< 2 Beresosɛm 34 >
1 Yosia bedii ade no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduasa baako.
Josias était âgé de huit ans lorsqu’il commença de régner; et il régna 31 ans à Jérusalem.
2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.
Et il fit ce qui est droit aux yeux de l’Éternel, et marcha dans les voies de David, son père, et ne s’en écarta ni à droite ni à gauche.
3 Yosia fii ase hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Nyankopɔn akyi kwan bere a na ɔda so yɛ abofra a wadi ade mfe awotwe no. Ne mfe dumien so no, odwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom nsɔree so nyinaa, Asera nnua, ahoni a wɔasen ne nsɛsode a wɔagu no nyinaa.
Et la huitième année de son règne, lorsqu’il était encore un jeune garçon, il commença de rechercher le Dieu de David, son père; et la douzième année, il commença de purifier Juda et Jérusalem des hauts lieux, et des ashères, et des images taillées, et des images de fonte.
4 Ɔhwɛ ma wobubuu Baal afɔremuka no ne nnuhuam afɔremuka no nyinaa gui. Ɔma wɔdwerɛw Asera nnua ne ahoni nyinaa, na wɔtow petee awufo a wɔbɔɔ saa afɔre no nna so.
Et on démolit devant lui les autels des Baals, et il abattit les colonnes consacrées au soleil, qui étaient en haut au-dessus d’eux; et il brisa les ashères, et les images taillées et les images de fonte, et les broya, et en répandit la poussière sur les sépulcres de ceux qui leur avaient sacrifié;
5 Ɔhyew akɔmfo no nnompe no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem.
et il brûla les os des sacrificateurs sur leurs autels. Et il purifia Juda et Jérusalem.
6 Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkurow so de koduu Naftali.
Et dans les villes de Manassé, et d’Éphraïm, et de Siméon, et jusqu’à Nephthali, dans leurs ruines, tout à l’entour,
7 Ɔsɛee abosonsomfo afɔremuka, Asera nnua, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Odwiriw nnuhuam afɔremuka a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsan kɔɔ Yerusalem.
il démolit les autels, et mit en pièces, jusqu’à les réduire en poussière, les ashères et les images taillées, et abattit toutes les colonnes consacrées au soleil, dans tout le pays d’Israël; et il s’en retourna à Jérusalem.
8 Nʼadedi mfe dunwɔtwe so no a owiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehye abakɔsɛm kyerɛwfo, sɛ wonsiesie Awurade, ne Nyankopɔn asɔredan no.
Et la dix-huitième année de son règne, lors de la purification du pays et de la maison, il envoya Shaphan, fils d’Atsalia, et Maascéïa, le chef de la ville, et Joakh, fils de Joakhaz, le rédacteur des chroniques, pour réparer la maison de l’Éternel, son Dieu.
9 Wɔde sika a Lewifo a wɔsom sɛ aponanohwɛfo agyigyee wɔ Onyankopɔn Asɔredan ho no maa ɔsɔfopanyin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfo ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfo na wɔde akyɛde no bae.
Et ils vinrent chez Hilkija, le grand sacrificateur; et on [leur] remit l’argent qui avait été apporté dans la maison de Dieu [et] que les lévites, gardiens du seuil, avaient recueilli de la main de Manassé et d’Éphraïm, et de tout le reste d’Israël, et de tout Juda et Benjamin, et des habitants de Jérusalem.
10 Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ, nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wotuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka.
Et ils le remirent en la main de ceux qui faisaient l’ouvrage, qui étaient préposés [sur le travail] dans la maison de l’Éternel; et ceux-ci le remirent aux ouvriers qui travaillaient dans la maison de l’Éternel pour refaire et réparer la maison:
11 Wɔbɔɔ nnuadwumfo ne adansifo paa, tɔɔ abo a wɔatwa a wɔde besiesie afasu no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsɛmso ne mpuran. Wosiesie nea anka Yuda ahemfo a wodii kan no rema asɛe no.
ils le remirent aux charpentiers et aux constructeurs pour acheter des pierres de taille, et des bois pour les assemblages, et pour faire la charpenterie des maisons que les rois de Juda avaient détruites.
