< 2 Korintofo 2 >
1 Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhow.
ⲁ̅ⲁⲓⲕⲣⲓⲛⲉ ⲅⲁⲣ ⲙⲡⲁⲓ ⲛⲁⲓ ⲉⲧⲙⲉⲓ ⲟⲛ ϣⲁⲣⲱⲧⲛ ϩⲛ ⲟⲩⲗⲩⲡⲏ
2 Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhow a hena na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhow no ana?
ⲃ̅ⲉϣϫⲉ ⲁⲛⲟⲕ ⲅⲁⲣ ⲡⲉⲧⲛⲁⲗⲩⲡⲉⲓ ⲙⲙⲱⲧⲛ ⲉⲓⲉ ⲛⲓⲙ ⲡⲉⲧⲛⲁⲉⲩⲫⲣⲁⲛⲉ ⲙⲙⲟⲓ ⲉⲓ ⲙⲏⲧⲓ ⲡⲉⲧⲛⲁⲗⲩⲡⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧ
3 Ɛno nti na mekyerɛw saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa koro no ara a mubegye mʼani no nkyɛn abɛhyɛ mo awerɛhow. Minim yiye sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo.
ⲅ̅ⲕⲁⲓⲅⲁⲣ ⲉⲛⲧⲁⲓⲥⲉϩ ⲡⲁⲓ ϫⲉⲕⲁⲥ ⲉⲛⲛⲁⲉⲓ ⲧⲁⲗⲩⲡⲉⲓ ⲛⲧⲟⲟⲧⲟⲩ ⲛⲛⲉⲧⲉϣϣⲉ ⲉⲧⲣⲁⲣⲁϣⲉ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧⲟⲩ ⲉⲓⲕⲱ ⲛϩⲧⲏⲓ ⲉⲣⲱⲧⲛ ⲧⲏⲣⲧⲛ ϫⲉ ⲡⲁⲣⲁϣⲉ ⲡⲱⲧⲛ ⲧⲏⲣⲧⲛ ⲡⲉ
4 Mede amanehunu, awerɛhow ne nusu na ɛrekyerɛw mo saa krataa yi. Mankyerɛw mammɛhyɛ mo awerɛhow, na mmom, mekyerɛw de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.
ⲇ̅ⲉⲃⲟⲗ ⲅⲁⲣ ϩⲛ ⲟⲩⲛⲟϭ ⲛⲑⲗⲓⲯⲓⲥ ⲙⲛ ⲟⲩⲗⲱϫϩ ⲛϩⲏⲧ ⲁⲓⲥϩⲁⲓ ⲛⲏⲧⲛ ϩⲓⲧⲛ ϩⲁϩ ⲛⲣⲙⲉⲓⲏ ϫⲉⲕⲁⲥ ⲁⲛ ⲉⲧⲉⲧⲛⲉⲗⲩⲡⲉⲓ ⲁⲗⲗⲁ ϫⲉ ⲉⲧⲉⲧⲛⲉⲉⲓⲙⲉ ⲉⲧⲁⲅⲁⲡⲏ ⲉⲧⲉⲩⲛⲧⲁⲉⲓⲥ ⲛϩⲟⲩⲟ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ
5 Sɛ obi ahyɛ afoforo awerɛhow a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhow no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhow no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so.
ⲉ̅ⲉϣϫⲉ ⲁⲟⲩⲁ ⲇⲉ ⲗⲩⲡⲉⲓ ⲛⲧⲁϥⲗⲩⲡⲉⲓ ⲙⲙⲟⲓ ⲁⲛ ⲁⲗⲗⲁ ⲁⲡⲟ ⲙⲉⲣⲟⲩⲥ ϫⲉ ⲉⲛⲛⲁⲉⲡⲓⲃⲁⲣⲉⲓ ⲙⲙⲱⲧⲛ ⲧⲏⲣⲧⲛ
6 Aso a dodow no ara atwe no no dɔɔso ma no.
ⲋ̅ⲧⲉⲓⲉⲡⲓⲧⲓⲙⲓⲁ ϭⲉ ⲣⲱϣⲉ ⲉⲡⲁⲓ ⲧⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲙ ⲡⲉϩⲟⲩⲟ
7 Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekye ne werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow renhyɛ ne so.
