< 2 Beresosɛm 6 >

1 Na Salomo bɔɔ mpae se, “Awurade, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu.
אז אמר שלמה יהוה אמר לשכון בערפל
2 Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wubetumi atena afebɔɔ.”
ואני בניתי בית זבל לך ומכון לשבתך עולמים
3 Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se,
ויסב המלך את פניו ויברך את כל קהל ישראל וכל קהל ישראל עומד
4 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ ɔka kyerɛɛ mʼagya se,
ויאמר ברוך יהוה אלהי ישראל אשר דבר בפיו את דויד אבי ובידיו מלא לאמר
5 ‘Efi da a miyii me nkurɔfo fii Misraim no, minyii kuropɔn biara mfii Israel mmusuakuw no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wosi Asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Ɛnna nso, minyii ɔhene biara sɛ onni me nkurɔfo Israelfo anim.
מן היום אשר הוצאתי את עמי מארץ מצרים לא בחרתי בעיר מכל שבטי ישראל לבנות בית להיות שמי שם ולא בחרתי באיש להיות נגיד על עמי ישראל
6 Nanso afei mayi Yerusalem sɛ kuropɔn no, ne Dawid sɛ ɔhene no.’”
ואבחר בירושלם להיות שמי שם ואבחר בדויד להיות על עמי ישראל
7 Afei, Salomo kae se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam.
ויהי עם לבב דויד אבי לבנות בית לשם יהוה אלהי ישראל
8 Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam,
ויאמר יהוה אל דויד אבי יען אשר היה עם לבבך לבנות בית לשמי--הטיבות כי היה עם לבבך
9 nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’
רק אתה לא תבנה הבית כי בנך היוצא מחלציך הוא יבנה הבית לשמי
10 “Na afei Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam.
ויקם יהוה את דברו אשר דבר ואקום תחת דויד אבי ואשב על כסא ישראל כאשר דבר יהוה ואבנה הבית לשם יהוה אלהי ישראל
11 Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfo yɛe no hyɛ.”
ואשים שם את הארון אשר שם ברית יהוה אשר כרת עם בני ישראל
12 Na Salomo trɛw ne nsam wɔ Awurade afɔremuka ne Israel manfo no nyinaa anim.
ויעמד לפני מזבח יהוה נגד כל קהל ישראל ויפרש כפיו
13 Na wabɔ kɔbere mfrafrae apa a ne ntwemu yɛ anammɔn ason ne fa, ne trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa, de asi asɔredan no adiwo mfimfini. Ogyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Obuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro.
כי עשה שלמה כיור נחשת ויתנהו בתוך העזרה--חמש אמות ארכו וחמש אמות רחבו ואמות שלוש קומתו ויעמד עליו ויברך על ברכיו נגד כל קהל ישראל ויפרש כפיו השמימה
14 Ɔbɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wotie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛde nyinaa.
ויאמר יהוה אלהי ישראל אין כמוך אלהים--בשמים ובארץ שמר הברית והחסד לעבדיך ההלכים לפניך בכל לבם
15 Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
אשר שמרת לעבדך דויד אבי את אשר דברת לו ותדבר בפיך ובידך מלאת כיום הזה
16 “Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ, woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo bɔ wɔn bra yiye, na wodi me mmara so sɛnea woayɛ no a, wobedi Israel so hene daa daa.’
ועתה יהוה אלהי ישראל שמר לעבדך דויד אבי את אשר דברת לו לאמר לא יכרת לך איש מלפני יושב על כסא ישראל רק אם ישמרו בניך את דרכם ללכת בתורתי כאשר הלכת לפני
17 Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo somfo Dawid no so.
ועתה יהוה אלהי ישראל יאמן דברך אשר דברת לעבדך לדויד
18 “Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo.
כי האמנם ישב אלהים את האדם על הארץ הנה שמים ושמי השמים לא יכלכלוך--אף כי הבית הזה אשר בניתי
19 Tie me mpaebɔ ne mʼabisade, Awurade, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ ne mpae a wo somfo rebɔ no.
ופנית אל תפלת עבדך ואל תחנתו--יהוה אלהי לשמע אל הרנה ואל התפלה אשר עבדך מתפלל לפניך
20 Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no.
להיות עיניך פתחות אל הבית הזה יומם ולילה--אל המקום אשר אמרת לשום שמך שם לשמוע אל התפלה אשר יתפלל עבדך אל המקום הזה
21 Tie mʼahobrɛase ne nokware adebisa a me ne wo nkurɔfo Israelfo bɔ mpae wɔ ha de to wʼanim no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro faako a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ.
ושמעת אל תחנוני עבדך ועמך ישראל אשר יתפללו אל המקום הזה ואתה תשמע ממקום שבתך מן השמים--ושמעת וסלחת
22 “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a,
אם יחטא איש לרעהו ונשא בו אלה להאלתו ובא אלה לפני מזבחך--בבית הזה
23 tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no.
