< 2 Korintofo 9 >

1 Ɛho nhia sɛ mekyerɛw mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Yudea no ho.
Now concerning the relief intended for the saints, it is superfluous for me to write to you:
2 Minim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekae se, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a etwaa mu no mu.” Mo ahokeka no akanyan wɔn mu fa kɛse no.
for I know your readiness of mind, which I boast of concerning you to the Macedonians, that Achaia was ready a year ago; and your zeal hath excited many.
3 Afei merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na sɛnea mekae no, mubesiesie mo ho aboa.
But I have sent the brethren, that our boasting of you might not become vain in this respect, but that ye might be ready, as I had said:
4 Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me fi Makedonia ba behu sɛ munsiesiee mo ho a yɛn anim begu ase. Mo nso mo anim begu ase bi sɛ mudii yɛn nhuammɔ.
least if the Macedonians should come with me, and find you unprepared, we should be ashamed (not to say you also) in this confident boasting.
5 Enti midwen ho huu sɛ eye sɛ anuanom bi di mʼanim kan kɔhwehwɛ akyɛde a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, bere a medu hɔ no na ɛwɔ hɔ na ama adi adanse sɛ mo na momae, efisɛ na mopɛ sɛ moma nti, na mmom, ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ moma.
Therefore I thought it necessary to exhort the brethren to go first to you, and before our coming to collect your bounty beforementioned, that it may be ready, as of munificence, and not of force.
6 Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba bebree no, betwa so bebree.
But this I say, He that soweth sparingly shall reap also sparingly; and he that soweth bountifully shall also reap bountifully.
7 Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ ɔyaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm.
Let every one give as he chuses in his own heart; not with reluctance, or constraint: for God loveth a chearful giver.
8 Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata sɛ wudi.
And God is able to make all grace abound towards you; that having always all sufficiency in every thing, ye may abound in every good work:
9 Kyerɛwsɛm no ka se “Ofi ne koma mu ma ahiafo nea wohia; nʼadɔe no tena hɔ daa.” (aiōn g165)
(as it is written, "He hath dispersed, he hath given to the poor, his righteousness continueth for ever." (aiōn g165)
10 Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo sɛ aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree.
And may He, who supplieth seed to the sower, and giveth bread for food, furnish and multiply your sowing, and increase the fruits of your bounty: )
11 Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.
being in every thing enriched to all liberality, which produceth through us thanksgiving to God.
12 Saa adɔe a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, anam so ama nnipa bebree ada Onyankopɔn ase.
For the ministration of this service not only supplieth the wants of the saints, but aboundeth also, through many thanksgivings, to the glory of God.
13 Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokware a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔe a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn.
(While from the experience of this ministration they glorify God for your professed subjection to the gospel of Christ, and the liberality of your communication to them, and to all men.)
14 Enti wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpae ama mo, efisɛ Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so.
And in their prayer for you, who long after you because of the transcendent grace of God towards you.
15 Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛde a enni kabea no ho.
Thanks be to God for his inexpressible gift!

< 2 Korintofo 9 >