ⲍ̅ϩⲱⲥⲧⲉ ⲛⲧⲟϥ ⲛⲧⲉⲧⲛⲕⲱ ⲛⲁϥ ⲉⲃⲟⲗ ⲁⲩⲱ ⲛⲧⲉⲧⲛⲥⲉⲡⲥⲱⲡϥ ⲙⲏⲡⲟⲧⲉ ϩⲣⲁⲓ ϩⲙ ⲡϩⲟⲩⲉ ⲗⲩⲡⲉⲓ ⲛⲥⲉⲱⲙⲕ ⲙⲡⲁⲓ ⲛⲧⲉⲉⲓⲙⲓⲛⲉ
8 Mesrɛ mo, momma onhu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.
ⲏ̅ⲉⲧⲃⲉ ⲡⲁⲓ ϯⲡⲁⲣⲁⲕⲁⲗⲉⲓ ⲙⲙⲱⲧⲛ ⲙⲁⲧⲁϫⲣⲟ ⲛⲟⲩⲁⲅⲁⲡⲏ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲟϥ
9 Nea enti a mekyerɛw mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mihu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, mudi so ana.
ⲑ̅ⲉⲧⲃⲉ ⲡⲁⲓ ⲅⲁⲣ ⲛⲧⲁⲓⲥϩⲁⲓ ⲛⲏⲧⲛ ϫⲉ ⲉⲓⲉⲉⲓⲙⲉ ⲉⲧⲉⲧⲛⲇⲟⲕⲓⲙⲏ ϫⲉ ⲛⲧⲉⲧⲛ ϩⲉⲛⲥⲧⲙⲏⲧ ϩⲛ ϩⲱⲃ ⲛⲓⲙ
10 Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede bɛkyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo nti na meyɛ saa wɔ Kristo anim
ⲓ̅ⲡⲉⲧⲉⲧⲛⲁⲕⲱ ⲇⲉ ⲛⲁϥ ⲉⲃⲟⲗ ϯⲕⲱ ϩⲱ ⲕⲁⲓⲅⲁⲣ ⲁⲛⲟⲕ ⲛⲧⲁⲓⲕⲱ ⲉⲃⲟⲗ ⲙⲡⲉⲛⲧⲁⲓ ⲕⲁⲁϥ ⲉⲃⲟⲗ ⲉⲧⲃⲉ ⲧⲏⲩⲧⲛ ϩⲙ ⲡϩⲟ ⲙⲡⲉⲭⲥ
11 sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho kwan, efisɛ yenim ne nsusuwii.
ⲓ̅ⲁ̅ϫⲉⲕⲁⲥ ⲉⲛⲛⲉⲩϩⲟⲩⲣⲱⲱⲛ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲙ ⲡⲥⲁⲧⲁⲛⲁⲥ ⲛⲧⲛⲟⲃϣ ⲅⲁⲣ ⲁⲛ ⲉⲛⲉϥⲙⲉⲉⲩⲉ
12 Bere a miduu Troa kɔkaa Kristo ho Asɛmpa no, mihuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho kwan wɔ hɔ.
ⲓ̅ⲃ̅ⲛⲧⲉⲣⲓⲉⲓ ⲇⲉ ⲉϩⲣⲁⲓ ⲉⲧⲉⲧⲣⲱⲁⲥ ⲉⲡⲉⲩⲁⲅⲅⲉⲗⲓⲟⲛ ⲙⲡⲉⲭⲥ ⲁⲩⲱ ⲛⲧⲉⲣⲉⲟⲩⲛⲟϭ ⲛⲣⲟ ⲟⲩⲟⲛ ⲛⲁⲓ ϩⲙ ⲡϫⲟⲉⲓⲥ
13 Nanso me werɛ howee, efisɛ na minhu yɛn nua Tito. Enti mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na misii mu kɔɔ Makedonia.
