< 2 Korintofo 4 >
1 Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti ɛmma yɛn koma ntutu.
Therefore, because we have this ministry, and just as we have received mercy, we do not become discouraged.
2 Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwu nneyɛe nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae no nni. Yegyaee saa aniwude no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa nti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di.
Instead, we have rejected secret and shameful ways. We do not live by craftiness, and we do not mishandle the word of God. By presenting the truth, we recommend ourselves to everyone's conscience in the sight of God.
3 Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
But if our gospel is veiled, it is veiled only to those who are perishing.
4 Wonnye nni, efisɛ ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛhyerɛn wɔ wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. (aiōn )
In their case, the god of this world has blinded their unbelieving minds. As a result, they are not able to see the light of the gospel of the glory of Christ, who is the image of God. (aiōn )
5 Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo.
For we do not proclaim ourselves, but Christ Jesus as Lord, and ourselves as your servants for Jesus' sake.
6 Onyankopɔn a ɔkae se, “Hann mfi sum mu nhyerɛn” no, ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn koma mu ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
For God is the one who said, “Light will shine out of darkness.” He has shone in our hearts, to give the light of the knowledge of the glory of God in the presence of Jesus Christ.
7 Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn.
But we have this treasure in jars of clay, so that it is clear that the exceedingly great power belongs to God and not to us.
8 Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw.
We are afflicted in every way, but not overwhelmed. We are perplexed but not filled with despair.
9 Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
We are persecuted but not forsaken. We are struck down but not destroyed.
10 Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
We always carry in our body the death of Jesus, so that the life of Jesus also may be shown in our bodies.
11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu.
We who are alive are always carrying around in our body the death of Jesus, so that the life of Jesus may be shown in our body.
12 Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu na nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
So death is at work in us, but life is at work in you.
13 Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ yegye di.
But we have the same spirit of faith according to that which was written: “I believed, and so I spoke.” We also believe, and so we also speak,
14 Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
because we know that the one who raised the Lord Jesus will also raise us with Jesus and bring us with you into his presence.
15 Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.
Everything is for your sake so that, as grace is spread to many people, thanksgiving may increase to the glory of God.
16 Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara.
So we do not become discouraged. Even though outwardly we are wasting away, inwardly we are being renewed day by day.
17 Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios )
For this momentary, light affliction is preparing us for an eternal weight of glory that exceeds all measurement. (aiōnios )
18 Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so, na mmom, nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ, nanso nea wontumi nhu no tena hɔ daa. (aiōnios )
For we are not watching for things that are seen, but for things that are unseen. The things that we can see are temporary, but the things that are unseen are eternal. (aiōnios )