< 2 Beresosɛm 25 >

1 Amasia dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii ade mfirihyia aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ofi Yerusalem.
亚玛谢登基的时候年二十五岁,在耶路撒冷作王二十九年。他母亲名叫约耶但,是耶路撒冷人。
2 Amasia yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani, nanso na emfi ne koma nyinaa mu.
亚玛谢行耶和华眼中看为正的事,只是心不专诚。
3 Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no.
国一坚定,就把杀他父王的臣仆杀了,
4 Nanso wankunkum awudifo no mma, efisɛ otiee Awurade ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara nhoma no mu no se: Ɛnsɛ sɛ wokunkum awofo wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti, anaa wokunkum mma wɔ awofo bɔne a wɔayɛ nti. Wɔn a wɔsɛ owu no, ɛsɛ sɛ wokum wɔn wɔ wɔn nnebɔne nti.
却没有治死他们的儿子,是照摩西律法书上耶和华所吩咐的说:“不可因子杀父,也不可因父杀子,各人要为本身的罪而死。”
5 Ade foforo a Amasia yɛe ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛe foforo wɔ asraafo no mu, de ntuanofo tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkan wɔn huu sɛ nʼakofo a wɔadi mfe aduonu rekɔ no dodow yɛ mmarima mpem ahaasa, na wɔatetew wɔn nyinaa wɔ peawtow ne nkatabokura mu.
亚玛谢招聚犹大人,按着犹大和便雅悯的宗族设立千夫长、百夫长,又数点人数,从二十岁以外,能拿枪拿盾牌出去打仗的精兵共有三十万;
6 Ɔsan tuaa dwetɛ tɔn 3.4 sɛ apaade maa Israel mmarima mpem ɔha a wonim akodi yiye.
又用银子一百他连得,从以色列招募了十万大能的勇士。
7 Nanso Onyankopɔn nipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkae se, “Ɔhene, ntua sika mfa asraafo mfi Israel, efisɛ Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wofi Efraim no.
有一个神人来见亚玛谢,对他说:“王啊,不要使以色列的军兵与你同去,因为耶和华不与以色列人以法莲的后裔同在。
8 Sɛ woma wɔkɔka wʼakofo ho kɔ ɔko, na moko sɛ dɛn ara a, wobedi mo so nkonim. Onyankopɔn betu mo agu, efisɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.”
你若一定要去,就奋勇争战吧!但 神必使你败在敌人面前;因为 神能助人得胜,也能使人倾败。”
9 Amasia bisaa Onyankopɔn nipa no se, “Na dwetɛ a mitua kɔbɔɔ Israel asraafo paa no nso menyɛ no dɛn?” Onyankopɔn nipa no buae se, “Awurade betumi ama wo nea ɛsen sɛɛ koraa.”
亚玛谢问神人说:“我给了以色列军的那一百他连得银子怎么样呢?”神人回答说:“耶和华能把更多的赐给你。”
10 Enti Amasia pɔn asraafo a ɔbɔɔ wɔn paa no ma wɔsan kɔɔ Efraim. Eyi maa wɔn bo fuw Yuda, na wɔsan de abufuwhyew kɔɔ fie.
于是亚玛谢将那从以法莲来的军兵分别出来,叫他们回家去。故此,他们甚恼怒犹大人,气忿忿地回家去了。
11 Na Amasia sii ne bo, dii nʼakofo anim, kɔɔ Nkyene Bon no mu. Ɛhɔ na wokum Edomfo asraafo a wofi Seir no mpem du.
亚玛谢壮起胆来,率领他的民到盐谷,杀了西珥人一万。
12 Wɔkyekyeree mpem du bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kosunsum wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔw no ase no so, tetew pasapasa.
犹大人又生擒了一万带到山崖上,从那里把他们扔下去,以致他们都摔碎了。
13 Na asraafo a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsan kɔe no tow hyɛɛ Yuda nkurow bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wokunkum nnipa mpensa, tasee asade bebree.
