōn g165)
3 Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokware ne ɔdɔ mu.
Grace, mercy, peace, shall be with us from God our Father and from Jesus Christ, the Son of the Father, in truth and in divine love.
4 Mʼani gyee sɛ mihuu sɛ mo mma no bi te nokware mu sɛnea Agya no hyɛɛ yɛn no.
I rejoice exceedingly because I have found some of thy children walking about in truth, as we received commandment from the Father.
5 Enti mereka akyerɛ wo, Awuraa se, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Eyi nyɛ mmara foforo a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn fi mfiase.
And now I entreat thee, O Cyria, not as writing to thee a new commandment, but that which we had from the beginning, that we love one another with divine love.
6 Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ momma yɛntena ase na yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote fii mfiase no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.
And this is the divine love, that we may walk about according to his commandments; this is the commandment, That, as you heard from the beginning, that you may walk about in it.
7 Nnaadaafo a wonnye nto mu no se Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete wiase. Saa nnaadaafo yi yɛ atorofo ne Kristo atamfo.
Because many deceivers have gone out into the world, who do not confess that Jesus Christ is coming in the flesh; the same is the deceiver and the antichrist.
8 Monhwɛ mo ho so yiye na moanhwere nea moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no.
Take heed to yourselves, that you may not destroy those things which you have wrought, but may receive a full reward.
9 Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no.
Every one going forth, and not abiding in the teaching of Christ, has not God; the one abiding in the teaching, the same has both the Father and the Son.
10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, munnnye no wɔ mo fi na munnnye nʼani nso.
If any one comes to you, and does not bring this doctrine; do not receive him into your house, and do not bid him God speed:
11 Efisɛ obiara a ogye saa nipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.
for the one bidding him God speed partakes of his evil deeds.
12 Mewɔ nsɛm pii kyerɛw brɛ mo, nanso mempɛ sɛ mɛfa krataa ne kyerɛwduru so aka. Mmom, mɛba abɛsra mo na me ne mo abɛkasa na ama yɛn anigye awie pɛyɛ.
Having many things to write to you, I would not write them with paper and ink: but I hope to come to you, and mouth to mouth to speak to you, in order that our joy may be full.
13 Wo nuabea a Onyankopɔn apaw no no mma kyia wo.
The children of thy elect sister salute thee.

< 2 Yohane 1 >