< 2 Beresosɛm 7 >

1 Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya fi ɔsoro bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no, na Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
When Solomon finished praying, fire came down from heaven and burned up the burnt offering and the sacrifices, and the glory of the Lord filled the Temple.
2 Asɔfo no mpo antumi anhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ na Awurade anuonyam ahyɛ hɔ ma.
The priests couldn't enter the Temple of the Lord because the Lord's glory filled the Lord's Temple.
3 Bere a Israelfo nyinaa huu sɛ ogya no reba fam, na Awurade anuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ, sɔree Awurade kamfoo no se, “Oye! Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
When all the Israelites saw the fire coming down and the glory of the Lord in the Temple, they knelt down and bowed their faces to the ground. They worshiped and praised the Lord, saying, “He is good! His trustworthy love lasts forever!”
4 Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfo no nyinaa bɔɔ afɔre maa Awurade.
Then the king and all the people offered sacrifices to the Lord.
5 Ɔhene Salomo de anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu bae sɛ nʼafɔrebɔde. Enti ɔhene no ne manfo no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano.
King Solomon offered a sacrifice of 22,000 cattle and 120,000 sheep. In this way the king and all the people dedicated the Temple of God.
6 Asɔfo no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifo a wɔreto dwom se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa!” no nso yɛe. Wɔde nnwontode a Dawid yɛe sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyigyee nnwonto no ho. Asɔfo a wɔne Lewifo no di nhwɛanim no hyɛn ntorobɛnto, bere a na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ no.
The priests stood at their posts, and the Levites too, with the musical instruments that King David had made for giving praise, and which David had used for praise. They sang, “For his trustworthy love lasts forever!” Opposite them the priests blew trumpets, and all the Israelites stood up.
7 Na afei, Salomo buee adiwo mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɔ ɔhyew afɔre na wɔahyew srade a efi asomdwoe afɔre mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, efisɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a na wasi no esua ma ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne srade afɔre nyinaa no.
After that Solomon dedicated the middle of the courtyard in front of the Temple of the Lord. There he presented burnt offerings and the fat of the friendship offerings, since the bronze altar he had made couldn't hold all the burnt offerings, the grain offerings, and the fat of the offerings.
8 Solomo dii Guankɔbea Afahyɛ toaa so nnanson na nnipadɔm fifi Israel mmusuakuw no nyinaa mu bae. Wofifi akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi Misraim asuwa anafo fam no.
Then over the next seven days Solomon observed the feast with all of Israel, a huge gathering that came from Lebo-hamath to the Wadi of Egypt.
9 Da a ɛto so awotwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawie, efisɛ na wɔde nnanson abue afɔremuka no ano na wɔde nnanson nso adi Guankɔbea Afahyɛ no.
On the eighth day they held a final assembly, for the dedication of the altar had lasted seven days, and the feast another seven days.
10 Afahyɛ no awiei no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyei, efisɛ na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfo Israelfo adi no yiye.
On the twenty-third day of the seventh month, Solomon sent the people home. They were still celebrating and really happy for the goodness that the Lord had shown to David, for Solomon, and for his people Israel.
11 Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfi no si. Owiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
After Solomon had finished the Temple of the Lord and the royal palace, having successfully accomplished everything he'd wanted to do for the Temple of the Lord and for his own palace,
12 Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no se, “Mate wo mpaebɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ baabi a wɔmmɔ afɔre.
the Lord appeared to him at night and told him: “I have heard your prayer and have chosen this place for myself as a Temple of sacrifice.
13 “Ɛtɔ da a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osu rentɔ, anaa ebia mɛma mmoadabi abɛsɛe mo nnɔbae anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so.
If I were to close shut the sky so there is no rain, or command the locust to devour the land, or send a plague among my people,
14 Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare.
and if my people who are called by my name humble themselves and pray and return to me, and turn away from their wicked ways, then I will hear from heaven, forgive their sins, and heal their land.
15 Mpae biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, metie,
Now my eyes will be open, and my ears will pay attention to the prayers offered in this place,
16 efisɛ mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fi daa daa. Mʼaniwa ne me koma bɛtena ha daa.
for I have chosen and consecrated this Temple so that I may be honored there forever. I will always watch over it and take care of it for it really matters to me.
17 “Na wo de, sɛ wudi mʼakyi sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na wutie mʼahyɛde, di me mmara nyinaa so a,
As for you, if you follow my ways as your father David did, doing everything I've told you to do, and if you keep my laws and regulations,
18 meremma obiara mfa wʼahengua nkɔ. Saa bɔ koro yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid bere a mekaa se, ‘Meremma onipa a obedi Israel so hene mmɔ no no.’
then I will make sure your reign is secure. I made this agreement with your father David, telling him, ‘You will always have a descendant to rule over Israel.’
19 “Nanso, sɛ wugyaw me, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na wokɔsom anyame foforo a,
But if you turn away and ignore the laws and the commandments I have given you, and if you go and serve and worship other gods,
20 ɛno de, metutu Israelfo ase afi mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din anuonyam no. Mɛyɛ no ahohorade ama aman nyinaa ahu.
then I will pull you up from the land I gave you. I will banish from my presence this Temple I have dedicated to my honor, and I will make it an object lesson of ridicule among the nations.
21 Ɛwɔ mu, saa asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso ɛbɛyɛ atantanne ama wɔn a wotwa mu wɔ ho no. Wobebisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sɛɛ aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’
This Temple that now is so respected will become so spoiled that passers-by will say, ‘Why has the Lord acted in such a way to this land and this Temple?’
22 Na mmuae bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ ne nkurɔfo poo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim, kɔsom anyame foforo. Ɛno nti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’”
The answer will come, ‘Because they abandoned the Lord, the God of their fathers, who brought them out of Egypt, and have clung to other gods, worshiping them and serving them. That's why the Lord has brought all this trouble upon them.’”

< 2 Beresosɛm 7 >