< 2 Korintofo 7 >
1 Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti momma yɛntew yɛn ho mfi biribiara a egu ɔhonam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase wɔ Onyankopɔn mu mfa ntew yɛn ho kronkron.
ⲁ̅ⲉⲩⲛⲧⲁⲛ ϭⲉ ⲙⲙⲁⲩ ⲛⲛⲉⲓⲉⲣⲏⲧ ⲛⲁⲙⲉⲣⲁⲧⲉ ⲙⲁⲣⲛⲧⲃⲃⲟⲛ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲧⲱⲗⲙ ⲛⲓⲙ ⲛⲧⲉ ⲧⲥⲁⲣⲝ ⲙⲛ ⲡⲉⲡⲛⲁ ⲉⲛϫⲱⲕ ⲉⲃⲟⲗ ⲛⲟⲩⲧⲃⲃⲟ ϩⲛ ⲑⲟⲧⲉ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ
2 Mummue mo koma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yensisii obiara na yetwaa obiara dwow nso.
ⲃ̅ϣⲟⲡⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ ⲙⲡⲛϫⲓ ⲗⲁⲁⲩ ⲛϭⲟⲛⲥ ⲙⲡⲛⲧⲁⲕⲉ ⲗⲁⲁⲩ ⲙⲡⲛϥⲉϭ ⲗⲁⲁⲩ
3 Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛnea madi kan aka no, yɛdɔ mo nti daa sɛ yewu o, yɛte ase o, yɛbata mo ho.
ⲅ̅ⲛⲉⲉⲓϫⲱ ⲙⲙⲟⲥ ⲁⲛ ⲉⲉⲓⲧϭⲁⲉⲓⲟ ⲙⲙⲱⲧⲛ ⲁⲓⲟⲩⲱ ⲅⲁⲣ ⲉⲓϫⲱ ⲙⲙⲟⲥ ϫⲉ ⲧⲉⲧⲛϣⲟⲟⲡ ϩⲛ ⲛⲉⲛϩⲏⲧ ⲉⲙⲟⲩ ⲁⲩⲱ ⲉⲱⲛϩ ϩⲓ ⲟⲩⲥⲟⲡ
4 Migye mo di nti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa abaw ɛ. Mede ahosɛpɛw retu mmirika no.
ⲇ̅ⲟⲩⲛⲧⲁⲓ ⲟⲩⲛⲟϭ ⲙⲡⲁⲣϩⲏⲥⲓⲁ ⲛⲛⲁϩⲣⲏ ⲧⲛ ⲟⲩⲛⲧⲁⲓ ⲟⲩⲛⲟϭ ⲛϣⲟⲩϣⲟⲩ ϩⲁⲣⲱⲧⲛ ϯϫⲏⲕ ⲉⲃⲟⲗ ⲙⲡⲥⲟⲡⲥ ϯⲣϩⲟⲩⲟ ⲉⲙⲁⲧⲉ ϩⲙ ⲡⲣⲁϣⲉ ⲉϩⲣⲁⲓ ⲉϫⲛ ⲧⲉⲛⲑⲗⲓⲯⲓⲥ ⲧⲏⲣⲥ
5 Mpo yeduu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw abunkam hɔnom, akasakasa wɔ wɔn ntam na ehu ahyɛ yɛn so.
ⲉ̅ⲕⲁⲓⲅⲁⲣ ⲛⲧⲉⲣⲉⲛⲉⲓ ⲉϩⲣⲁⲓ ⲉⲧⲙⲁⲕⲉⲇⲟⲛⲓⲁ ⲙⲡⲉⲧⲉⲛⲥⲁⲣⲝ ϫⲓ ⲗⲁⲁⲩ ⲙⲙⲟⲧⲛⲉⲥ ⲁⲗⲗⲁ ⲉⲩⲑⲗⲓⲃⲉ ⲙⲙⲟⲛ ϩⲛ ϩⲱⲃ ⲛⲓⲙ ϩⲉⲛⲙⲓϣⲉ ϩⲓⲃⲟⲗ ϩⲉⲛϩⲟⲧⲉ ϩⲓϩⲟⲩⲛ
6 Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa abaw den no nam Tito ba a ɔbae no so hyɛɛ yɛn den.
ⲋ̅ⲁⲗⲗⲁ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉⲧⲡⲁⲣⲁⲕⲁⲗⲉⲓ ⲛⲛⲉⲧⲑⲃⲃⲓⲏⲩ ⲁϥⲡⲁⲣⲁⲕⲁⲗⲉⲓ ⲙⲙⲟⲛ ϩⲙ ⲡⲧⲣⲉ ⲧⲓⲧⲟⲥ ⲉⲓ ϣⲁⲣⲟⲛ
7 Ɛnyɛ ne ba a ɔbae no nko, na mmom ka a ɔbɛkaa se mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛnea mopɛ sɛ muhu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛnea mudii yaw ne sɛnea na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no; enti mprempren, ama mʼani agye sen kan no.
