< 2 Beresosɛm 3 >

1 Na Salomo fii ase sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔw so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wosii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ, baabi a Dawid yi too hɔ no.
And Solomon began to build the house of the Lord in Jerusalem on mount Moriah, where He had appeared unto David his father, on the place that David had prepared in the threshing-floor of Ornan the Jebusite.
2 Salomo dii ade no, ne mfe anan so, Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wofii ɔdan no si ase.
And he began to build on the second day of the second month, in the fourth year of his reign.
3 Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem ntwemu yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw mu yɛ anammɔn aduasa.
Now in this manner was the foundation laid of the house of God [at its] building [by] Solomon: The length by cubits after the first measure was sixty cubits, and the breadth twenty cubits.
4 Ntwironoo a ɛwɔ Asɔredan no anim trɛw yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no trɛw yɛ pɛ. Afasu a ɛwɔ ntwironoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwironoo no sorokɔ yɛ anammɔn aduasa.
And the porch that was in the front of the length was according to the breadth of the house, twenty cubits, and the height was a hundred and twenty: and he overlaid it within with pure gold.
5 Ɔpepaw nnua na wɔde sam Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu so, dii mmedua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinni wɔ so.
And the great house he ceiled with fir-wood, which he overlaid with pure gold, and he wrought thereon palm-trees and chains.
6 Abohemaa a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a efi Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasu ho.
And he overlaid the house with costly stones for ornament: and the gold was gold of Parvayim.
7 Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasu, afadum, apon ne abobow ano nyinaa ho, na wodii kerubim sɛso adwinni wɔ afasu no ho.
And he covered the house, the beams, the sills, and its walls, and its doors, with gold: and he engraved cherubim on the walls.
8 Na Kronkron mu Kronkron hɔ trɛw yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, ne ntwemu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ ankasa bɛyɛ nkaribo tɔn aduonu abiɛsa na wɔde guu so.
And he made the most holy house, its length being in front of the breadth of the house, twenty cubits, and its breadth twenty cubits: and he covered it with fine gold, [amounting] to six hundred talents.
9 Sikakɔkɔɔ nnadewa a biara kari bɛyɛ gram ahannum ne aduoson anum na wɔde dii ɔdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ ankasa na wɔde guu soro adan no afasu ani.
And the weight of the nails [amounted] to fifty shekels of gold. And the upper chambers he covered with gold.
10 Salomo yɛɛ kerubim sɛso abien, de sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Wɔde eyinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ.
And he made in the most holy house two cherubim of sculpture work, and they overlaid them with gold.
11 Kerubim abien no a wosisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ntaban baako a ɛpem ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Ntaban baako no nso a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ɛne kerubim baako no ntaban hyia.
And regarding the wings of the cherubim their length was twenty cubits; the wing of the one amounting to five cubits, reaching to the wall of the house: and the other wing of five cubits, reaching to the wing of the other cherub.
12 Saa ara nso na kerubim a ɔto so abien no ntaban baako mu trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ɛpem Asɔredan no fasu a ɛne ɔfasu baako no di nhwɛanim. Ntaban baako a aka no nso trɛw a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ehyia kerubim a edi kan no ntaban baako.
And the wing of the other cherub was five cubits, reaching to the wall of the house; and the other wing of five cubits was joined closely to the wing of the other cherub.
13 Enti na kerubim abien no ntaban mu trɛw yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.
The wings of these cherubim [as they were] spread out were twenty cubits: and they were standing on their feet, and their faces were inward.
14 Salomo de ntwamtam a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwen kerubim nsɛsode agu mu, sɛn Kronkron mu Kronkron no kwan ano.
And he made the vail of blue, and purple, and crimson, and fine linen, and wrought thereon cherubim.
15 Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Na ntaaso kata emu biara atifi a ɛno nso sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa.
And he made before the house two pillars of thirty and five cubits in length, and the capital that was on the top of each of them was five cubits.
16 Ɔyɛɛ ntweaban nkɔnsɔnkɔnsɔn, de siesiee afadum no atifi. Ɔsan yɛɛ atoaa aba nsɛso fɛfɛ de susoo ntweaban no mu.
And he made chains in the debir; and [others which] he placed on the top of the pillars; and he made a hundred pomegranates, and placed them on the chains.
17 Afei, ɔde afadum abien no sisii Asɔredan no ano kwan ano. Ɔde baako sii ɔkwan no anafo fam no ano, na ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo nea ɛwɔ anafo fam no din Yakin, na nea ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no din Boas.
And he set up the pillars in front of the temple, one on the right hand, and the other on the left; and he called the name of that on the right hand Jachin, and the name of that on the left Bo'az.

< 2 Beresosɛm 3 >