12 Adwumayɛfo no de nokwaredi yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifo a wofi Merarifo abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifo a wofi Kohatfo abusua mu na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so. Lewifo a wɔaka a wɔn nyinaa wɔ nnwontode ho nimdeɛ no,
Et ces hommes faisaient le travail avec fidélité. Et sur eux étaient préposés Jakhath et Abdias, lévites d’entre les fils de Merari, et Zacharie et Meshullam d’entre les fils des Kehathites, pour la surveillance; et tous ces lévites étaient habiles à [jouer] des instruments de musique.
13 wɔma wɔhwɛɛ adwumayɛfo akuw ahorow no so. Na afoforo bi nso yɛɛ adwuma sɛ akyerɛwfo, mpanyimfo ne aponanohwɛfo.
Et [ils étaient préposés] sur les portefaix, et ils surveillaient tous ceux qui étaient occupés à toute sorte de service. Et les scribes, et les intendants, et les portiers étaient d’entre les lévites.
14 Na ɔsɔfopanyin Hilkia rekyerɛkyerɛw sika a wɔagyigye wɔ Awurade Asɔredan no ho no, ohuu Awurade mmara nhoma a wɔnam Mose so de mae no.
Et comme on sortait l’argent qui avait été apporté dans la maison de l’Éternel, Hilkija, le sacrificateur, trouva le livre de la loi de l’Éternel [donnée] par Moïse.
15 Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asennii kyerɛwfo no se, “Mahu mmara nhoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan.
Et Hilkija prit la parole et dit à Shaphan, le scribe: J’ai trouvé le livre de la loi dans la maison de l’Éternel. Et Hilkija donna le livre à Shaphan.
16 Safan de nhoma mmobɔwee no kɔmaa ɔhene kae se, “Wo mpanyimfo no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
Et Shaphan apporta le livre au roi; et de plus il rendit compte au roi, disant: Tout ce qui a été remis en la main de tes serviteurs, ils l’exécutent;
17 Wɔatua sika a wogyigyee wɔ Awurade Asɔredan no mu no na wɔde ahyɛ wɔn a wɔhwɛ so no ne adwumayɛfo no nsa.”
et ils ont versé l’argent qui s’est trouvé dans la maison de l’Éternel, et l’ont remis entre les mains des préposés et entre les mains de ceux qui font l’ouvrage.
18 Safan ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfopanyin Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene.
Et Shaphan, le scribe, raconta au roi, disant: Hilkija, le sacrificateur, m’a donné un livre. Et Shaphan y lut devant le roi.
19 Bere a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu.
Et il arriva, quand le roi entendit les paroles de la loi, qu’il déchira ses vêtements.
20 Ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se,
Et le roi commanda à Hilkija, et à Akhikam, fils de Shaphan, et à Abdon, fils de Michée, et à Shaphan, le scribe, et à Asçaïa, serviteur du roi, disant:
21 “Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkae nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma mmobɔwee a wɔahu no mu ho nsɛm. Awurade abufuw aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ nea nhoma mmobɔwee yi ka sɛ yɛnyɛ no.”
Allez, consultez l’Éternel pour moi et pour ce qui est de reste en Israël et en Juda, touchant les paroles du livre qui a été trouvé; car grande est la fureur de l’Éternel, qui s’est déversée sur nous, parce que nos pères n’ont pas gardé la parole de l’Éternel, pour faire selon tout ce qui est écrit dans ce livre.
22 Hilkia ne mmarima a wɔaka no kɔɔ odiyifobea Hulda a na ɔyɛ Tikwat babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nena nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ se Misne.
Et Hilkija et les gens du roi allèrent vers Hulda, la prophétesse, femme de Shallum, fils de Thokehath, fils de Hasra, qui avait la garde des vêtements; et elle habitait à Jérusalem dans le second quartier de la ville; et ils lui parlèrent selon ces choses.
