< 2 Beresosɛm 28 >

1 Ahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea ne tete agya Dawid yɛe no.
亚哈斯登基的时候年二十岁,在耶路撒冷作王十六年;不像他祖大卫行耶和华眼中看为正的事,
2 Mmom, ɔyɛɛ nea Israel ahemfo yɛe no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal.
却行以色列诸王的道,又铸造巴力的像,
3 Ɔbɔɔ afɔre wɔ Hinom babarima bon mu, na mpo ɔde ne mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuaa akyiwade a abosonsom aman no yɛe a nti Awurade pam wɔn fii asase no so ansa na Israelfo rekodu hɔ no.
并且在欣嫩子谷烧香,用火焚烧他的儿女,行耶和华在以色列人面前所驱逐的外邦人那可憎的事;
4 Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
并在邱坛上、山冈上、各青翠树下献祭烧香。
5 Ɛno nti na Awurade, ne Nyankopɔn, maa Aramhene kwan na odii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfo bebree asu kɔɔ Damasko. Israel asraafo bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkum nʼakofo no bebree nso.
所以,耶和华—他的 神将他交在亚兰王手里。亚兰王打败他,掳了他许多的民,带到大马士革去。 神又将他交在以色列王手里,以色列王向他大行杀戮。
6 Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkum Yuda asraafo no nnipa mpem ɔha aduonu, efisɛ na wɔapo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.
利玛利的儿子比加一日杀了犹大人十二万,都是勇士,因为他们离弃了耶和华—他们列祖的 神。
7 Afei, Sikri, ɔkofo kɛse a ofi Efraim, kunkum Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfi so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abediakyiri no.
有一个以法莲中的勇士,名叫细基利,杀了王的儿子玛西雅和管理王宫的押斯利甘,并宰相以利加拿。
8 Israelfo asraafo kyekyeree mmea ne Yuda mmofra mpem ahannu, faa asade bebree, de kɔɔ Samaria.
以色列人掳了他们的弟兄,连妇人带儿女共有二十万,又掠了许多的财物,带到撒马利亚去了。
9 Na Awurade odiyifo a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ bere a Israel asraafo san baa fie no. Okohyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, bo fuw Yuda, na ɔmaa mudii wɔn so nkonim. Nanso moayɛ ama aboro so dodo sɛ mode atirimɔden akunkum wɔn, ma ahaw ɔsoro nyinaa.
但那里有耶和华的一个先知,名叫俄德,出来迎接往撒马利亚去的军兵,对他们说:“因为耶和华—你们列祖的 神恼怒犹大人,所以将他们交在你们手里,你们竟怒气冲天,大行杀戮。
10 Na mprempren, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wofi Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Nyankopɔn no, ho asɛm te dɛn?
如今你们又有意强逼犹大人和耶路撒冷人作你们的奴婢,你们岂不也有得罪耶和华—你们 神的事吗?
11 Muntie me, na munnyaa saa nneduafo a wɔwɔ mo nsam no, efisɛ wɔyɛ mo ankasa mo abusuafo. Monhwɛ no yiye, efisɛ mprempren, wɔadan Awurade abufuwhyew no aba mo so!”
现在你们当听我说,要将掳来的弟兄释放回去,因为耶和华向你们已经大发烈怒。”
12 Na Israel ntuanofo bi a wɔyɛ Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee eyi so, na wɔne mmarima a wofi akono reba no kae se,
于是,以法莲人的几个族长—就是约哈难的儿子亚撒利雅、米实利末的儿子比利家、沙龙的儿子耶希西家、哈得莱的儿子亚玛撒—起来拦挡出兵回来的人,
13 “Mommfa nneduafo no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdi ho. Yɛn afɔdi so dedaw, na wɔadan Awurade abufuwhyew no aba Israel so dedaw.”
