< 2 Korintofo 6 >
1 Anuanom a yɛne Onyankopɔn bɔ mu yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, munnnye no kwa.
Men som Medarbejdere formane vi også til, at I ikke forgæves må have modtaget Guds Nåde;
2 Onyankopɔn se, “Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo, na nkwagye da no, mɛboa wo.” Muntie! Dɔnhwerew yi mu na ɛsɛ sɛ munya Onyankopɔn adom, na nnɛ ne nkwagye da no.
(han siger jo: "På en behagelig Tid bønhørte jeg dig, og på en Frelsens Dag hjalp jeg dig." Se, nu er det en velbehagelig Tid, se, nu er det en Frelsens Dag; )
3 Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛmmɔne aka, enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu.
og vi give ikke i nogen Ting noget Anstød, for at Tjenesten ikke skal blive lastet;
4 Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano.
men i alting anbefale vi som Guds Tjenere os selv ved stor Udholdenhed i Trængsler, i Nød, i Angster,
5 Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, dɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ akyen kɔm.
under Slag, i Fængsler, under Oprør, under Besværligheder, i Nattevågen, i Faste,
6 Nanso yɛnam yɛn kronkronyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ,
ved Renhed, ved Kundskab, ved Langmodighed, ved Velvillighed, ved den Helligånd, ved uskrømtet Kærlighed,
7 yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akode a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.
ved Sandheds Ord, ved Guds Kraft, ved Retfærdighedens Våben både til Angreb og Forsvar;
8 Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wogu yɛn anim ase o, sɛ wɔyaw yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware.
ved Ære og Vanære, ved ondt Rygte og godt Rygte; som Forførere og dog sanddru;
9 Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn.
som ukendte og dog velkendte; som døende, og se, vi leve; som de, der tugtes, dog ikke til Døde;
10 Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.
som bedrøvede, dog altid glade; som fattige, der dog gøre mange rige; som de, der intet have, og dog eje alt.
11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware no akyerɛ mo.
Vor Mund er opladt over for eder, Korinthiere! vort Hjerte er udvidet.
12 Yɛmfaa biribiara nhintaw mo wɔ yɛn koma mu, na mo na mode nsɛm ahintaw yɛn wɔ mo koma mu.
I have ikke snæver Plads i os, men der er snæver Plads i eders Hjerter.
13 Mprempren, mekasa kyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nhintaw yɛn. Mummue mo koma mu!
Men ligeså til Gengæld (jeg taler som til mine Børn), må også I udvide eders Hjerter!
14 Munnyaa mo ho mma abosonsomfo, efisɛ moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye behyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako?
Drager ikke i ulige Åg med vantro; thi hvad Fællesskab har Retfærdighed og Lovløshed? eller hvad Samfund har Lys med Mørke?
15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne Ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na ogyidini ne nea ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ?
Hvad Samklang er der mellem Kristus og Belial? eller hvad Delagtighed har en troende med en vantro?
16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se, “Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.”
Hvad Samstemning har Guds Tempel med Afguder? Thi vi ere den levende Guds Tempel, ligesom Gud har sagt: "Jeg vil bo og vandre iblandt dem, og jeg vil være deres Gud, og de skulle være mit Folk."
17 Awurade se, “Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ mommfa mo ho nka biribiara a ɛho ntew. Montew mo ho mfi nea ɛho ntew ho na megye mo.
"Derfor går ud fra dem og udskiller eder fra dem, siger Herren, og rører ikke noget urent; og jeg vil antage mig eder,"
18 Na, “Mɛyɛ mo Agya, na mobɛyɛ me mmabarima ne me mmabea.” Otumfo Awurade na ose.
"og jeg vil være eders Fader, og I skulle være mine Sønner og Døtre, siger Herren, den Almægtige."