< 2 Beresosɛm 33 >

1 Bere a Manase dii ade no, na wadi mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum.
منسی دوازده ساله بود که پادشاه شد و پنجاه و پنج سال در اورشلیم سلطنت کرد.
2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no.
او از اعمال قبیح قومهای بت‌پرستی که خداوند آنها را از کنعان بیرون رانده بود، پیروی می‌کرد و نسبت به خداوند گناه می‌ورزید.
3 Ɔsan sisii nsɔree a nʼagya Hesekia sɛee no no. Osii afɔremuka maa Baal ahoni, sisii Asera nnua. Ɔsan kotow nsoromma a ɛwɔ wim no nyinaa, som wɔn.
منسی معبدهای بالای تپه‌ها را که پدرش حِزِقیا خراب کرده بود دوباره بنا نمود، مذبحهایی برای بعل درست کرد و بتهای شرم‌آور اشیره را ساخت. منسی آفتاب و ماه و ستارگان را پرستش می‌کرد و برای آنها مذبحهایی ساخت و آنها را در حیاط خانهٔ خداوند قرار داد، یعنی در همان خانه و اورشلیم که خداوند تا به ابد برای نام خود برگزیده بود.
4 Mpo, osisii abosonsom afɔremuka wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka se, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wodi ne din ni afebɔɔ no.
5 Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no.
6 Manase de ɔno ankasa mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bon mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ samanfrɛfo ne adunsifo nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuwii.
منسی پسران خود را به عنوان قربانی در درهٔ هنوم سوزانید. او جادوگری و فالگیری می‌کرد و با احضارکنندگان ارواح و جادوگران مشورت می‌نمود. او با این کارهای شرارت‌آمیز، خداوند را به خشم آورد.
7 Na Manase faa ohoni a wasen, de kosii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kosii beae koro no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wobedi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afi mmusuakuw a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no.
منسی حتی یک بت در خانهٔ خداوند گذاشت، یعنی همان مکانی که خدا دربارهٔ آن به داوود و سلیمان گفته بود: «نام خود را تا به ابد بر این خانه و بر اورشلیم، شهری که از میان شهرهای قبایل اسرائیل برای خود انتخاب کرده‌ام، خواهم نهاد.
8 Sɛ Israelfo di mʼahyɛde nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so mae no nyinaa so a, merentwa wɔn asu mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so.”
اگر قوم اسرائیل از قوانین و دستورهایی که من به‌وسیلۀ موسی به آنها داده‌ام پیروی نمایند، بار دیگر هرگز ایشان را از این سرزمینی که به اجداد ایشان داده‌ام، بیرون نخواهم راند.»
9 Nanso Manase dii ɔmanfo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim maa wɔyɛɛ bɔnetraso sen abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn, bere a Israelfo kɔɔ asase no so no.
ولی منسی مردم یهودا و اورشلیم را گمراه کرد و آنها بدتر از قومهایی که خداوند آنها را از کنعان بیرون رانده بود، رفتار نمودند.
10 Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfo no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara.
منسی و قوم او به اخطارهای خداوند توجه نمی‌کردند.
11 Enti Awurade maa Asiriafo asraafo bɛfaa Manase yɛɛ no odeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafrae nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia.
پس خداوند سپاهیان آشور را فرستاد و آنها منسی را گرفته، با غل و زنجیر بستند و او را به بابِل بردند.
12 Na bere a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Nyankopɔn akyi kwan, na ɔde ahobrɛase su frɛɛ nʼagyanom Nyankopɔn.
وقتی منسی در تنگنا بود فروتن شد و از خداوند، خدای اجداد خویش طلب یاری نمود.
13 Na bere a ɔbɔɔ mpae no, Awurade tiee no, na ne sufrɛ no kaa ne koma. Enti Awurade maa Manase san kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahenni mu. Afei, Manase tee ase sɛ Awurade nko ara ne Onyankopɔn.
خداوند دعای او را شنید و او را به اورشلیم باز آورده، سلطنتش را به او بازگرداند. آنگاه منسی پی برد که خداوند فقط خداست.