23 Ɔbea no ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se,
Et elle leur dit: Ainsi dit l’Éternel, le Dieu d’Israël: Dites à l’homme qui vous a envoyés vers moi:
24 ‘Sɛnea Awurade se ni: Akyinnye biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kurow yi ne emu nnipa. Nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a moakenkan yi mu nyinaa bɛba mu.
Ainsi dit l’Éternel: Voici, je fais venir du mal sur ce lieu et sur ses habitants, toutes les malédictions qui sont écrites dans le livre qu’on a lu devant le roi de Juda.
25 Efisɛ nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfo anyame. Ɛno nti, me bo afuw wɔn yiye wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuw behwie agu saa beae ha, na biribiara rentumi nsiw ano.’
Parce qu’ils m’ont abandonné et qu’ils ont brûlé de l’encens à d’autres dieux, pour me provoquer à colère par toutes les œuvres de leurs mains, ma fureur se déversera sur ce lieu, et elle ne s’éteindra point.
26 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho.
Et au roi de Juda qui vous a envoyés pour consulter l’Éternel, vous direz ainsi: Ainsi dit l’Éternel, le Dieu d’Israël, quant aux paroles que tu as entendues:
27 Bere a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne mu nnipa no, ɛhaw wo ma wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometew sunsuan wʼatade mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti nokware, mate wo nne, Awurade na ose.
Parce que ton cœur a été sensible, et que tu t’es humilié devant Dieu quand tu as entendu ses paroles contre ce lieu et contre ses habitants, et parce que tu t’es humilié devant moi, et que tu as déchiré tes vêtements, et que tu as pleuré devant moi, moi aussi j’ai entendu, dit l’Éternel.
28 Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kosi sɛ wubewu na wɔasie wo asomdwoe mu. Worenhu amane a mede bɛba beae yi so.’” Enti wɔsan de ɔbea no nkra kɔmaa ɔhene no.
Voici, je vais te recueillir auprès de tes pères, et tu seras recueilli en paix dans tes sépulcres, et tes yeux ne verront pas tout le mal que je fais venir sur ce lieu, et sur ses habitants. Et ils rapportèrent au roi [cette] parole.
29 Na ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem ntuanofo nyinaa.
Et le roi envoya, et assembla tous les anciens de Juda et de Jérusalem.
30 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo nyinaa ne asɔfo ne Lewifo, nnipa no nyinaa, fi ɔkɛse so kosi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan apam nhoma a wohuu wɔ Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn.
Et le roi monta à la maison de l’Éternel, et tous les hommes de Juda, et les habitants de Jérusalem, et les sacrificateurs, et les lévites, et tout le peuple, depuis le grand jusqu’au petit; et on lut, eux l’entendant, toutes les paroles du livre de l’alliance qui avait été trouvé dans la maison de l’Éternel.
31 Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na otii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi Awurade mmaransɛm, ahyɛde ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, obedi apam no mu nhyehyɛe a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu no so.
Et le roi se tint debout à sa place, et fit cette alliance devant l’Éternel, de marcher après l’Éternel et de garder ses commandements et ses témoignages et ses statuts, de tout son cœur et de toute son âme, pour pratiquer les paroles de l’alliance, écrites dans ce livre.
32 Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no se, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no mu.
Et il fit entrer [dans l’alliance] tous ceux qui se trouvaient à Jérusalem et en Benjamin; et les habitants de Jérusalem firent selon l’alliance de Dieu, du Dieu de leurs pères.
33 Enti Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwade no fii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Nyankopɔn. Na ne nkwanna a aka no mu no nyinaa, wɔannan wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Nyankopɔn no da.
Et Josias ôta toutes les abominations de tous les pays qui appartenaient aux fils d’Israël, et obligea tous ceux qui se trouvaient en Israël à servir l’Éternel, leur Dieu. Pendant tous ses jours, ils ne se détournèrent pas de l’Éternel, le Dieu de leurs pères.