< 2 Beresosɛm 35 >

1 Yosia dii Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem na wokum Twam guamma no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan.
ויעש יאשיהו בירושלם פסח ליהוה וישחטו הפסח בארבעה עשר לחדש הראשון׃
2 Yosia maa asɔfo no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadi mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
ויעמד הכהנים על משמרותם ויחזקם לעבודת בית יהוה׃
3 Ɔhyɛɛ Lewifo a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel no se, “Esiane sɛ mprempren Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa wɔ mo mmati so de adi akɔneaba nti, momfa mo mmere nsom Awurade, mo Nyankopɔn ne ne nkurɔfo Israel.
ויאמר ללוים המבונים לכל ישראל הקדושים ליהוה תנו את ארון הקדש בבית אשר בנה שלמה בן דויד מלך ישראל אין לכם משא בכתף עתה עבדו את יהוה אלהיכם ואת עמו ישראל׃
4 Monkɔ mo nnwuma so sɛnea mo agyanom mmusua nkyekyɛmu no te, ne sɛnea Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛde a wɔakyerɛw no kyerɛ.
והכונו לבית אבותיכם כמחלקותיכם בכתב דויד מלך ישראל ובמכתב שלמה בנו׃
5 “Munnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no bere a wɔde wɔn afɔre aba Asɔredan mu no.
ועמדו בקדש לפלגות בית האבות לאחיכם בני העם וחלקת בית אב ללוים׃
6 Munkum Twam nguamma no, na munnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛde biara a Awurade nam Mose so de mae no, munni so.”
ושחטו הפסח והתקדשו והכינו לאחיכם לעשות כדבר יהוה ביד משה׃
7 Na Yosia fii nea ɔwɔ mu, maa nguantenmma ne mmirekyimma mpem aduasa ne anantwinini mpem abiɛsa sɛ nnipa no Twam afɔrebɔde.
וירם יאשיהו לבני העם צאן כבשים ובני עזים הכל לפסחים לכל הנמצא למספר שלשים אלף ובקר שלשת אלפים אלה מרכוש המלך׃
8 Ɔhene no mpanyimfo nso fi wɔn pɛ mu boaa ɔmanfo, asɔfo ne Lewifo no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanyimfo nso maa asɔfo no nguantenmma ne mmirekyimma mpem abien ne ahansia ne anantwinini ahaasa sɛ Twam afɔrebɔde.
ושריו לנדבה לעם לכהנים וללוים הרימו חלקיה וזכריהו ויחיאל נגידי בית האלהים לכהנים נתנו לפסחים אלפים ושש מאות ובקר שלש מאות׃
9 Lewifo ntuanofo Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifo nguantenmma ne mmirekyimma mpem anum ne anantwinini ahannum sɛ wɔn Twam afɔrebɔde.
וכונניהו ושמעיהו ונתנאל אחיו וחשביהו ויעיאל ויוזבד שרי הלוים הרימו ללוים לפסחים חמשת אלפים ובקר חמש מאות׃
10 Bere a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awiei no, asɔfo ne Lewifo no gyinagyinaa wɔn afa sɛnea ɔhene no ahyehyɛ ama akuwakuw no.
ותכון העבודה ויעמדו הכהנים על עמדם והלוים על מחלקותם כמצות המלך׃
11 Lewifo no kunkum Twam nguamma no, na wɔde mogya no maa asɔfo no, na wɔde petee afɔremuka no so bere a na Lewifo no regua mmoa no.
וישחטו הפסח ויזרקו הכהנים מידם והלוים מפשיטים׃
12 Wɔkyekyɛɛ ɔhyew afɔrebɔde no maa ɔmanfo no sɛnea wɔn mmusua nkyekyɛmu no te, na wɔatumi de abɔ afɔre ama Awurade, sɛnea mmara a wɔakyerɛw agu Mose nhoma no mu no kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso.
ויסירו העלה לתתם למפלגות לבית אבות לבני העם להקריב ליהוה ככתוב בספר משה וכן לבקר׃
13 Wɔtotoo Twam nguamma no sɛnea wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔde kronkron no wɔ nkuku, dadesɛn ne nkankyee mu de baa ntɛm so sɛnea ɔmanfo no betumi awe.
ויבשלו הפסח באש כמשפט והקדשים בשלו בסירות ובדודים ובצלחות ויריצו לכל בני העם׃
14 Akyiri no, Lewifo yɛɛ wɔn ne asɔfo no aduan, efisɛ na asɔfo no ayɛ adwuma fi anɔpa kosi anadwo a wɔrebɔ ɔhyew afɔre no na wɔrehyew srade no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifo no na wogye too wɔn ho so yɛe.
