< 2 Beresosɛm 5 >

1 Bere a Salomo wiee Awurade Asɔredan no si ho dwumadi no, ɔde akyɛde a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no bae. Wɔkoraa eyinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea hɔ.
Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade Asɔredan no sie ho dwumadie no, ɔde akyɛdeɛ a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no baeɛ. Wɔkoraa yeinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea mu.
2 Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuw ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wommehyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ woyi Awurade Apam Adaka no fi baabi a esi wɔ Dawid kurow a na wɔsan frɛ hɔ Sion no, de kɔ beae foforo wɔ Asɔredan no mu hɔ.
Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuo ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔmmɛhyia Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔyi Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛsi wɔ Dawid kuro a na wɔsane frɛ hɔ Sion no, de kɔ beaeɛ foforɔ wɔ Asɔredan no mu hɔ.
3 Ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirihyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim.
Bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirinhyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa bɛhyiaa ɔhene anim.
4 Bere a Israel mpanyimfo beduu hɔ no, Lewifo no pagyaw Adaka no
Ɛberɛ a mpanimfoɔ no bɛduruu Israel no, Lewifoɔ no pagyaa Adaka no
5 ne ntamadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifo asɔfo no soa kɔɔ Asɔredan no mu.
ne ntomadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifoɔ asɔfoɔ no soa kɔɔ Asɔredan no mu.
6 Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.
Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim.
7 Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase.
Afei, asɔfoɔ no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ, de kɔhyɛɛ Kerubim no ntaban ase.
8 Na kerubim no ntaban trɛw wɔ Adaka a ne nnua hyehyɛ ho no so, te sɛ kyinii.
Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so.
9 Na nnua no woware yiye; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ohu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ.
Na nnua no woware yie; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ɔhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
10 Na biribiara nni adaka no mu sɛ abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb, bere a Awurade ne Israelfo a na wɔatu afi Misraim no yɛɛ apam no.
Na biribiara nni adaka no mu sɛ aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb wɔ ɛberɛ a Awurade ne Israelfoɔ a na wɔatu afiri Misraim no yɛɛ apam no.
11 Afei, asɔfo no fii kronkronbea hɔ. Saa bere yi, na asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi di anaa wonni hwee yɛ, adwira wɔn ho.
Afei, asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ. Saa ɛberɛ yi, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi die anaa wɔnni hwee yɛ, adwira wɔn ho.
12 Lewifo nnwontofo, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmabarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera batakari gyinagyinaa afɔremuka no apuei fam, na wɔbɔɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten. Asɔfo ɔha aduonu a wɔrehyɛn torobɛnto bɛkaa wɔn ho.
Lewifoɔ nnwomtofoɔ, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmammarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera mmatakari gyinagyinaa afɔrebukyia no apueeɛ fam, na wɔbɔɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten. Asɔfoɔ ɔha aduonu a wɔrehyɛn totorobɛnto bɛkaa wɔn ho.
13 Ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so kamfoo Awurade sɛ: “Oye! Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!” Saa bere no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma.
Ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwomtofoɔ no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so, kamfoo Awurade sɛ: “Ɔyɛ! Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” Saa ɛberɛ no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma.
14 Asɔfo no antumi antoa wɔn adwuma no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.
Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn adwuma no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.

< 2 Beresosɛm 5 >