< 2 Korintofo 8 >

1 Anuanom, yɛpɛ sɛ muhu nea Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asafo ahorow no mu.
Γνωρίζομεν δὲ ὑμῖν, ἀδελφοί, τὴν χάριν τοῦ Θεοῦ τὴν δεδομένην ἐν ταῖς ἐκκλησίαις τῆς Μακεδονίας·
2 Wɔn ahokyere mu no wɔn anigye boroo so, na wɔn hia mu mpo, wuyii ayamye kɛse kyerɛe.
ὅτι ἐν πολλῇ δοκιμῇ θλίψεως ἡ περισσεία τῆς χαρᾶς αὐτῶν καὶ ἡ κατὰ βάθους πτωχεία αὐτῶν ἐπερίσσευσεν εἰς τὸν πλοῦτον τῆς ἁπλότητος αὐτῶν.
3 Midi ho adanse sɛ wɔmaa nea wobetumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara fii wɔn pɛ mu
Ὅτι κατὰ δύναμιν, μαρτυρῶ, καὶ ὑπὲρ δύναμιν αὐθαίρετοι,
4 srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Kristofo a wɔwɔ Yudea no bi.
μετὰ πολλῆς παρακλήσεως δεόμενοι ἡμῶν, τὴν χάριν καὶ τὴν κοινωνίαν τῆς διακονίας τῆς εἰς τοὺς ἁγίους δέξασθαι ἡμᾶς·
5 Wɔyɛ ma ɛboroo so. Nea edi kan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei wofi Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso.
καὶ οὐ καθὼς ἠλπίσαμεν, ἀλλ᾿ ἑαυτοὺς ἔδωκαν πρῶτον τῷ Κυρίῳ, καὶ ἡμῖν διὰ θελήματος Θεοῦ
6 Enti yɛka kyerɛɛ Tito a ofii adwuma yi ase se ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi.
εἰς τὸ παρακαλέσαι ἡμᾶς Τίτον, ἵνα καθὼς προενήρξατο, οὕτω καὶ ἐπιτελέσῃ εἰς ὑμᾶς καὶ τὴν χάριν ταύτην.
7 Moyɛ adefo wɔ nea mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.
Ἀλλ᾿ ὥσπερ ἐν παντὶ περισσεύετε, πίστει, καὶ λόγῳ, καὶ γνώσει, καὶ πάσῃ σπουδῇ, καὶ τῇ ἐξ ὑμῶν ἐν ἡμῖν ἀγάπῃ, ἵνα καὶ ἐν ταύτῃ τῇ χάριτι περισσεύητε.
8 Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforo de ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ kann ana.
Οὐ κατ᾿ ἐπιταγὴν λέγω, ἀλλὰ διὰ τῆς ἑτέρων σπουδῆς καὶ τὸ τῆς ὑμετέρας ἀγάπης γνήσιον δοκιμάζων.
9 Munim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefo a na ɔyɛ no nyinaa akyi no, mo nti ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma moayɛ adefo.
Γινώσκετε γὰρ τὴν χάριν τοῦ Κυρίου ἡμῶν Ἰησοῦ Χριστοῦ, ὅτι δι᾿ ὑμᾶς ἐπτώχευσε, πλούσιος ὤν, ἵνα ὑμεῖς τῇ ἐκείνου πτωχείᾳ πλουτήσητε.
10 Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho ni: Afe a etwaa mu no, mo na mudii kan fii mo pɛ mu yɛɛ ayɛ.
Καὶ γνώμην ἐν τούτῳ δίδωμι· τοῦτο γὰρ ὑμῖν συμφέρει, οἵτινες οὐ μόνον τὸ ποιῆσαι ἀλλὰ καὶ τὸ θέλειν προενήρξασθε ἀπὸ πέρυσι.
11 Monkɔ so na munnwie dwuma no di. Mommma mo ho mpere mo sɛ mubewie sɛnea mususuwii sɛ mobɛyɛ no.
Νυνὶ δὲ καὶ τὸ ποιῆσαι ἐπιτελέσατε, ὅπως, καθάπερ ἡ προθυμία τοῦ θέλειν, οὕτω καὶ τὸ ἐπιτελέσαι ἐκ τοῦ ἔχειν.
12 Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye, na ɛnyɛ nea wunni so.
Εἰ γὰρ ἡ προθυμία πρόκειται, καθὸ ἐὰν ἔχῃ τις, εὐπρόσδεκτος, οὐ καθὸ οὐκ ἔχει.
13 Merennye nkurɔfo nnesoa mmegu mo so na mmom, esiane sɛ mowɔ bebree saa bere yi mu no nti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wonni bi no.