对他们说:“你们不可带进这被掳的人来!你们想要使我们得罪耶和华,加增我们的罪恶过犯?因为我们的罪过甚大,已经有烈怒临到以色列人了。”
14 Enti akofo no gyaee nneduafo no de asade no mae wɔ ɔmanfo no ne ntuanofo no anim.
于是带兵器的人将掳来的人口和掠来的财物都留在众首领和会众的面前。
15 Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntade a ɛwɔ asade no mu no maa nneduafo a wɔda adagyaw no. Wɔmaa wɔn ntade ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuan pii ne nsu, de ngo guguu wɔn apirakuru mu. Wɔde wɔn a wɔayɛ mmerɛw no tenatenaa mfurum so, de nneduafo no nyinaa san baa wɔn asase Yeriko, mmɛkurow, no so. Afei, wɔsan kɔɔ Samaria.
以上提名的那些人就站起,使被掳的人前来;其中有赤身的,就从所掠的财物中拿出衣服和鞋来,给他们穿,又给他们吃喝,用膏抹他们;其中有软弱的,就使他们骑驴,送到棕树城耶利哥他们弟兄那里;随后就回撒马利亚去了。
16 Saa bere no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfo.
那时,亚哈斯王差遣人去见亚述诸王,求他们帮助;
17 Bio, na Edom asraafo adi Yuda so nkonim, akyekyere ebinom nnommum.
因为以东人又来攻击犹大,掳掠子民。
18 Na Filistifo atow ahyɛ nkurow a ɛwɔ Yuda mmepɔw no ase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurow ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurow no. Na Filistifo no tenatenaa saa nkurow yi so.
非利士人也来侵占高原和犹大南方的城邑,取了伯·示麦、亚雅 、基低罗,梭哥和属梭哥的乡村,亭纳和属亭纳的乡村,瑾锁和属瑾锁的乡村,就住在那里。
19 Na Awurade rebrɛ Yuda ase, esiane Yudahene Ahas nti, efisɛ na ɔboa ne nkurɔfo ma wɔyɛ bɔne, na na onni Awurade nokware korakora nso.
因为以色列王亚哈斯在犹大放肆,大大干犯耶和华,所以耶和华使犹大卑微。
20 Enti bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser bedui no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhaw no mmom.
亚述王提革拉·毗列色上来,却没有帮助他,反倒欺凌他。
21 Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo fii Awurade asɔredan no mu, ahemfi hɔ ne ne mpanyimfo afi mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne tow. Nanso eyi mpo, ammoa no.
亚哈斯从耶和华殿里和王宫中,并首领家内所取的财宝给了亚述王,这也无济于事。
22 Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden wɔ Awurade so.
这亚哈斯王在急难的时候,越发得罪耶和华。
23 Ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wodii ne so nkonim no, na ɔkae se, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo nti, sɛ mebɔ afɔre ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso wɔmaa no sɛee, maa Israel nyinaa sɛee.
他祭祀攻击他的大马士革之神,说:“因为亚兰王的神帮助他们,我也献祭与他,他好帮助我。”但那些神使他和以色列众人败亡了。
24 Ɔhene no tasee nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa bubuu mu asinasin. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apon mu, sɛnea obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Osisii afɔremuka maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɔtwɔw so baabiara.
亚哈斯将 神殿里的器皿都聚了来,毁坏了,且封锁耶和华殿的门;在耶路撒冷各处的拐角建筑祭坛,
25 Ɔyɛɛ abosonsom nsɔree so wɔ Yuda nkurow nyinaa so a wɔbɔ afɔre wɔ hɔ ma anyame foforo no. Ɔnam saa ɔkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn, abufuw.
又在犹大各城建立邱坛,与别神烧香,惹动耶和华—他列祖 神的怒气。
26 Ahas ahenni ho nsɛm nkae no fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma mu.
亚哈斯其余的事和他的行为,自始至终都写在犹大和以色列诸王记上。
27 Ɔhene Ahas wui no, wosiee no Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehye amusiei. Ne babarima Hesekia na odii nʼade sɛ ɔhene.
亚哈斯与他列祖同睡,葬在耶路撒冷城里,没有送入以色列诸王的坟墓中。他儿子希西家接续他作王。

< 2 Beresosɛm 28 >