ⲓ̅ⲅ̅ⲙⲡⲓⲙⲧⲟⲛ ϩⲙ ⲡⲁⲡⲛⲁ ϫⲉ ⲙⲡⲓϩⲉ ⲉⲧⲓⲧⲟⲥ ⲡⲁⲥⲟⲛ ⲁⲗⲗⲁ ⲛⲧⲉⲣⲓ ⲁⲡⲟⲧⲁⲥⲥⲉ ⲛⲁⲩ ⲁⲓⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ⲉⲧⲙⲁⲕⲉⲇⲟⲛⲓⲁ
14 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa odi yɛn kan wɔ yɛn anigye ne nkonimdi santen wɔ Kristo mu ma ɔde yɛn trɛw ne ho nimdeɛ huamhuam no mu.
ⲓ̅ⲇ̅ⲡⲉϩⲙⲟⲧ ⲇⲉ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϣⲏⲡ ⲡⲁⲓ ⲉⲧϫⲁⲓⲟ ⲙⲙⲟⲛ ⲉⲃⲟⲗ ⲛⲟⲩⲟⲉⲓϣ ⲛⲓⲙ ϩⲙ ⲡⲉⲭⲥ ⲁⲩⲱ ⲉⲧⲟⲩⲱⲛϩ ⲉⲃⲟⲗ ⲙⲡⲉⲥⲧⲟⲓ ⲙⲡⲉϥⲥⲟⲟⲩⲛ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧⲛ ϩⲙ ⲙⲁ ⲛⲓⲙ
15 Yɛyɛ Kristo aduhuam wɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera no mu ma Onyankopɔn.
ⲓ̅ⲉ̅ϫⲉ ⲁⲛⲟⲛ ⲟⲩⲥϯⲛⲟⲩϥⲉ ⲛⲧⲉ ⲡⲉⲭⲥ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲛ ⲛⲉⲧⲛⲁⲟⲩϫⲁⲓ ⲙⲛ ⲛⲉⲧⲛⲁⲧⲁⲕⲟ
16 Na wɔn a wɔreyera no de, ɛyɛ wɔn hua bɔne a etumi kum. Nanso wɔn a wɔregye wɔn nkwa no de, ɛyɛ hua a ɛma wɔn nkwa. Hena na obetumi agyina adwuma a ɛyɛ den sɛɛ anim?
ⲓ̅ⲋ̅ⲛϩⲟⲓⲛⲉ ⲙⲉⲛ ⲛⲥⲧⲟⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ ⲡⲙⲟⲩ ⲉⲡⲙⲟⲩ ⲛϩⲟⲓⲛⲉ ⲇⲉ ⲛⲥⲧⲟⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ ⲡⲱⲛϩ ⲉⲡⲱⲛϩ ⲁⲩⲱ ⲛⲛⲁϩⲣⲛ ⲛⲁⲓ ⲛⲓⲙ ⲡⲉⲧⲙⲡϣⲁ
17 Yɛnte sɛ nnipa afoforo bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔnnne bi, na esiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no nti, yɛka nokware wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfo.
ⲓ̅ⲍ̅ⲛⲛⲉⲛⲟ ⲅⲁⲣ ⲁⲛ ⲛⲑⲉ ⲛϩⲁϩ ⲉⲧⲟ ⲛⲉϣⲱⲧ ϩⲙ ⲡϣⲁϫⲉ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲁⲗⲗⲁ ϩⲱⲥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ ⲟⲩⲧⲃⲃⲟ ⲁⲗⲗⲁ ϩⲱⲥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲙ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲙⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲙⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉⲛϣⲁϫⲉ ϩⲙ ⲡⲉⲭⲥ