< 2 Beresosɛm 29 >
1 Hesekia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfe aduonu anum. Na odii ade mfe aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na yɛ Sakaria babea a ne din de Abia.
ヒゼキヤは王となった時二十五歳で、二十九年の間エルサレムで世を治めた。その母はアビヤと言って、ゼカリヤの娘である。
2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ.
ヒゼキヤは父ダビデがすべてなしたように主の良しと見られることをした。
3 Afe a edi kan wɔ nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apon no, siesiee no.
彼はその治世の第一年の一月に主の宮の戸を開き、かつこれを繕った。
4 Ɔfrɛfrɛɛ asɔfo no ne Lewifo no sɛ, wommehyia no wɔ Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam hɔ.
彼は祭司とレビびとを連れていって、東の広場に集め、
5 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Lewifo, muntie me! Munnwira mo ho, na munnwira Awurade, mo agyanom Nyankopɔn Asɔredan no nso. Munyiyi biribiara a efi aka no mfi kronkronbea hɔ.
彼らに言った、「レビびとよ、聞きなさい。あなたがたは今、身を清めて、あなたがたの先祖の神、主の宮を清め、聖所から汚れを除き去りなさい。
6 Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no.
われわれの先祖は罪を犯し、われわれの神、主の悪と見られることを行って、主を捨て、主のすまいに顔をそむけ、うしろを向けた。
7 Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea hɔ no.
また廊の戸を閉じ、ともしびを消し、聖所でイスラエルの神に香をたかず、燔祭をささげなかった。
8 Ɛno nti na Awurade abufuw aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadan ahufo, ayamhyehyefo ne aserewde, sɛnea muhu no pefee no.
それゆえ、主の怒りはユダとエルサレムに臨み、あなたがたが目に見るように、主は彼らを恐れと驚きと物笑いにされた。
9 Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmabarima, yɛn mmabea ne yɛn yerenom sɛ nneduafo.
見よ、われわれの父たちはつるぎにたおれ、われわれのむすこたち、むすめたち、妻たちはこれがために捕虜となった。
10 Nanso mprempren, me ne Awurade, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so.
今わたしは、イスラエルの神、主と契約を結ぶ志をもっている。そうすればその激しい怒りは、われわれを離れるであろう。
11 Me mma, afei monnto mo nnwuma asaworam. Awurade ayi mo sɛ munnyina nʼanim nsom no, na munni ɔmanfo anim nsom no na monhyew nnuhuam.”
わが子らよ、今は怠ってはならない。主はあなたがたを選んで、主の前に立って仕えさせ、ご自分に仕える者となし、また香をたく者とされたからである」。
12 Afei saa Lewifo yi hyɛɛ dwumadi no ase. Wɔn a wofi Kohat abusua mu no yɛ: Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoel. Wɔn a wofi Merari abusua mu no yɛ: Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria. Wɔn a wofi Gerson abusua mu yɛ: Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;
そこでレビびとは立ち上がった。すなわちコハテびとの子孫のうちでは、アマサイの子マハテおよびアザリヤの子ヨエル。メラリの子孫では、アブデの子キシおよびエハレレルの子アザリヤ。ゲルションびとのうちでは、ジンマの子ヨアおよびヨアの子エデン。
13 Wɔn a wofi Elisafan abusua mu yɛ: Simri ne Yeiel. Wɔn a wofi Asaf abusua mu yɛ: Sakaria ne Matania.
エリザパンの子孫のうちでは、シムリとエイエル。アサフの子孫のうちでは、ゼカリヤとマッタニヤ。
14 Wɔn a wofi Heman abusua mu yɛ: Yehiel ne Simei. Wɔn a wofi Yedutun abusua mu yɛ: Semaia ne Usiel.
ヘマンの子孫のうちでは、エヒエルとシメイ。エドトンの子孫のうちでは、シマヤとウジエルである。
15 Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfo Lewifo, na wodwiraa wɔn ho. Na afei, wofii ase dwiraa Awurade Asɔredan no sɛnea ɔhene no hyɛe no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛde no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadi no mu.
彼らはその兄弟たちを集めて身を清め、主の言葉による王の命令に従って、主の宮を清めるためにはいって来た。
16 Asɔfo no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kodwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii hɔ de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii hɔ, kɔtow guu Kidron Bon mu.
祭司たちが主の宮の奥にはいってこれを清め、主の宮にあった汚れた物をことごとく主の宮の庭に運び出すと、レビびとはそれを受けて外に出し、キデロン川に持って行った。
17 Wofii dwumadi no ase wɔ da bi a ɛwɔ ɔsram a edi kan no mu. Na da a ɛto so awotwe no, na wɔadu Awurade Asɔredan no ntwironoo mu hɔ. Na wɔde nnafua awotwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ewiee dwumadi no nyinaa.
彼らは正月の元日に清めることを始めて、その月の八日に主の宮の廊に達した。それから主の宮を清めるのに八日を費し、正月の十六日にこれを終った。
18 Na Lewifo no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛnea dwumadi no akosi kyerɛɛ no. Wɔkae se, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyew afɔrebɔ afɔremuka no a nneɛma ahorow ka ho ne Daa Daa Brodo pon no ne ɛho nneɛma ho.
そこで彼らはヒゼキヤ王の所へ行って言った、「われわれは主の宮をことごとく清め、また燔祭の壇とそのすべての器物、および供えのパンの机とそのすべての器物とを清めました。
19 Afei nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee bere a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakogye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔremuka no anim a wɔadwira ho na wobetumi de adi dwuma biara.”
