< 2 Korintofo 13 >
1 Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, “Adanse a nnipa baanu anaa baasa bedi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.”
Nenguva iyi yechitatu ndinouya kwamuri; mumuromo wezvapupu zviviri uye zvitatu shoko rega-rega ritsigirwe.
2 Bere a mebaa mo nkyɛn nea ɛto so abien no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu mprempren a minni mo nkyɛn yi. Sɛ mesan ba bio a, meremfa mo anaa nnipa afoforo bi a wɔayɛ bɔne no ho nkyɛ wɔn,
Ndakambokuudzai uye ndinogara ndakuudzai, sendakange ndiripo rwechipiri, uye ikozvino ndisipo ndinonyorera avo vakagara vatadza, nekuvamwe vese, kuti kana ndikauyazve, handichavaregereri.
3 efisɛ mopɛ sɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu.
Sezvo muchitsvaka uchapupu hwaKristu anotaura mandiri, asina utera kwamuri, asi ane simba mamuri.
4 Ɛwɔ mu sɛ mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asennua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛw de, nanso ayɔnkofa a yɛne no wɔ nti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.
Nokuti kunyange akarovererwa pamuchinjikwa neutera, zvakadaro anorarama nesimba raMwari. Nokuti isuwo tine utera maari asi tichararama pamwe naye nesimba raMwari kwamuri.
5 Monsɔ mo ho nhwɛ, na mummu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidi mu ana. Munim yiye sɛ Kristo Yesu te mo mu ana? Sɛ ɔnte mo mu a na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no.
Zviongororei kana muri parutendo; zviidzei. Kana hamuzivi here imwi, kuti Jesu Kristu ari mamuri sei? Kunze kwekuti zvirokwazvo muri vakaraswa.
6 Minim yiye sɛ mubehu sɛ yɛanni nkogu.
Asi ndinovimba kuti muchaziva kuti isu hatisi vakaraswa.
7 Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ sɛ nnipa behu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Mpo sɛ wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim.
Zvino ndinonyengetera kuna Mwari, kuti musaita chinhu chakaipa; kwete kuti isu tiratidzike takatendeka, asi kuti imwi muite zvakarurama, kunyange isu tive sevakaraswa.
8 Yɛrentumi nsɔre ntia nokware, na mmom nokware nko ara na ɛsɛ sɛ yegyina ma no.
Nokuti hatigoni kuita chinhu chinopesana nechokwadi, asi chechokwadi.
9 Sɛ yehu sɛ yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae sɛ mobɛyɛ pɛ.
Nokuti tinofara kana isu tine utera, imwiwo makasimba; uye izviwo tinozvinyengeterera, kuperera kwenyu.
10 Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ na, sɛ meba a merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na munyin na mo mu antetew no so ne mo nni no anibere so.
Saka ndinonyora zvinhu izvi ndisipo, zvimwe kana ndiripo ndingashandisa hasha, zvichienderana nesimba Ishe raakandipa pakuvaka, uye kwete pakuputsa.
11 Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.
Pakupedzisira, hama, farai, muperedzerwe, munyaradzwe, muve vemoyo umwe, garai murugare; uye Mwari werudo nerugare achava nemwi.
12 Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho.
Kwazisanai nekutsvoda kutsvene.
13 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.
Vatsvene vese vanokukwazisai.
14 Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.
Nyasha dzaIshe Jesu Kristu, nerudo rwaMwari, nekudyidzana kweMweya Mutsvene, ngazvive nemwi mese. Ameni.