< 2 Korintofo 4 >

1 Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti ɛmma yɛn koma ntutu.
Ideo habentes administrationem, juxta quod misericordiam consecuti sumus, non deficimus,
2 Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwu nneyɛe nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae no nni. Yegyaee saa aniwude no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa nti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di.
sed abdicamus occulta dedecoris, non ambulantes in astutia, neque adulterantes verbum Dei, sed in manifestatione veritatis commendantes nosmetipsos ad omnem conscientiam hominum coram Deo.
3 Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
Quod si etiam opertum est Evangelium nostrum, in iis, qui pereunt, est opertum:
4 Wonnye nni, efisɛ ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛhyerɛn wɔ wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. (aiōn g165)
in quibus Deus hujus sæculi excæcavit mentes infidelium, ut non fulgeat illis illuminatio Evangelii gloriæ Christi, qui est imago Dei. (aiōn g165)
5 Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo.
Non enim nosmetipsos prædicamus, sed Jesum Christum Dominum nostrum: nos autem servos vestros per Jesum:
6 Onyankopɔn a ɔkae se, “Hann mfi sum mu nhyerɛn” no, ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn koma mu ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
quoniam Deus, qui dixit de tenebris lucem splendescere, ipse illuxit in cordibus nostris ad illuminationem scientiæ claritatis Dei, in facie Christi Jesu.
7 Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn.
Habemus autem thesaurum istum in vasis fictilibus: ut sublimitas sit virtutis Dei, et non ex nobis.
8 Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw.
In omnibus tribulationem patimur, sed non angustiamur: aporiamur, sed non destituimur:
9 Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
persecutionem patimur, sed non derelinquimur: dejicimur, sed non perimus:
10 Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
semper mortificationem Jesu in corpore nostro circumferentes, ut et vita Jesu manifestetur in corporibus nostris.
11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu.
Semper enim nos, qui vivimus, in mortem tradimur propter Jesum: ut et vita Jesu manifestetur in carne nostra mortali.
12 Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu na nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
Ergo mors in nobis operatur, vita autem in vobis.
13 Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ yegye di.
Habentes autem eumdem spiritum fidei, sicut scriptum est: Credidi, propter quod locutus sum: et nos credimus, propter quod et loquimur:
14 Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
scientes quoniam qui suscitavit Jesum, et nos cum Jesu suscitabit, et constituet vobiscum.
15 Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.
Omnia enim propter vos: ut gratia abundans, per multos in gratiarum actione, abundet in gloriam Dei.
16 Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara.
Propter quod non deficimus: sed licet is, qui foris est, noster homo corrumpatur, tamen is, qui intus est, renovatur de die in diem.
17 Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios g166)
Id enim, quod in præsenti est momentaneum et leve tribulationis nostræ, supra modum in sublimitate æternum gloriæ pondus operatur in nobis, (aiōnios g166)
18 Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so, na mmom, nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ, nanso nea wontumi nhu no tena hɔ daa. (aiōnios g166)
non contemplantibus nobis quæ videntur, sed quæ non videntur. Quæ enim videntur, temporalia sunt: quæ autem non videntur, æterna sunt. (aiōnios g166)

< 2 Korintofo 4 >