< 2 Korintofo 11 >

1 Mewɔ anidaso sɛ, sɛ meyɛ nkwaseade koraa a mubegye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa.
Ὄφελον ἀνείχεσθέ μου μικρόν τι ἀφροσύνης· ἀλλὰ καὶ ἀνέχεσθέ μου.
2 Metwe mo ho ninkunu sɛnea Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbabun a mahyɛ ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo no bɔ sɛ mede mo bɛma no aware.
ζηλῶ γὰρ ὑμᾶς θεοῦ ζήλῳ· ἡρμοσάμην γὰρ ὑμᾶς ἑνὶ ἀνδρὶ παρθένον ἁγνὴν παραστῆσαι τῷ χριστῷ,
3 Misuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mubegyae sɛnea ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no.
φοβοῦμαι δὲ μή πως ὡς ὁ ὄφις ἐξηπάτησεν Εὔαν ἐν τῇ πανουργίᾳ αὐτοῦ, φθαρῇ τὰ νοήματα ὑμῶν ἀπὸ τῆς ἁπλότητος καὶ τῆς ἁγνότητος τῆς εἰς τὸν χριστόν.
4 Mode anigye gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforo a ɔnyɛ nea yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mugye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.
εἰ μὲν γὰρ ὁ ἐρχόμενος ἄλλον Ἰησοῦν κηρύσσει ὃν οὐκ ἐκηρύξαμεν, ἢ πνεῦμα ἕτερον λαμβάνετε ὃ οὐκ ἐλάβετε, ἢ εὐαγγέλιον ἕτερον ὃ οὐκ ἐδέξασθε, καλῶς ἀνείχεσθε.
5 Minnye nni sɛ meyɛ “Asomafo” no mu abomfiaa.
λογίζομαι γὰρ μηδὲν ὑστερηκέναι τῶν ὑπὲρ λίαν ἀποστόλων.
6 Ebia mʼano ntew de, nanso mʼadwene mu abue. Yɛnam akwannuasa so akyerɛ mo eyi ase fann.
εἰ δὲ καὶ ἰδιώτης τῷ λόγῳ, ἀλλ᾽ οὐ τῇ γνώσει, ἀλλ᾽ ἐν παντὶ φανερώσαντες ἐν πᾶσιν εἰς ὑμᾶς.
7 Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akrɔn. So bɔne a meyɛɛ ne sɛ meyɛɛ saa ana?
ἢ ἁμαρτίαν ἐποίησα, ἐμαυτὸν ταπεινῶν ἵνα ὑμεῖς ὑψωθῆτε, ὅτι δωρεὰν τὸ τοῦ θεοῦ εὐαγγέλιον εὐηγγελισάμην ὑμῖν;
8 Bere a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforo bi na na wotua me ka.
ἄλλας ἐκκλησίας ἐσύλησα λαβὼν ὀψώνιον πρὸς τὴν ὑμῶν διακονίαν,
9 Bere a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menhaw mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛnea na ɛte mmere a atwa mu no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da.
καὶ παρὼν πρὸς ὑμᾶς καὶ ὑστερηθεὶς οὐ κατενάρκησα οὐθενός· (τὸ γὰρ ὑστέρημά μου προσανεπλήρωσαν οἱ ἀδελφοὶ ἐλθόντες ἀπὸ Μακεδονίας), καὶ ἐν παντὶ ἀβαρῆ ἐμαυτὸν ὑμῖν ἐτήρησα καὶ τηρήσω.
10 Kristo nokwaredi a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da.
ἔστιν ἀλήθεια χριστοῦ ἐν ἐμοί, ὅτι ἡ καύχησις αὕτη οὐ φραγήσεται εἰς ἐμὲ ἐν τοῖς κλίμασιν τῆς Ἀχαΐας.
11 Adɛn nti na meka saa? Efisɛ mennɔ mo ana? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.
διὰ τί; ὅτι οὐκ ἀγαπῶ ὑμᾶς; ὁ θεὸς οἶδεν·
12 Mɛkɔ so adi dwuma a meredi no mprempren yi sɛnea ɛbɛyɛ a saa “asomafo” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wodi no te sɛ yɛn dwuma a yedi no ara pɛ.
ὃ δὲ ποιῶ, καὶ ποιήσω, ἵνα ἐκκόψω τὴν ἀφορμὴν τῶν θελόντων ἀφορμήν, ἵνα ἐν ᾧ καυχῶνται, εὑρεθῶσιν καθὼς καὶ ἡμεῖς.
13 Saa nnipa no nyɛ nokware asomafo. Wɔyɛ atoro asomafo a wɔnam twa atoro wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafo.
οἱ γὰρ τοιοῦτοι ψευδαπόστολοι, ἐργάται δόλιοι, μετασχηματιζόμενοι εἰς ἀποστόλους χριστοῦ·
14 Ɛnyɛ me nwonwa, efisɛ ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdan yɛ sɛ hann.
καὶ οὐ θαῦμα· αὐτὸς γὰρ ὁ σατανᾶς μετασχηματίζεται εἰς ἄγγελον φωτός·
15 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nʼasomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ.
οὐ μέγα οὖν εἰ καὶ οἱ διάκονοι αὐτοῦ μετασχηματίζονται ὡς διάκονοι δικαιοσύνης, ὧν τὸ τέλος ἔσται κατὰ τὰ ἔργα αὐτῶν.
16 Miti mu ka bio se: Ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mususuw saa a, ɛno de munnye me sɛnea mubegye ɔkwasea na menam so atumi ahoahoa me ho.
