< 2 Korintofo 12 >

1 Ɛwɔ mu sɛ ahohoahoa so nni mfaso biara de, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso afei mɛka anisoadehu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.
Eg lyt rosa meg, endå det ikkje er gagnlegt, men eg kjem no til syner og openberringar av Herren.
2 Minim Okristoni bi a mfe dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ ɔsoro. Minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim.
Eg kjenner eit menneskje i Kristus - um han var i likamen, det veit eg ikkje, eller utanfor likamen, det veit eg ikkje, Gud veit det - ein som for fjortan år sidan vart rykt inn i den tridje himmelen.
3 Miti mu. Minim sɛ wohwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio, minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim.
Og eg kjenner dette menneskjet, - um han var i likamen eller utanfor likamen, det veit eg ikkje, Gud veit det -
4 Na hɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yiye, nsɛm a wɔmma kwan mma wɔnka.
han vart rykt inn i Paradis og høyrde usegjelege ord, som det ikkje er unnt eit menneskje å tala.
5 Enti mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho, gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛw no ho.
Av dette vil eg rosa meg, men av meg sjølv vil eg ikkje rosa meg, utan av mi vanmagt.
6 Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ nokware ara na meka. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no.
For um eg vil rosa meg, vert eg ikkje uvitug, for sanning kjem eg til å segja; men eg let det vera, so ingen skal tenkja større um meg, enn som han ser meg eller høyrer av meg.
7 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwonwaso yi nti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam bɔfo ma ɔde honam mu yaw a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase.
Og for at eg ikkje skal ovmoda meg av dei høge openberringar, so er det gjeve meg ein tagg i kjøtet, ein Satans engel, at han skal slå meg, so eg ikkje skal ovmoda meg.
8 Mebɔɔ eyi ho mpae mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma emfi me so nkɔ.
Um denne bad eg Herren tri gonger, at han måtte vika frå meg.
9 Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.
Og han sagde til meg: «Min nåde er nok åt deg; for mi kraft vert fullenda i vanmagt.» Helst vil eg difor rosa meg av mi vanmagt, so Kristi kraft kann bu i meg.
10 Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwanside so. Efisɛ me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den.
Difor er eg vel til mods midt i vanmagt, i valdsverk, i naud, i forfylgjing, i trengslor for Kristi skuld. For når eg er vanmegtig, då er eg sterk.
11 Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mugye me to mu. Na sɛ menyɛ hwee a, ɔkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsen “Asomafo” a mubu wɔn no.
Eg hev vorte uvitug; de hev tvinga meg til det; for eg skulde havt lovord av dykk; eg var ikkje i noko mindre mann enn dei ovstore apostlar, endå eg er ingen ting.
12 Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafo.
Ein apostels teikn vart gjorde hjå dykk i alt tolmod, med teikn og under og kraftige verk.
13 Dwumadi no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Dɛn na ɛma moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, efisɛ mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo, momfa saa mfomso no nkyɛ me.
For kva er det som de vart haldne ringare i enn dei andre kyrkjelydar, utan at eg sjølv ikkje var dykk til tyngsla? tilgjev meg denne uretten!
14 Afei masiesie me ho sɛ merebɛsra mo nea ɛto so mpɛn abiɛsa, na merenyɛ adesoa mma mo. Mo na mo ho hia me na ɛnyɛ mo ahode. Na mpo mmofra nkora ade mma awofo, awofo mmom na wɔkora ade ma mmofra.
Sjå, tridje gongen er eg buen til å koma til dykk og skal ikkje vera dykk til tyngsla. For eg søkjer ikkje dykkar gods, men dykk sjølve; for borni skal ikkje sanka skattar til foreldri, men foreldri til borni.
15 Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere nea mewɔ ne mʼadagyew de aboa mo. Sɛ medɔ mo yiye a, mo dɔ a mowɔ ma me no so bɛtew ana?
Men eg vil gjerne ofra, ja, verta ofra for sjælerne dykkar, um eg enn vert mindre elska di meir eg elskar dykk.
16 Mobɛte ase sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso obi bɛka se, meyɛ ɔdaadaafo a mede nnaadaa na eyii mo.
Men lat so vera at eg ikkje var dykk til tyngsla, men kann henda eg var svikfull og tok dykk med list?
17 Ɔkwan bɛn so? Menam abɔfo a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo ana?
Søkte eg vel vinning av dykk ved nokon av deim som eg sende til dykk?
18 Mesomaa Tito se ɔnkɔ, na mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo ana? So na ɔno ne me nyinaa mfi Honhom koro mu ntu anammɔn koro ana?
Eg talde Titus til og sende med honom bror vår. Hev Titus søkt vinning av dykk? For me ikkje fram i den same ånd? ikkje i dei same fotfar?
19 So mususuw daa sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tetew yɛn ho wɔ mo anim ana? Yɛkasa sɛnea Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de hyɛ mo den.
Longe hev de tenkt at det er for dykk me forsvarar oss. Nei, det er for Guds åsyn me talar i Kristus. Men alt til dykkar uppbyggjing, mine kjære!
20 Misuro sɛ midu hɔ a sɛnea anka mepɛ sɛ mihu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛnea anka mopɛ sɛ muhu me no, morenhu me saa. Minim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibere, abufuw ne pɛsɛmenkominya, ɔyaw ne nseku, ahantan ne basabasayɛ no.
For eg ottast for, at når eg kjem, skal eg ikkje finna dykk slike som eg vil, og at eg skal verta funnen av dykk slik som de ikkje vil - at der skal vera kiv, ovund, vreide, stridssykja, baktale, drøsor, ovmod, utstyr,
21 Misuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn begu mʼanim ase wɔ mo anim na mesu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dedaw na wonnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne aguamammɔ ho no.
at når eg kjem, skal min Gud atter audmykja meg hjå dykk, og eg skal syrgja yver mange av deim som fyrr synda og ikkje hev umvendt seg frå den ureinskap og lauslivnad og used som dei dreiv.

< 2 Korintofo 12 >