< 2 Beresosɛm 26 >
1 Yuda manfo de Amasia babarima Usia a na wadi mfe dunsia tenaa ahengua so sɛ wɔn hene foforo.
유다 온 백성이 웃시야로 그 부친 아마샤를 대신하여 왕을 삼으니 때에 나이 십육 세라
2 Usia agya wu akyi no, ɔsan kyekyeree Elot kurow no, na ɔdan maa Yuda.
왕이 그 열조와 함께 잔 후에 웃시야가 엘롯을 건축하여 유다에 돌렸더라
3 Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia.
웃시야가 위에 나아갈 때에 나이 십육 세라 예루살렘에서 오십이 년을 치리하니라 그 모친의 이름은 여골리아라 예루살렘 사람이더라
4 Na ɔteɛ wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no.
웃시야가 그 부친 아마샤의 모든 행위대로 여호와 보시기에 정직히 행하며
5 Sakaria bere so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan, efisɛ ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na esiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan no nti, Onyankopɔn maa no nkɔso.
하나님의 묵시를 밝히 아는 스가랴의 사는 날에 하나님을 구하였고 저가 여호와를 구할 동안에는 하나님이 형통케 하셨더라
6 Otuu Filistifo so sa, na obubuu Gat, Yabne ne Asdod afasu. Na ɔkyekyeree nkurow afoforo wɔ Asdod fam ne mmeaemmeae bi a ɛwɔ Filistia.
웃시야가 나가서 블레셋 사람과 싸우고 가드 성과 야브네 성과 아스돗 성을 헐고 아스돗 땅과 블레셋 사람 가운데 성읍들을 건축하매
7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifo koe no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfo a wɔwɔ Gur Baal koe ne Meunifo ko mu nso, ɔboaa no.
하나님이 도우사 블레셋 사람과 구르바알에 거한 아라비아 사람과 마온 사람을 치게 하신지라
8 Meunifo no tuaa sonkahiri maa no, na ne din hyeta koduu Misraim, efisɛ na ɔwɔ tumi a ɛso.
암몬 사람이 웃시야에게 조공을 바치매 웃시야가 심히 강성하여 이름이 애굽 변방까지 퍼졌더라
9 Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no.
웃시야가 예루살렘에서 성 모퉁이 문과 골짜기 문과 성굽이에 망대를 세워 견고하게 하고
10 Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so.
또 거친 땅에 망대를 세우고 물웅덩이를 많이 팠으니 평야와 평지에 욱축을 많이 기름이며 또 여러 산과 좋은 밭에 농부와 포도원을 다스리는 자를 두었으니 농사를 좋아함이더라
11 Na Usia wɔ asraafo a wɔyɛ akofo akɛse a wɔwɔ akodi mu ntetewee. Na wɔyɛ akuw akuw a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ asraafodɔm no kyerɛwfo, ne ne boafo Maaseia na wɔboaboa akofo kuw kɛse yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanyimfo no mu baako ase.
웃시야에게 또 싸우는 군사가 있으니 서기관 여이엘과 영장 마아세야의 조사한 수효대로 왕의 장관 하나냐의 수하에 속하여 떼를 지어 나가서 싸우는 자라
12 Mmusua ntuanofo mpenu ahansia na na wɔma saa akofo abenfo yi akwankyerɛ.
족장의 총수가 이천육백 명이니 모두 큰 용사요
13 Na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa ne ason, ahannum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfo biara.
그 수하의 군대가 삼십만 칠천오백 명이라 건장하고 싸움에 능하여 왕을 도와 대적을 치는 자며
14 Usia maa asraafodɔm no nyinaa nkatabo, mpeaw, nnadekyɛw, agyiraehyɛde, bɛmma ne ahwimmo abo.
웃시야가 그 온 군대를 위하여 방패와 창과 투구와 갑옷과 활과 물매 돌을 예비하고
15 Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse.
또 예루살렘에서 공교한 공장으로 기계를 창작하여 망대와 성곽 위에 두어 살과 큰 돌을 발하게 하였으니 그 이름이 원방에 퍼짐은 기이한 도우심을 얻어 강성하여짐이더라
16 Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Nyankopɔn, efisɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyew nnuhuam wɔ afɔremuka no so.
저가 강성하여지매 그 마음이 교만하여 악을 행하여 그 하나님 여호와께 범죄하되 곧 여호와의 전에 들어가서 향단에 분향하려 한지라
17 Ɔsɔfopanyin Asaria ne Awurade asɔfo foforo aduɔwɔtwe, akokodurufo kɔhwehwɛɛ no.
제사장 아사랴가 여호와의 제사장 용맹한 자 팔십 인을 데리고 그 뒤를 따라 들어가서
18 Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.”
웃시야 왕을 막아 가로되 웃시야여 여호와께 분향하는 일이 왕의 할 바가 아니요 오직 분향하기 위하여 구별함을 받은 아론의 자손 제사장의 할 바니 성소에서 나가소서 왕이 범죄하였으니 하나님 여호와께 영광을 얻지 못하리이다
19 Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so.
웃시야가 손으로 향로를 잡고 분향하려 하다가 노를 발하니 저가 제사장에게 노할 때에 여호와의 전 안 향단 곁 제사장 앞에서 그 이마에 문둥병이 발한지라
20 Bere a Asaria ne asɔfo a wɔaka no huu kwata no, wopiapiaa no fii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ofi hɔ ntɛm, efisɛ Awurade na na wabɔ no.
대제사장 아사랴와 모든 제사장이 왕의 이마에 문둥병이 발하였음을 보고 전에서 급히 쫓아내고 여호와께서 치시므로 왕도 속히 나가니라
21 Enti kwata yɛɛ ɔhene Usia kosii sɛ owui. Wɔpam no fi nnipa mu maa ɔno nko ara tenae a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfi hɔ ma odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so.
웃시야 왕이 죽는 날까지 문둥이가 되었고 문둥이가 되매 여호와의 전에서 끊어졌고 별궁에 홀로 거하였으므로 그 아들 요담이 왕궁을 관리하며 국민을 치리하였더라
22 Amos babarima Yesaia akyerɛw Usia ahenni ho nsɛm nkae fi mfiase kosi awiei ato hɔ.
이 외에 웃시야의 시종 행적은 아모스의 아들 선지자 이사야가 기록하였더라
23 Usia wui, na esiane sɛ kwata yɛɛ no nti, wosiee no bɛn ahemfo amusiei. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.
웃시야가 그 열조와 함께 자매 저는 문둥이라 하여 열왕의 묘실 접한 땅 곧 그 열조의 곁에 장사하니라 그 아들 요담이 대신하여 왕이 되니라