Οὐ γὰρ ἵνα ἄλλοις ἄνεσις, ὑμῖν δὲ θλίψις· ἀλλ᾿ ἐξ ἰσότητος, ἐν τῷ νῦν καιρῷ τὸ ὑμῶν περίσσευμα εἰς τὸ ἐκείνων ὑστέρημα,
14 Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Eyi ma mo nyinaa yɛ pɛ.
ἵνα καὶ τὸ ἐκείνων περίσσευμα γένηται εἰς τὸ ὑμῶν ὑστέρημα· ὅπως γένηται ἰσότης,
15 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onipa a ɔboaboaa dodow ano no annya ammoro so, na nea ɔboaboaa kakraa bi ano no nyaa nea ɛbɛso no.”
καθὼς γέγραπται, Ὁ τὸ πολύ, οὐκ ἐπλεόνασε· καὶ ὁ τὸ ὀλίγον, οὐκ ἠλαττόνησε.
16 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama anigye a mewɔ wɔ mo ho no bi awura Tito koma mu.
Χάρις δὲ τῷ Θεῷ τῷ διδόντι τὴν αὐτὴν σπουδὴν ὑπὲρ ὑμῶν ἐν τῇ καρδίᾳ Τίτου.
17 Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisade so nko, na mmom ɔno ankasa fii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa nti na osii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no.
Ὅτι τὴν μὲν παράκλησιν ἐδέξατο, σπουδαιότερος δὲ ὑπάρχων, αὐθαίρετος ἐξῆλθε πρὸς ὑμᾶς.
18 Yɛresoma onua bi a wobu no wɔ asafo ahorow no nyinaa mu wɔ asɛnka adwuma no ho aka ne ho.
Συνεπέμψαμεν δὲ μετ᾿ αὐτοῦ τὸν ἀδελφόν, οὗ ὁ ἔπαινος ἐν τῷ εὐαγγελίῳ διὰ πασῶν τῶν ἐκκλησιῶν·
19 Ɛno akyi no, asafo ahorow no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmere a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade anuonyam yi, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa.
οὐ μόνον δέ, ἀλλὰ καὶ χειροτονηθεὶς ὑπὸ τῶν ἐκκλησιῶν συνέκδημος ἡμῶν σὺν τῇ χάριτι ταύτῃ τῇ διακονουμένῃ ὑφ᾿ ἡμῶν πρὸς τὴν αὐτοῦ τοῦ Κυρίου δόξαν καὶ προθυμίαν ὑμῶν·
20 Yɛhwɛ yɛn ho so yiye sɛ asɛm biara remma ɔkwan a yɛbɛfa so de saa akyɛde yi adi dwuma no ho.
στελλόμενοι τοῦτο, μή τις ἡμᾶς μωμήσηται ἐν τῇ ἁδρότητι ταύτῃ τῇ διακονουμένῃ ὑφ᾿ ἡμῶν·
21 Yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ nea eye wɔ Awurade ne nnipa anim.
προνοούμενοι καλὰ οὐ μόνον ἐνώπιον Κυρίου ἀλλὰ καὶ ἐνώπιον ἀνθρώπων.
22 Enti yɛresoma onipa foforo bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow bebree so na yɛahu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na mprempren ne ho pere no sɛ ɔbɛboa efisɛ wanya mo mu ahotoso.
Συνεπέμψαμεν δὲ αὐτοῖς τὸν ἀδελφὸν ἡμῶν, ὃν ἐδοκιμάσαμεν ἐν πολλοῖς πολλάκις σπουδαῖον ὄντα, νυνὶ δὲ πολὺ σπουδαιότερον, πεποιθήσει πολλῇ τῇ εἰς ὑμᾶς.
23 Tito de, ɔyɛ me boafo a ɔne me yɛ adwuma de boa mo, na anuanom a wɔne no rekɔ no de, wɔyɛ asɔre ahorow ananmusifo a wɔhyɛ Kristo anuonyam.
Εἴτε ὑπὲρ Τίτου, κοινωνὸς ἐμὸς καὶ εἰς ὑμᾶς συνεργός· εἴτε ἀδελφοὶ ἡμῶν, ἀπόστολοι ἐκκλησιῶν, δόξα Χριστοῦ.
24 Momma wonhu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no nyinaa behu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokware.
Τὴν οὖν ἔνδειξιν τῆς ἀγάπης ὑμῶν, καὶ ἡμῶν καυχήσεως ὑπὲρ ὑμῶν, εἰς αὐτοὺς ἐνδείξασθε καὶ εἰς πρόσωπον τῶν ἐκκλησιῶν.

< 2 Korintofo 8 >