またアハズ王がその治世に罪を犯して捨てたすべての器物をも整えて清めました。それらは主の祭壇の前にあります」。
20 Ade kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kurow no mpanyimfo ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu.
そこでヒゼキヤ王は朝早く起きいで、町のつかさたちを集めて、主の宮に上って行き、
21 Wɔde anantwinini ason, adwennini ason, nguantenmma ason ne mpapo ason bae sɛ, ahenni, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔde. Ɔhene no hyɛɛ asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo sɛ wɔmfa mmoa no mmɔ afɔre wɔ Awurade afɔremuka no so.
雄牛七頭、雄羊七頭、小羊七頭、雄やぎ七頭を引いてこさせ、国と聖所とユダのためにこれを罪祭とし、アロンの子孫である祭司たちに命じてこれを主の祭壇の上にささげさせた。
22 Na wokunkum anantwinini no, na asɔfo no de mogya no petee afɔremuka no so. Afei, wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na awiei no, wɔde nguantenmma no yɛɛ saa ara.
すなわち、雄牛をほふると、祭司たちはその血を受けて祭壇にふりかけ、また雄羊をほふると、その血を祭壇にふりかけ、また小羊をほふると、その血を祭壇にふりかけた。
23 Wɔde mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene no ne ɔmanfo no anim ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so.
そして罪祭の雄やぎを王と会衆の前に引いて来たので、彼らはその上に手を置いた。
24 Afei, asɔfo no kunkum mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔremuka no so, sɛ bɔne ho mpata maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyew ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.
そして祭司たちはこれをほふり、その血を罪祭として祭壇の上にささげてイスラエル全国のためにあがないをした。これは王がイスラエル全国のために燔祭および罪祭をささげることを命じたためである。
25 Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so.
王はまたレビびとを主の宮に置き、ダビデおよび王の先見者ガドと預言者ナタンの命令に従って、これにシンバル、立琴および琴をとらせた。これは主がその預言者によって命じられたところである。
26 Afei, Lewifo no faa Dawid nnwontode no kogyinagyina wɔn gyinabea wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfo no faa wɔn ntorobɛnto kogyinagyina wɔn afa.
こうしてレビびとはダビデの楽器をとり、祭司はラッパをとって立った。
27 Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyew afɔre no nsi afɔremuka no so. Bere a wɔde ɔhyew afɔre no reba no, wofii ase too ayeyi nnwom maa Awurade, na wɔde ntorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontode no gyigyee ho.
そこでヒゼキヤは燔祭を祭壇の上にささげることを命じた。燔祭をささげ始めた時、主の歌をうたい、ラッパを吹き、イスラエルの王ダビデの楽器をならし始めた。
28 Bagua no sɔree Awurade bere a na nnwontofo no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara kosii sɛ ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa sae.
そして会衆は皆礼拝し、歌うたう者は歌をうたい、ラッパ手はラッパを吹き鳴らし、燔祭が終るまですべてこのようであったが、
29 Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotow somee.
ささげる事が終ると、王および彼と共にいた者はみな身をかがめて礼拝した。
30 Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigye kamfoo Awurade, na wɔkotow sɔree.
またヒゼキヤ王およびつかさたちはレビびとに命じて、ダビデと先見者アサフの言葉をもって主をさんびさせた。彼らは喜んでさんびし、頭をさげて礼拝した。
31 Afei, Hesekia de too gua se, “Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho.
その時、ヒゼキヤは言った、「あなたがたはすでに主に仕えるために身を清めたのであるから、進みよって、主の宮に犠牲と感謝の供え物を携えて来なさい」と。そこで会衆は犠牲と感謝の供え物を携えて来た。また志ある者は皆燔祭を携えて来た。
32 Ɔmanfo no de anantwinini aduɔson, adwennini ɔha ne nguantenmma ahannu sɛ ɔhyew afɔrebɔde brɛɛ Awurade.
会衆の携えて来た燔祭の数は雄牛七十頭、雄羊百頭、小羊二百頭、これらは皆主に燔祭としてささげるものであった。
33 Wɔsan de anantwinini ahansia ne nguan mpensa baa sɛ afɔrebɔde.
また奉納物は牛六百頭、小羊三千頭であった。
34 Nanso na asɔfo a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wobetumi asiesie ɔhyew afɔre no nyinaa nti, wɔn abusuafo Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ dwumadi no baa awiei. Wɔtew asɔfo no pii ho ansa na wɔreboa dwumadi no, efisɛ na Lewifo no adwene wɔ wɔn ahotew so sen asɔfo no.
ところが祭司が少なくてその燔祭の物の皮を、はぎつくすことができなかったので、その兄弟であるレビびとがこれを助けて、そのわざをなし終え、その間に他の祭司たちは身を清めた。これはレビびとが祭司たちよりも、身を清めることに、きちょうめんであったからである。
35 Na ɔhyew afɔre ne daa nsa afɔre no buu so. Saa ara nso na asomdwoe afɔre srade nso yɛɛ bebree. Enti wosiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no.
このほかおびただしい燔祭があり、また、酬恩祭の脂肪および燔祭の灌祭もあった。こうして、主の宮の勤めは回復された。
36 Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm.
この事は、にわかになされたけれども、神がこのように民のために備えをされたので、ヒゼキヤおよびすべての民は喜んだ。