ואחר הכינו להם ולכהנים כי הכהנים בני אהרן בהעלות העולה והחלבים עד לילה והלוים הכינו להם ולכהנים בני אהרן׃
15 Asaf asefo nnwom ho nimdefo no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛnea Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponanohwɛfo no wɛn apon no a na ɛho nhia sɛ wofi wɔn nnwuma so, efisɛ na wɔn mfɛfo Lewifo no de wɔn nnuan kɔma wɔn wɔ hɔ.
והמשררים בני אסף על מעמדם כמצות דויד ואסף והימן וידתון חוזה המלך והשערים לשער ושער אין להם לסור מעל עבדתם כי אחיהם הלוים הכינו להם׃
16 Awurade Twam Afahyɛ no baa awiei da no. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa wɔ Awurade afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no.
ותכון כל עבודת יהוה ביום ההוא לעשות הפסח והעלות עלות על מזבח יהוה כמצות המלך יאשיהו׃
17 Israelfo a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam ne Apiti Afahyɛ no.
ויעשו בני ישראל הנמצאים את הפסח בעת ההיא ואת חג המצות שבעת ימים׃
18 Efi odiyifo Samuel bere so no, wonnii Twam sɛɛ da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam sɛnea Yosia yɛe a ɔmaa asɔfo, Lewifo, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wofi Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho.
ולא נעשה פסח כמהו בישראל מימי שמואל הנביא וכל מלכי ישראל לא עשו כפסח אשר עשה יאשיהו והכהנים והלוים וכל יהודה וישראל הנמצא ויושבי ירושלם׃
19 Wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahenni mfirihyia dunwɔtwe so.
בשמונה עשרה שנה למלכות יאשיהו נעשה הפסח הזה׃
20 Yosia siesiee Asɔredan no wiei no, Misraimhene Neko dii nʼakofo anim fii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asu Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakofo nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko.
אחרי כל זאת אשר הכין יאשיהו את הבית עלה נכו מלך מצרים להלחם בכרכמיש על פרת ויצא לקראתו יאשיהו׃
21 Nanso ɔhene Neko tuu abɔfo de nkra yi kɔmaa Yosia: “Dɛn na wo Yudahene hwehwɛ afi me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa nnɛ! Nea mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me se, menyɛ no ntɛm. Ntwintwan Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.”
וישלח אליו מלאכים לאמר מה לי ולך מלך יהודה לא עליך אתה היום כי אל בית מלחמתי ואלהים אמר לבהלני חדל לך מאלהים אשר עמי ואל ישחיתך׃
22 Nanso Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annan nʼani. Mmom, odii nʼakofo anim kɔkoo wɔ Megido tataw so. Ɔworɔw nʼahentade no guu nkyɛn baabi sɛnea atamfo no renhu no.
ולא הסב יאשיהו פניו ממנו כי להלחם בו התחפש ולא שמע אל דברי נכו מפי אלהים ויבא להלחם בבקעת מגדו׃
23 Nanso atamfo agyantowfo no tow bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne mmarima se, “Momfa me mfi akono ha, efisɛ mapira pira bɔne.”
וירו הירים למלך יאשיהו ויאמר המלך לעבדיו העבירוני כי החליתי מאד׃
24 Enti woyii Yosia fii ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforo mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na owui. Wosiee no hɔ wɔ adehye amusiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayi.
ויעבירהו עבדיו מן המרכבה וירכיבהו על רכב המשנה אשר לו ויוליכהו ירושלם וימת ויקבר בקברות אבתיו וכל יהודה וירושלם מתאבלים על יאשיהו׃
25 Odiyifo Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ebesi nnɛ yi, nnwontofo to saa kwadwom a ɛfa ne wu no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanne a wɔakyerɛw ahyɛ Kwadwom Nhoma mu.
ויקונן ירמיהו על יאשיהו ויאמרו כל השרים והשרות בקינותיהם על יאשיהו עד היום ויתנום לחק על ישראל והנם כתובים על הקינות׃
26 Yosia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama sɛnea Awurade mmara te no,
ויתר דברי יאשיהו וחסדיו ככתוב בתורת יהוה׃
27 fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu.
ודבריו הראשנים והאחרנים הנם כתובים על ספר מלכי ישראל ויהודה׃

< 2 Beresosɛm 35 >