14 Eyi akyi no, Manase san sisii Dawid kuropɔn abɔnten afasu; efi Gihon asuti atɔe fam a ɛwɔ Kidron bon mu, de kɔ Apataa Pon ano, kosi Ofel bepɔw so a wosi ma ɛkɔɔ soro yiye no. Na oduaa nʼasraafo mpanyimfo no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.
بعد از این واقعه، منسی حصار بیرونی شهر داوود را از دره‌ای که در غرب نهر جیحون است تا دروازهٔ ماهی و نیز حصار دور تپهٔ عوفل را بازسازی نموده، بر ارتفاع آن افزود. او در تمام شهرهای حصاردار یهودا فرماندهان نظامی قرار داد.
15 Manase san tutuu ananafo anyame fii mmepɔw no so. Ɔsan tutuu anyame ne ahoni no fii Awurade Asɔredan mu. Obubuu afɔremuka a wasisi wɔ bepɔw so, faako a Asɔredan no si, ne afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔtow guu kuropɔn no mfikyiri.
همچنین بت خود را از خانهٔ خداوند برداشت و تمام بتها و مذبحهایی را که بر تپهٔ خانهٔ خداوند و در اورشلیم ساخته بود خراب کرد و همه را از شهر بیرون ریخت.
16 Na ɔsan sii Awurade afɔremuka no, bɔɔ asomdwoe afɔre ne aseda afɔre wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfo no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Nyankopɔn no.
سپس مذبح خداوند را تعمیر کرد و قربانیهای سلامتی و هدایای شکرگزاری تقدیم نمود و از مردم یهودا خواست که خداوند، خدای اسرائیل را عبادت کنند.
17 Nanso na ɔmanfo no da so bɔ afɔre wɔ abosonsom nsɔree so, a na wɔbɔ ma Awurade wɔn Nyankopɔn no ara.
اما قوم باز هم بر بالای تپه‌ها قربانی می‌کردند، ولی فقط برای خداوند، خدای خود.
18 Manase adedi ho nsɛm nkae, ne mpae a ɔbɔɔ srɛɛ Onyankopɔn ne nsɛm a adehufo ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔakyerɛw agu Israel ahemfo nhoma mu.
شرح بقیهٔ رویدادهای سلطنت منسی و نیز دعای او به پیشگاه خدا و اینکه چگونه خداوند، خدای اسرائیل توسط انبیا با او سخن گفت، همه در کتاب «تاریخ پادشاهان اسرائیل» نوشته شده است.
19 Manase mpae, ɔkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atoro a odii nyinaa ho nsɛm, wɔakyerɛw agu adehufo nhoma mu. Faako a osii abosonsom nsɔree so, sisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho.
دعای او و مستجاب شدنش، شرح گناهان و شرارتش، اسامی مکانهای روی تپه‌ها که در آنجا بتکده‌ها، بتهای شرم‌آور اشیره و بتهای دیگر بر پا نمود، همه در کتاب «تاریخ انبیا» نوشته شده است. (البته همهٔ اینها مربوط به پیش از بازگشت او به سوی خدا بود.)
20 Bere a Manase wui no, wosiee no wɔ nʼahemfi. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a odi hɔ.
منسی مرد و در قصر خود به خاک سپرده شد و پسرش آمون به جای او به تخت سلطنت نشست.
21 Bere a Amon dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien.
آمون بیست و دو ساله بود که پادشاه یهودا شد و دو سال در اورشلیم سلطنت کرد.
22 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no. Ɔsom ahoni a nʼagya yɛe no nyinaa, bɔɔ afɔre maa wɔn.
او نیز مانند پدرش منسی نسبت به خداوند گناه ورزید و برای تمام بتهایی که پدرش ساخته بود قربانی تقدیم کرد و آنها را پرستید.
23 Nanso wansɛ nʼagya Manase, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.
ولی برعکس پدرش، در مقابل خداوند فروتن نشد بلکه به شرارتهای خود ادامه داد.
24 Akyiri no, Amon no ara mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ nʼahemfi.
سرانجام افرادش بر ضد او توطئه چیدند و او را در کاخ سلطنتی‌اش به قتل رساندند.
25 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.
مردم، قاتلان آمون را کشتند و پسرش یوشیا را به جای او بر تخت سلطنت نشاندند.

< 2 Beresosɛm 33 >