Πάλιν λέγω, μή τίς με δόξῃ ἄφρονα εἶναι· εἰ δὲ μή γε, κἂν ὡς ἄφρονα δέξασθέ με, ἵνα κἀγὼ μικρόν τι καυχήσωμαι.
17 Asɛm a mereka yi nyɛ nea Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea.
ὃ λαλῶ, οὐ κατὰ κύριον λαλῶ, ἀλλ᾽ ὡς ἐν ἀφροσύνῃ, ἐν ταύτῃ τῇ ὑποστάσει τῆς καυχήσεως.
18 Nanso esiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho wɔ nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa.
ἐπεὶ πολλοὶ καυχῶνται κατὰ σάρκα, κἀγὼ καυχήσομαι.
19 Mo ankasa mo ani atew nti mode anigye gye nkwaseafo.
ἡδέως γὰρ ἀνέχεσθε τῶν ἀφρόνων, φρόνιμοι ὄντες·
20 Mugye obi a ɔhyɛ mo so anaa nea onya mo ho biribi anaa nea osum mo afiri anaa nea ommu mo anaa nea ɔbɔ mo ani so.
ἀνέχεσθε γάρ, εἴ τις ὑμᾶς καταδουλοῖ, εἴ τις κατεσθίει, εἴ τις λαμβάνει, εἴ τις ἐπαίρεται, εἴ τις εἰς πρόσωπον ὑμᾶς δέρει.
21 Mede fɛre gye eyi to mu sɛ yɛyɛ mmerɛw dodo wɔ eyi mu. Sɛ obi gye kyim de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, me nso megye kyim ahoahoa me ho wɔ dekode no ho bi.
κατὰ ἀτιμίαν λέγω, ὡς ὅτι ἡμεῖς ἠσθενήκαμεν· ἐν ᾧ δ᾽ ἄν τις τολμᾷ, (ἐν ἀφροσύνῃ λέγω), τολμῶ κἀγώ.
22 Wɔyɛ Hebrifo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo ana? Me nso meyɛ bi.
Ἑβραῖοί εἰσιν; κἀγώ· Ἰσραηλῖταί εἰσιν; κἀγώ· σπέρμα Ἀβραάμ εἰσιν; κἀγώ·
23 Wɔyɛ Kristo asomfo ana? Merekasa sɛ ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso.
διάκονοι χριστοῦ εἰσιν; (παραφρονῶν λαλῶ), ὑπὲρ ἐγώ, ἐν κόποις περισσοτέρως, ἐν φυλακαῖς περισσοτέρως, ἐν πληγαῖς ὑπερβαλλόντως, ἐν θανάτοις πολλάκις.
24 Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum.
ὑπὸ Ἰουδαίων πεντάκις τεσσεράκοντα παρὰ μίαν ἔλαβον,
25 Romafo bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔɔ mprɛnsa. Madi asu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn.
τρὶς ἐραβδίσθην, ἅπαξ ἐλιθάσθην, τρὶς ἐναυάγησα, νυχθήμερον ἐν τῷ βυθῷ πεποίηκα·
26 Mʼakwantu ahorow mu no, mihyiaa nsuyiri ne akwamukafo. Mihuu amane wɔ Yudafo ne amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu po so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane.
ὁδοιπορίαις πολλάκις, κινδύνοις ποταμῶν, κινδύνοις λῃστῶν, κινδύνοις ἐκ γένους, κινδύνοις ἐξ ἐθνῶν, κινδύνοις ἐν πόλει, κινδύνοις ἐν ἐρημίᾳ, κινδύνοις ἐν θαλάσσῃ, κινδύνοις ἐν ψευδαδέλφοις,
27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne osukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ.
κόπῳ καὶ μόχθῳ, ἐν ἀγρυπνίαις πολλάκις, ἐν λιμῷ καὶ δίψει, ἐν νηστείαις πολλάκις, ἐν ψύχει καὶ γυμνότητι·
28 Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm yɛ me nsɛnhia.
χωρὶς τῶν παρεκτὸς ἡ ἐπίστασίς μοι ἡ καθ᾽ ἡμέραν, ἡ μέριμνα πασῶν τῶν ἐκκλησιῶν.
29 Sɛ obi yɛ mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. Sɛ obi ka ɔfoforo kɔ bɔne mu a ɛma me werɛ how.
τίς ἀσθενεῖ, καὶ οὐκ ἀσθενῶ; τίς σκανδαλίζεται, καὶ οὐκ ἐγὼ πυροῦμαι;
30 Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu.
εἰ καυχᾶσθαι δεῖ, τὰ τῆς ἀσθενείας μου καυχήσομαι.
31 Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. (aiōn g165)
ὁ θεὸς καὶ πατὴρ τοῦ κυρίου Ἰησοῦ οἶδεν, ὁ ὢν εὐλογητὸς εἰς τοὺς αἰῶνας, ὅτι οὐ ψεύδομαι. (aiōn g165)
32 Bere a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfo wɛn kurow no pon pɛɛ sɛ wɔkyere me.
ἐν Δαμασκῷ ὁ ἐθνάρχης Ἀρέτα τοῦ βασιλέως ἐφρούρει τὴν πόλιν Δαμασκηνῶν πιάσαι με,
33 Nanso wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasu bi a apae tokuru mu de me sii fam ma miguan fii ne nsam.
καὶ διὰ θυρίδος ἐν σαργάνῃ ἐχαλάσθην διὰ τοῦ τείχους, καὶ ἐξέφυγον τὰς χεῖρας αὐτοῦ.

< 2 Korintofo 11 >