ואתה תשמע מן השמים ועשית ושפטת את עבדיך להשיב לרשע לתת דרכו בראשו ולהצדיק צדיק לתת לו כצדקתו
24 “Sɛ wo nkurɔfo Israelfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔn atamfo di wɔn so nkonim na wɔsan ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan yi mu a,
ואם ינגף עמך ישראל לפני אויב--כי יחטאו לך ושבו והודו את שמך והתפללו והתחננו לפניך בבית הזה
25 tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
ואתה תשמע מן השמים וסלחת לחטאת עמך ישראל והשיבותם אל האדמה אשר נתתה להם ולאבתיהם
26 “Sɛ wo nkurɔfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔto ɔsoro mu na osu antɔ na wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a,
בהעצר השמים ולא יהיה מטר כי יחטאו לך והתפללו אל המקום הזה והודו את שמך--מחטאתם ישובון כי תענם
27 tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn ade trenee yɛ, na tɔ osu gu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so.
ואתה תשמע השמים וסלחת לחטאת עבדיך ועמך ישראל--כי תורם אל הדרך הטובה אשר ילכו בה ונתתה מטר על ארצך אשר נתתה לעמך לנחלה
28 “Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no,
רעב כי יהיה בארץ דבר כי יהיה שדפון וירקון ארבה וחסיל כי יהיה כי יצר לו איביו בארץ שעריו כל נגע וכל מחלה
29 sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a,
כל תפלה כל תחנה אשר יהיה לכל האדם ולכל עמך ישראל--אשר ידעו איש נגעו ומכאבו ופרש כפיו אל הבית הזה
30 tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfo no ma wɔn, na wo na wunim wɔn koma mu, efisɛ wo nko ara na wunim nnipa koma mu.
ואתה תשמע מן השמים מכון שבתך וסלחת ונתתה לאיש ככל דרכיו אשר תדע את לבבו כי אתה לבדך ידעת את לבב בני האדם
31 Ɛno akyi no wobesuro wo na wɔanantew wʼakwan so mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.
למען ייראוך ללכת בדרכיך כל הימים אשר הם חיים על פני האדמה--אשר נתתה לאבתינו
32 “Na sɛ ananafo te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnne akɛse no, na wofi akyirikyiri bɛsom wo din kɛse no, bɔ mpae de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a,
וגם אל הנכרי אשר לא מעמך ישראל הוא ובא מארץ רחוקה למען שמך הגדול וידך החזקה וזרועך הנטויה ובאו והתפללו אל הבית הזה
33 tie fi ɔsoro nea wote hɔ, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahu, asuro wo, sɛnea wo nkurɔfo Israelfo no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso behu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masi yi so.
ואתה תשמע מן השמים ממכון שבתך ועשית ככל אשר יקרא אליך הנכרי למען ידעו כל עמי הארץ את שמך וליראה אתך כעמך ישראל ולדעת כי שמך נקרא על הבית הזה אשר בניתי
34 “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ Awurade fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a,
כי יצא עמך למלחמה על איביו בדרך אשר תשלחם והתפללו אליך דרך העיר הזאת אשר בחרת בה והבית אשר בניתי לשמך
35 tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn.
ושמעת מן השמים את תפלתם ואת תחנתם ועשית משפטם
36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn ama wɔn atamfo adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn.
כי יחטאו לך כי אין אדם אשר לא יחטא ואנפת בם ונתתם לפני אויב ושבום שוביהם אל ארץ רחוקה או קרובה
37 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’
והשיבו אל לבבם בארץ אשר נשבו שם ושבו והתחננו אליך בארץ שבים לאמר חטאנו העוינו ורשענו
38 na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpae fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi ho a,
ושבו אליך בכל לבם ובכל נפשם בארץ שבים אשר שבו אתם והתפללו דרך ארצם אשר נתתה לאבותם והעיר אשר בחרת ולבית אשר בניתי לשמך
39 tie wɔn mpaebɔ no fi ɔsoro, nea wote hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfo ayɛ atia wo no kyɛ wɔn.
ושמעת מן השמים ממכון שבתך את תפלתם ואת תחנתיהם ועשית משפטם וסלחת לעמך אשר חטאו לך
40 “Afei me Nyankopɔn, bue wʼaniwa na wɛn wʼaso tie mpae a wɔbɔ wɔ ha no nyinaa.
עתה אלהי יהיו נא עיניך פתחות ואזניך קשבות--לתפלת המקום הזה
41 “Afei, Awurade Nyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea,
ועתה קומה יהוה אלהים לנוחך--אתה וארון עזך כהניך יהוה אלהים ילבשו תשועה וחסידיך ישמחו בטוב
42 “Awurade Nyankopɔn, nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.
יהוה אלהים אל תשב פני משיחך זכרה לחסדי דויד עבדך

< 2 Beresosɛm 6 >