< 2 Beresosɛm 8 >

1 Salomo dii hene no, ne mfe aduonu so na owiee Awurade Asɔredansi dwumadi kɛse ne nʼankasa ahemfi no si.
و بعد از انقضای بیست سالی که سلیمان خانه خداوند و خانه خود را بنا می‌کرد،۱
2 Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkurow a ɔhene Huram de ama no no so. Osiesiee nkurow no, na ɔmaa Israelfo no kɔtenatenaa mu.
سلیمان شهرهایی را که حورام به سلیمان داده بود تعمیر نمود، و بنی‌اسرائیل را در آنها ساکن گردانید.۲
3 Saa bere no ara mu nso na Salomo ko tiaa kurow Hamat-Soba, dii so nkonim.
و سلیمان به حمات صوبه رفته، آن راتسخیر نمود.۳
4 Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ sare so, na ɔkyekyeree nkurow wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma.
و تدمور را در بیابان و همه شهرهای خزینه را که در حمات بنا کرده بود به اتمام رسانید.۴
5 Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafo Bet-Horon no ho ban. Ɔsan too wɔn afasu no, de apon a wɔbram akyi totoo ano.
و بیت حورون بالا و بیت حورون پایین را بنا نمود که شهرهای حصاردار با دیوارهاو دروازه‌ها و پشت بندها بود.۵
6 Saa ara na ɔsan kyekyeree Baalat ne mmeaemmeae a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, san kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeaemmeae bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa ne koma tɔɔ ne yam.
و بعله و همه شهرهای خزانه را که سلیمان داشت، و جمیع شهرهای ارابه‌ها و شهرهای سواران را و هرآنچه را که سلیمان می‌خواست در اورشلیم و لبنان وتمامی زمین مملکت خویش بنا نماید (بنا نمود).۶
7 Ebesi saa bere no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Na saa nnipa no yɛ Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.
و تمامی کسانی که از حتیان و اموریان و فرزیان و حویان و یبوسیان باقی‌مانده، و از بنی‌اسرائیل نبودند،۷
8 Eyinom yɛ aman a Israel ntɔre wɔn ase korakora no asefo. Ɛno nti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ebesi nnɛ, wɔsom sɛ apaafo.
یعنی از پسران ایشان که در زمین بعد ازایشان باقی‌مانده بودند، و بنی‌اسرائیل ایشان را هلاک نکرده بودند، سلیمان از ایشان تا امروزسخره گرفت.۸
9 Nanso Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafo, mpanyimfo wɔ nʼakofo so ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafo so asahene.
اما از بنی‌اسرائیل سلیمان احدی را برای کار خود به غلامی نگرفت بلکه ایشان مردان جنگی و سرداران ابطال و سرداران ارابه هاو سواران او بودند.۹
10 Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahannu aduonum ma wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma so.
و سروران مقدم سلیمان پادشاه که برقوم حکمرانی می‌کردند دویست وپنجاه نفر بودند.۱۰
11 Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babea fii Dawid kurow mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu. Ɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfi, efisɛ na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”
و سلیمان دختر فرعون را از شهر داود به خانه‌ای که برایش بنا کرده بود آورد، زیرا گفت: «زن من در خانه داود پادشاه اسرائیل ساکن نخواهد شد، چونکه همه جایهایی که تابوت خداوند داخل آنها شده است مقدس می‌باشد.»۱۱
12 Na Salomo bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wasi wɔ Asɔredan no ntwironoo no anim no so, maa Awurade.
آنگاه سلیمان قربانی های سوختنی برمذبح خداوند که آن را پیش رواق بنا کرده بودبرای خداوند گذرانید.۱۲
13 Da biara, wɔbɔɔ afɔre sɛnea Mose de maa wɔn no. Afahyɛ ahorow a wodii no bi ne Homeda, Ɔsram Foforo Da, ne mfirihyia abiɛsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ.
یعنی قربانی های سوختنی قسمت هر روز در روزش برحسب فرمان موسی در روزهای سبت، و غره‌ها و سه مرتبه در هر سال در مواسم یعنی در عید فطیر وعید هفته‌ها و عید خیمه‌ها.۱۳
14 Salomo de asɔfo no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifo no dii ɔmanfo no anim too ayeyi nnwom, na wɔboaa asɔfo no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apon ano ahwɛfo akuwakuw no sisii wɔn apon ano sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa no kyerɛɛ wɔn no.
و فرقه های کاهنان را برحسب امر پدر خود داود بر سر خدمت ایشان معین کرد و لاویان را بر سر شغلهای ایشان تا تسبیح بخوانند و به حضور کاهنان لوازم خدمت هر روز را در روزش بجا آورند و دربانان را برحسب فرقه های ایشان بر هر دروازه (قرارداد)، زیرا که داود مرد خدا چنین امر فرموده بود.۱۴
15 Salomo amman amfi akwankyerɛ a Dawid mae a ɛfa asɔfo, Lewifo ne sikakorabea ho.
و ایشان از حکمی که پادشاه درباره هر امری ودرباره خزانه‌ها به کاهنان و لاویان داده بود تجاوزننمودند.۱۵
16 Na Salomo hwɛɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no si so fi da a wotwaa ne fapem, kosi da a wɔde wiee si no.
پس تمامی کار سلیمان از روزی که بنیادخانه خداوند نهاده شد تا روزی که تمام گشت، نیکو آراسته شد، و خانه خداوند به اتمام رسید.۱۶
17 Akyiri no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Po Kɔkɔɔ mpoano hɔ no.
آنگاه سلیمان به عصیون جابر و به ایلوت که بر کنار دریا در زمین ادوم است، رفت.۱۷
18 Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanyimfo hwɛ so; na emu adwumayɛfo no nim adwuma yiye. Salomo nkurɔfo ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔn dunson brɛɛ Salomo.
وحورام کشتیها و نوکرانی را که در دریا مهارت داشتند به‌دست خادمان خود برای وی فرستاد وایشان با بندگان سلیمان به اوفیر رفتند، وچهارصد و پنجاه وزنه طلا از آنجا گرفته، برای سلیمان پادشاه آوردند.۱۸

< 2 Beresosɛm 8 >