< 2 Korintofo 1 >

1 Saa krataa yi fi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:
Pāvils, caur Dieva prātu Jēzus Kristus apustulis, un Timotejs tas brālis, Dieva draudzei, kas ir Korintū, un visiem svētiem pa visu Akaju:
2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Žēlastība lai ir jums un miers no Dieva, mūsu Tēva, un no Tā Kunga Jēzus Kristus.
3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase.
Slavēts lai ir Dievs un mūsu Kunga Jēzus Kristus Tēvs, Tas apžēlošanas Tēvs un visas iepriecināšanas Dievs, kas mūs iepriecina visās mūsu bēdās,
4 Ɔkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ.
Ka mēs tos, kas ir visādās bēdās, varam iepriecināt ar to iepriecināšanu, ar ko mēs paši no Dieva topam iepriecināti.
5 Sɛnea yɛahu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yenya Kristo awerɛkyekye a ɛdɔɔso no.
Jo, ka Kristus ciešanas pie mums vairojās, tāpat arī mūsu iepriecināšana caur Kristu vairojās.
6 Mo awerɛkyekye ne mo nkwagye nti yehu amane. Efisɛ sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a yɛn nso yɛnam so betumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma moanya ntoboase ahu amane sɛ yɛn nso.
Bet kad mēs topam apbēdināti, taču tas jums ir par iepriecināšanu un pestīšanu, kas spēcīga rādās to pašu bēdu paciešanā, ko arī mēs ciešam. Vai, kad mēs topam iepriecināti, tad tas jums ir par iepriecināšanu un pestīšanu. Un mūsu cerība par jums ir stipra.
7 Enti gyidi a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yenim sɛ, sɛnea mo ne yɛn hu amane no, saa ara nso na munya awerɛkyekye a yenya no bi.
To zinām, ka itin kā jums ir daļa pie ciešanas, tāpat arī pie iepriecināšanas.
8 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidaso nyinaa yerae.
Jo negribam jums slēpt, brāļi, savas bēdas, kas mums notikušas Āzijā, ka mēs pārlieku bijām apgrūtināti, vairāk nekā mēs spējām, tā ka jau vairs necerējām dzīvot.
9 Nokware mu, yegye too mu sɛ yɛrebewu. Saa asɛm yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufo sɔre no so.
Bet mēs paši pie sevis nopratām, ka mums bija jāmirst, lai nepaļaujamies uz sevi pašiem, bet uz Dievu, kas miroņus uzmodina;
10 Wayi yɛn afi saa owu amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpae ma yɛn a,
Tas mūs no tādas nāves ir izrāvis un izrauj; uz Viņu ceram, ka Tas mūs arī vēl izraus.
11 obegye yɛn bio. Eyi kyerɛ sɛ obebua mpae dodow biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn behyira yɛn, na dodow no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.
Arī caur jūsu piepalīdzību ar lūgšanām par mums, lai par to mums notikušo žēlastību arī notiek no daudz ļaudīm daudz pateikšanas par mums.
12 Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokwaredi mu, ne titiriw ne bere a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ fi Onyankopɔn adom no mu.
Jo šī ir mūsu slava, mūsu zināmas sirds liecība, ka mēs iekš vientiesības un Dieva skaidrības, ne iekš miesīgas gudrības, bet iekš Dieva žēlastības esam turējušies pasaulē un visvairāk pret jums.
13 Nsɛm a mubetumi akenkan ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ mobɛte biribiara a
Jo mēs cita nekā jums nerakstām, kā vien, ko jūs lasāt, jeb arī saprotat; un es ceru, ka jūs arī pavisam sapratīsiet:
14 monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.
Tā kā jūs kaut cik mūs jau esat sapratuši, ka mēs esam jūsu gods, itin kā arī jūs esat mūsu gods Tā Kunga Jēzus dienā.
15 Na minim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu.
Un tādā uzticībā es jau papriekš gribēju pie jums nākt, ka jūs atkal dabūtu kādu žēlastību,
16 Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea.
Un caur jums iet uz Maķedoniju un atkal no Maķedonijas nākt pie jums, un no jums pavadīts tapt uz Jūdu zemi.
17 Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ nea ɛsɛ sɛ meyɛ hoa ana? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka se “Yiw” anaa “Dabi” sɛnea ɛbɛsɔ afoforo ani?
Vai tad nu to apņemdamies neapdomīgi esmu darījis? Jeb vai pēc miesas prāta to apņemos, ko apņemos, ka pie manis būtu „jā jā“arī „nē nē“?
18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Enti sɛ meka se yɛn mmuae yɛ “Yiw” bere biara a ɛyɛ “Yiw”, ɛnyɛ “Dabi” da.
Bet Dievs ir uzticīgs, ka mūsu vārdi uz jums nav bijuši jā un nē.
19 Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka “Yiw” ne “Dabi” da. Bere biara odi nʼasɛm so.
Jo Dieva Dēls, Jēzus Kristus, kas jūsu starpā caur mums ir sludināts, caur mani un Silvanu un Timoteju, nebija jā un nē, bet jā ir bijis iekš Viņa;
20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.
Jo cik ir Dieva apsolīšanu, tās ir iekš Viņa jā un iekš Viņa Āmen, Dievam par godu caur mums.
21 Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn
Bet Tas, kas mūs un jūs stiprina iekš Kristus, un kas mūs ir svaidījis, Tas ir Dievs;
22 faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
Tas mūs arī ir apzieģelējis un devis Tā Gara ķīlu mūsu sirdīs.
23 Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no.
Bet es Dievu piesaucu par liecinieku savai dvēselei, ka es tādēļ vien vēl neesmu nācis uz Korintu, ka es jūs saudzētu.
24 Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama moagye biribi adi, na mmom mo ahotɔ nti na yɛne mo yɛ adwuma. Efisɛ ɛnam mo ankasa gyidi so na mubegyina pintinn.
Ne tā kā mēs valdām par jūsu ticību, bet mēs esam jūsu prieka palīgi; jo jūs stāvat ticībā.

< 2 Korintofo 1 >