ⲍ̅ϩⲙ ⲡⲧⲣⲉϥⲉⲓ ⲇⲉ ⲙⲙⲁⲧⲉ ⲁⲛ ⲁⲗⲗⲁ ϩⲙ ⲡⲕⲉⲙⲧⲟⲛ ⲛϩⲏⲧ ⲉⲛⲧⲁϥⲁⲁϥ ⲉϫⲛ ⲧⲏⲩⲧⲛ ⲉϥⲧⲁⲙⲟ ⲙⲙⲟⲛ ⲉⲡⲉⲧⲛⲙⲉ ⲙⲛ ⲡⲉⲧⲛⲣⲓⲙⲉ ⲙⲛ ⲡⲉⲧⲛⲕⲱϩ ϩⲁⲣⲟⲓ ϩⲱⲥⲧⲉ ⲉⲧⲣⲁⲣⲁϣⲉ ⲛϩⲟⲩⲟ
8 Sɛ me krataa a mekyerɛw mo no hyɛɛ mo awerɛhow a, ɛnyɛ me yaw sɛ mekyerɛwee. Mfiase no ɛhaw me nanso mprempren de, ɛnhaw me. Minim sɛ krataa no mu nsɛm how mo werɛ bere tiaa bi.
ⲏ̅ϫⲉ ⲉϣϫⲉ ⲁⲓⲣⲡⲕⲉⲗⲩⲡⲓ ⲙⲙⲱⲧⲛ ϩⲛ ⲧⲉⲡⲓⲥⲧⲟⲗⲏ ⲛϯⲉⲓⲣⲉ ⲛϩⲧⲏⲉⲓ ⲁⲛ ⲉϣϫⲉ ⲛⲉⲓⲛⲁⲣ ⲡⲕⲉⲣϩⲧⲏⲓ ⲡⲉ ⲉⲉⲓϭⲱϣⲧ ϫⲉ ⲧⲉⲡⲓⲥⲧⲟⲗⲏ ⲉⲧⲙⲙⲁⲩ ⲉϣϫⲉ ⲁⲥⲗⲩⲡⲉⲓ ⲙⲙⲱⲧⲛ ⲡⲣⲟⲥ ⲟⲩⲟⲩⲛⲟⲩ
9 Nanso mprempren de, mʼani agye; ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ howee no nti, na mmom sɛ mo awerɛhow no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ howee enti yɛn de, yɛanhaw mo.
ⲑ̅ϯⲣⲁϣⲉ ⲧⲉⲛⲟⲩ ϫⲉ ⲁⲧⲉⲧⲛⲗⲩⲡⲓ ⲁⲛ ⲁⲗⲗⲁ ϫⲉ ⲁⲧⲉⲧⲛⲗⲩⲡⲓ ⲉⲩⲙⲉⲧⲁⲛⲟⲓⲁ ⲛⲧⲁⲧⲉⲧⲛⲗⲩⲡⲓ ⲅⲁⲣ ⲕⲁⲧⲁ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϫⲉⲕⲁⲥ ⲉⲛⲛⲉⲧⲛϣⲱⲱⲧ ϩⲛ ⲗⲁⲁⲩ ⲉⲃⲟⲗ ⲙⲙⲟⲛ
10 Awerɛhow a Onyankopɔn de baa mo so no nti, moanya ahonu bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagye mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo yaw. Nanso awerɛhow a wiase de brɛ yɛn no de, ɛde owu na ɛba.
ⲓ̅ⲧⲗⲩⲡⲏ ⲅⲁⲣ ⲕⲁⲧⲁ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉⲥⲣϩⲱⲃ ⲉⲩⲙⲉⲧⲁⲛⲟⲓⲁ ⲛⲁⲧⲣϩⲧⲏⲥ ⲉⲩⲟⲩϫⲁⲓ ⲧⲗⲩⲡⲏ ⲇⲉ ⲙⲡⲕⲟⲥⲙⲟⲥ ⲉⲥⲣϩⲱⲃ ⲉⲡⲙⲟⲩ
11 Monhwɛ nea Onyankopɔn nam how a ɔmaa mo werɛ how no so ayɛ. Mopɛ sɛ mufi mo koma mu kyerɛ sɛ munni fɔ. Mo bo afuw. Mo ho adwiriw mo. Mo ho pere mo pɛ sɛ muhu sɛ atɛntrenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ mudi bem wɔ asɛm yi ho.
ⲓ̅ⲁ̅ⲉⲓⲥ ⲡⲉⲉⲓⲧⲣⲉⲧⲛⲗⲩⲡⲓ ⲅⲁⲣ ⲕⲁⲧⲁ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲁϥⲣϩⲱⲃ ⲛⲏⲧⲛ ⲉⲩⲛⲟϭ ⲛⲥⲡⲟⲩⲇⲏ ⲙⲛ ⲟⲩⲁⲡⲟⲗⲟⲅⲓⲁ ⲙⲛ ⲟⲩⲙⲕⲁϩ ⲛϩⲏⲧ ⲙⲛ ⲟⲩϩⲟⲧⲉ ⲙⲛ ⲟⲩⲙⲉ ⲙⲛ ⲟⲩⲕⲱϩ ⲙⲛ ⲟⲩⲕⲃⲁ ϩⲛ ϩⲱⲃ ⲛⲓⲙ ⲁⲧⲉⲧⲛⲥⲩⲛϩⲓⲥⲧⲁ ⲙⲙⲱⲧⲛ ⲉⲧⲉⲧⲛⲟⲩⲁⲁⲃ ϩⲙ ⲡϩⲱⲃ
12 Ɛwɔ mu sɛ mekyerɛw saa krataa no de, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne nti na mekyerɛwee. Na mmom sɛnea mo ankasa mubehu ɔkwan a moafa so atu mo ho asi hɔ ama yɛn wɔ Onyankopɔn anim no.
