< 2 Korintofo 3 >

1 Eyi kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio ana? Anaasɛ yehia adansedi nkrataa a efi yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛnea afoforo hia no ana?
Are we beginning again to commend ourselves? We do not need, as do some, letters of commendation to you or from you, do we?
2 Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakenkan.
You are our letter, written in our hearts, known and read by everyone;
3 Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so akyerɛw. Ɛnyɛ adubiri na wɔde kyerɛw no ɔbo pon so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde kyerɛw guu nnipa koma mu.
being revealed that you are a letter of Christ, served by us, written not with ink, but with the Spirit of the living God; not in tablets of stone, but in tablets that are hearts of flesh.
4 Saa ahotoso yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam.
Such confidence we have through Christ toward God;
5 Biribiara nni yɛn mu a ebetumi ama yɛasi yɛn bo aka se yebetumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no fii Onyankopɔn.
not that we are sufficient of ourselves, to account anything as from ourselves; but our sufficiency is from God;
6 Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforo ho asomfo. Efi Honhom Kronkron no na emfi mmara a wɔakyerɛw. Mmara de owu ba na Honhom no ne nea ɛma nkwa.
who also made us sufficient as servants of a new covenant; not of the letter, but of the Spirit. For the letter kills, but the Spirit gives life.
7 Mmara a ɛde owu bae no, na wɔakyerɛw no ɔbo pon so, nanso anuonyam a na ekura no nti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose anuonyam hyerɛnee nanso saa anuonyam no dumii.
But if the service of death, written engraved on stones, came with glory, so that the children of Israel could not look steadfastly on the face of Moses for the glory of his face; which was passing away:
8 Enti apam a Honhom no de ba no rennya anuonyam mmoroso ana?
won't service of the Spirit be with much more glory?
9 Sɛ mmara a ɛde owu ba no wɔ anuonyam a, ɛno de nea ɛma yɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no rennya anuonyam a ɛboro so ana?
For if the service of condemnation has glory, the service of righteousness exceeds much more in glory.
10 Nokware mu, Apam Foforo no anuonyam mmoroso nti, mmara a ɛde owu ba no anuonyam ayera.
For truly that which has been made glorious has not been made glorious in this respect, by reason of the glory that surpasses.
11 Na sɛ anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, ade a ɛwɔ hɔ daa no anuonyam bɛyɛ nea ɛso yiye.
For if that which passes away was with glory, much more that which remains is in glory.
12 Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru.
Having therefore such a hope, we use great boldness of speech,
13 Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa nʼanim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu nea ɛretwa mu no awiei.
and not as Moses, who put a veil on his face, that the children of Israel would not look steadfastly on the end of that which was passing away.
14 Nanso ntease a wɔannya no nti besi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dedaw nhoma no a, saa nkataanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkataanim no befi hɔ no, gye sɛ wogye Kristo di.
But their minds were hardened, for until this very day at the reading of the old covenant the same veil remains, because in Christ it passes away.
15 Nnɛ yi mpo, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkataanim no da so kata wɔn koma so.
But to this day, when Moses is read, a veil lies on their heart.
16 Nanso sɛ obi gye Awurade di a woyi nkataanim no fi hɔ.
But whenever one turns to the Lord, the veil is taken away.
17 Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no ahotɔ wɔ hɔ.
Now the Lord is the Spirit and where the Spirit of the Lord is, there is liberty.
18 Yɛn a nkataanim biara nkata yɛn anim no, Awurade anuonyam hyerɛn wɔ yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanuonyam mu.
But we all, with unveiled face looking as in a mirror the glory of the Lord, are transformed into the same image from glory to glory, even as from the Lord, the Spirit.

< 2 Korintofo 3 >