< 2 Beresosɛm 1 >

1 Ɔhene Dawid babarima Salomo soo ahenni no mu den, efisɛ Awurade, ne Nyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.
Salomon, sin Davidov, bio se učvrstio na prijestolju. Jahve, Bog njegov, bijaše s njim i uzvisi ga veoma.
2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraafodɔm ntuanofo, atemmufo, amanyɛ ne mmusua ntuanofo nyinaa.
Salomon se tada obrati svem Izraelu, tisućnicima, satnicima, sucima, svim knezovima izraelskim, glavama obitelji,
3 Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔw Gibeon so baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no asi. Eyi yɛ Ntamadan a Mose a ɔyɛ Awurade somfo sii wɔ sare no so no.
te se on i s njim sav Zbor popeše na uzvišicu koja bješe u Gibeonu, jer je ondje bio Šator sastanka što ga u pustinji podiže Mojsije, sluga Božji.
4 Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afi Kiriat-Yearim de akɔ ntamadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu.
David bijaše prenio Kovčeg Božji iz Kirjat Jearima do mjesta koje je sam pripravio za nj; jer je bio podigao Šator u Jeruzalemu.
5 Nanso na kɔbere mfrafrae afɔremuka a Hur nena a ɔyɛ Uri babarima Besaleel sii no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ.
Tučani žrtvenik što ga napravi Besalel, sin Hurova sina Urija, bijaše ondje pred Prebivalištem Jahvinim, kamo dođoše Salomon i zbor da mu se obrate.
6 Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyew afɔre ahorow apem wɔ so.
Ondje se Salomon pred Jahvom pope na tučani žrtvenik, koji bješe tik do Šatora sastanka, i prinese na njemu tisuću paljenica.
7 Da no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!”
Iste se noći Bog ukaza Salomonu i reče mu: “Traži što da ti dadem.”
8 Salomo buaa Onyankopɔn se, “Wudii mʼagya Dawid nokware na woyɛɛ no adɔe, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene.
Salomon odgovori: “Veoma si naklon bio mome ocu Davidu i zakraljio si mene na njegovo mjesto.
9 Na afei Awurade Nyankopɔn, mesrɛ wo di bɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ wode me asi nnipa a wɔn dodow te sɛ asase so mfutuma so hene.
Bože Jahve, neka se ispuni sada obećanje što si ga dao mome ocu Davidu, jer si me zakraljio nad narodom kojega ima mnogo kao zemaljske prašine.
10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yiye, na hena koraa na obetumi adi wo man kɛse sɛɛ so?”
Daj mi sada mudrost i znanje da uzmognem upravljati ovim narodom, jer tko će upravljati tolikim narodom kao što je ovaj tvoj!”
11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛse ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfo, na woammisa ahode, anuonyam anaa wʼatamfo wu anaa nkwa tenten, na mmom, wubisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bedi me nkurɔfo so yiye nti,
Bog reče Salomonu: “Budući da ti je to u srcu, a nisi iskao ni bogatstva, ni blaga, ni slave, ni smrti neprijatelja i jer nisi tražio duga života nego mudrosti i znanja kako bi upravljao mojim narodom nad kojim te zakraljih,
12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wubisae no. Afei, mɛma wo sika, ahode ne anuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”
dajem ti mudrost i znanje. Ali ti dajem i bogatstva, blaga i slave kakve nije imao nijedan kralj što bješe prije tebe i kakve neće imati ni oni koji dođu poslije tebe.”
13 Na Salomo fii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔw no so no mu san kɔɔ Yerusalem kodii hene wɔ Israel so.
Salomon s uzvišice u Gibeonu ode u Jeruzalem, podalje od Šatora sastanka, i kraljevaše nad Izraelom.
14 Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem.
Sakupi bojnih kola i konjanika: imao je tisuću četiri stotine kola i dvanaest tisuća konjanika i razmjesti ih po gradovima gdje mu bijahu kola i kod sebe u Jeruzalemu.
15 Salomo bere so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida aboɔden nnua nso buu so sɛ ankye nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔw no ase no.
Salomon učini da srebra i zlata bude u Jeruzalemu izobila kao kamenja, a cedrova mnogo kao dudova u Šefeli.
16 Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye.
Konji Salomonovi bili su uvezeni iz Musrija i Koe; kraljevski dvorani kupovahu ih u Koi za srebro.
17 Saa bere no na wotumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbona kilogram ason, na apɔnkɔ nso, wotumi tɔ no nnwetɛbona kilogram abien. Wɔn nso kɔtontɔn wɔn nyinaa maa Hetifo ne Aram ahemfo.
Dovozila su se i prodavala jedna bojna kola iz Egipta po šest stotina srebrnih šekela, a konji po sto i pedeset; to bješe isto tako za sve hetitske i aramejske kraljeve koji su ih uvozili preko njih.

< 2 Beresosɛm 1 >