ⲓ̅ⲃ̅ⲁⲣⲁ ⲉϣϫⲉ ⲁⲓⲥϩⲁⲓ ⲛⲏⲧⲛ ⲛⲧⲁⲓⲥϩⲁⲓ ⲁⲛ ⲉⲧⲃⲉ ⲡⲉⲛⲧⲁϥϫⲓ ⲛϭⲟⲛⲥ ⲟⲩⲇⲉ ⲉⲧⲃⲉ ⲡⲉⲛⲧⲁⲩϫⲓⲧϥ ⲁⲛ ⲛϭⲟⲛⲥ ⲁⲗⲗⲁ ϫⲉ ⲉⲣⲉⲧⲉⲧⲛⲥⲡⲟⲩⲇⲏ ⲟⲩⲱⲛϩ ⲉⲃⲟⲗ ⲉⲧⲉⲧⲛⲉⲓⲣⲉ ⲙⲙⲟⲥ ϩⲁⲣⲟⲛ
13 Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuran a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mugyee no maa nʼani gyee no so maa yɛn nso yɛn ani gyei.
ⲓ̅ⲅ̅ⲉⲧⲃⲉ ⲡⲁⲓ ⲁⲡⲉⲛϩⲏⲧ ⲙⲧⲟⲛ ⲛⲛⲁϩⲣⲏⲧⲛ ⲙⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉϫⲙ ⲡⲉⲙⲧⲟⲛ ⲇⲉ ⲛϩⲏⲧ ⲁⲛⲣⲁϣⲉ ⲉⲙⲁⲧⲉ ⲉϫⲙ ⲡⲣⲁϣⲉ ⲛⲧⲓⲧⲟⲥ ϫⲉ ⲁⲡⲉϥⲡⲛⲁ ⲙⲧⲟⲛ ϩⲓⲧⲉⲧⲏⲩⲧⲛ ⲧⲏⲣⲧⲛ
14 Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me nhuammɔ. Daa yɛka nokware kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu.
ⲓ̅ⲇ̅ϫⲉ ϣⲟⲩϣⲟⲩ ⲛⲓⲙ ⲉⲛⲧⲁⲓⲁⲁⲩ ⲉϫⲱⲧⲛ ϩⲁⲧⲏϥ ⲙⲡⲓϫⲓϣⲓⲡⲉ ⲙⲙⲟⲟⲩ ⲁⲗⲗⲁ ⲛⲑⲉ ⲛⲟⲩⲟⲉⲓϣ ⲛⲓⲙ ⲉⲛⲧⲁⲛϣⲁϫⲉ ⲛⲙⲙⲏⲧⲛ ϩⲛ ⲟⲩⲙⲉ ⲧⲁⲓ ⲧⲉ ⲑⲉ ⲙⲡⲉⲛⲕⲉϣⲟⲩϣⲟⲩ ⲉⲛⲧⲁⲛⲁⲁϥ ϩⲁⲧⲛ ⲧⲓⲧⲟⲥ ⲛⲧⲁϥϣⲱⲡⲉ ⲙⲙⲉ
15 Enti sɛ ɔkae sɛnea mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ osetie ma no na mode obu ne nidi gyee no fɛw so no a, ɛhyɛ ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den.
ⲓ̅ⲉ̅ⲁⲩⲱ ⲛⲉϥⲙⲛⲧϣⲁⲛϩⲧⲏϥ ϣⲟⲟⲡ ⲛϩⲟⲩⲟ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ ⲉϥⲉⲓⲣⲉ ⲙⲡⲙⲉⲉⲩⲉ ⲛⲧⲉⲧⲛⲙⲛⲧⲥⲧⲙⲏⲧ ⲧⲏⲣⲧⲛ ⲛⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁⲧⲉⲧⲛϣⲟⲡϥ ⲉⲣⲱⲧⲛ ϩⲛ ⲟⲩϩⲟⲧⲉ ⲙⲛ ⲟⲩⲥⲧⲱⲧ
16 Ɛyɛ me anigye sɛ metumi de me ho nyinaa ato mo so.
ⲓ̅ⲋ̅ϯⲣⲁϣⲉ ϭⲉ ϫⲉ ϯⲧⲏⲕ ⲛϩⲏⲧ ⲙⲙⲱⲧⲛ ϩⲛ ϩⲱⲃ ⲛⲓⲙ