但亚玛谢所打发回去、不许一同出征的那些军兵攻打犹大各城,从撒马利亚直到伯·和 ,杀了三千人,抢了许多财物。
14 Bere a ɔhene Amasia dii Edomfo so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase fii Seirfo nkyɛn kaa ne ho bae. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotow wɔn anim, bɔɔ afɔre maa wɔn.
亚玛谢杀了以东人回来,就把西珥的神像带回,立为自己的神,在它面前叩拜烧香。
15 Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye nti, ɔsomaa odiyifo sɛ onkobisa se, “Adɛn nti na wosom anyame a mpo wontumi nnye wɔn ankasa nkurɔfo nkwa mfi wo nsam?”
因此,耶和华的怒气向亚玛谢发作,就差一个先知去见他,说:“这些神不能救它的民脱离你的手,你为何寻求它呢?”
16 Nanso ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkae se, “Da bɛn na mibisaa wo afotu? Mua wʼano na mankum wo!” Enti ansa na odiyifo no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Minim sɛ esiane sɛ woayɛ saa nti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woantie mʼafotu.”
先知与王说话的时候,王对他说:“谁立你作王的谋士呢?你住口吧!为何找打呢?”先知就止住了,又说:“你行这事,不听从我的劝戒,我知道 神定意要灭你。”
17 Akyiri a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufo nkyɛn kobisaa afotu no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nena nso anim se, “Bra na yenni ako.”
犹大王亚玛谢与群臣商议,就差遣使者去见耶户的孙子、约哈斯的儿子、以色列王约阿施,说:“你来,我们二人相见于战场。”
18 Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no.
以色列王约阿施差遣使者去见犹大王亚玛谢,说:“黎巴嫩的蒺藜差遣使者去见黎巴嫩的香柏树,说:‘将你的女儿给我儿子为妻。’后来黎巴嫩有一个野兽经过,把蒺藜践踏了。
19 Nokware woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?”
你说:‘看哪,我打败了以东人’,你就心高气傲,以致矜夸。你在家里安居就罢了,为何要惹祸使自己和犹大国一同败亡呢?”
20 Amasia yɛɛ asoɔden, efisɛ na Onyankopɔn resiesie kwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsom Edom anyame no nti.
亚玛谢却不肯听从。这是出乎 神,好将他们交在敌人手里,因为他们寻求以东的神。
21 Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakofo ano kotiaa Yudahene Amasia. Asraafodɔm abien no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda.
于是以色列王约阿施上来,在犹大的伯·示麦与犹大王亚玛谢相见于战场。
22 Israel asraafo dii Yuda so nkonim ma wɔbɔɔ ahwete, guan kɔɔ wɔn kurom.
犹大人败在以色列人面前,各自逃回家里去了。
23 Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsan de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakofo sɛ, wɔnsɛe Yerusalem fasu no anammɔn ahansia a efi Efraim Pon ano, kosi Twɔtwɔw Pon no ano.
以色列王约阿施在伯·示麦擒住约哈斯的孙子、约阿施的儿子、犹大王亚玛谢,将他带到耶路撒冷,又拆毁耶路撒冷的城墙,从以法莲门直到角门,共四百肘;
24 Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfi hɔ mu nneɛma kaa nnommum no ho, na ɔsan kɔɔ Samaria.
又将俄别·以东所看守 神殿里的一切金银和器皿,与王宫里的财宝都拿了去,并带人去为质,就回撒马利亚去了。
25 Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum.
以色列王约哈斯的儿子约阿施死后,犹大王约阿施的儿子亚玛谢又活了十五年。
26 Amasia ahenni ho nsɛm nkae, efi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma no mu ana?
亚玛谢其余的事,自始至终不都写在犹大和以色列诸王记上吗?
27 Amasia dan ne ho fii Awurade akyidi no, wɔpam ne ti so wɔ Yerusalem. Ɛno nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso nʼatamfo somaa awudifo, tiw no kokum no wɔ hɔ.
自从亚玛谢离弃耶和华之后,在耶路撒冷有人背叛他,他就逃到拉吉;叛党却打发人到拉吉,将他杀了。
28 Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem besiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.
人就用马将他的尸首驮回,葬在犹大京城他列祖的坟地里。

< 2 Beresosɛm 25 >