< 2 Beresosɛm 23 >
1 Atalia dii ade mfe ason no, ɔsɔfo Yehoiada kyerɛɛ no tumi. Osii ne bo ne asraafodɔm ɔha so asahene baanum, a wɔne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam.
Atalia dii adeɛ mfeɛ nson no, ɔsɔfoɔ Yehoiada yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ biribi. Ɔsii ne bo ne asahene baanum, a wɔn ne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam.
2 Saa mmarima yi faa sum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Yuda nkurow so sɛ, wɔmmra Yerusalem.
Saa mmarima yi faa esum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda nkuro so sɛ, wɔmmra Yerusalem.
3 Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene.
Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberanteɛ Yoas yɛɛ apam. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ aduru sɛ ɔhene babarima di adeɛ. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn ɔhene.
4 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Sɛ asɔfo ne Lewifo ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako na wɔbɛyɛ apon ano ahwɛfo.
Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na wɔbɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ.
5 Nkyemu abiɛsa mu baako nso bɛkɔ ahemfi, na nkyɛmu abiɛsa mu baako a wɔaka no akɔ Fapem Pon no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adiwo ahorow hɔ.
Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛkɔ ahemfie, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no akɔ Fapem Ɛpono no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a aka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adihɔ ahodoɔ hɔ.
6 Monkae sɛ, asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔaka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyiri.
Monkae sɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a aka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyire.
7 Mo Lewifo na mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”
Mo Lewifoɔ na mobɛbɔ ɔhene ho ban, na mobɛkurakura mo akodeɛ. Sɛ obiara a ɔnni ho kwan wura Asɔredan no mu a, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no pɛɛ.”
8 Enti Lewifo no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wogye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfo Yehoiada amma obiara ankɔ fie.
Enti, Lewifoɔ no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma obiara ankɔ fie.
9 Na Yehoiada de mpeaw ne nkatabo a na ɛyɛ Ɔhene Dawid de, na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no.
Na Yehoiada de mpea ne akokyɛm a na ɛyɛ Ɔhene Dawid dea na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no.
10 Ɔde awɛmfo no twaa ɔhene no ho hyiae a wɔayɛ wɔn akode krado. Wogyinagyinaa saa wɔ Asɔredan no anafo fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae.
Ɔde awɛmfoɔ no twaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔayɛ wɔn akodeɛ krado. Wɔgyinagyinaa saa so wɔ Asɔredan no anafoɔ fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ.
11 Afei, Yehoiada ne ne mmabarima yii ɔhene babarima Yoas bae, na wɔde ahenkyɛw no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nhoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”
Afei, Yehoiada ne ne mmammarima yii ɔhene babarima Yoas baeɛ, na wɔde ahenkyɛ no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nwoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!”
12 Bere a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfo reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm ko a asi.
Ɛberɛ a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfoɔ reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm korɔ a asi.
13 Na ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntorobɛnto. Nnwontofo a wɔnam nnwontode so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfo no anim ahokeka so. Bere a Atalia huu eyi no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu se, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”
Na ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntotorobɛnto. Nnwontofoɔ a wɔnam nnwontodeɛ so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfoɔ no anim ahokeka so. Ɛberɛ a Atalia hunuu yei no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!”
14 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no se, “Montwe no mfi Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, munkum no. Nanso munnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.”
Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ akodɔm no so no sɛ, “Montwe no mfiri Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, monkum no. Nanso, monnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.”
15 Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.
Enti, wɔtwee no de no kɔɔ ɛkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfie hɔ so, kumm no hɔ.
16 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo.
Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfoɔ no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ.
17 Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kobubu gui. Wɔsɛee afɔremuka no, dwerɛw ohoni no, kum Baal sɔfo Matan wɔ afɔremuka no anim.
Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kɔbubu guiɛ. Wɔsɛee afɔrebukyia no, dwerɛɛ ohoni no, kumm Baal ɔsɔfoɔ Matan wɔ afɔrebukyia no anim.
18 Yehoiada nam ahyɛde a Dawid ka too hɔ so, de Lewifo asɔfo sisii Awurade Asɔredan no dwumadi ahorow no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, sɛnea Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛw wɔn ho, sɛnea Dawid ahyɛ no.
Yehoiada nam ahyɛdeɛ a Dawid ka too hɔ so, de Lewifoɔ asɔfoɔ sisii Awurade Asɔredan no dwumadie ahodoɔ no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛ wɔn ho, sɛdeɛ Dawid ahyɛ no.
19 Ɔde apon ano ahwɛfo no sisii Awurade Asɔredan apon ano, sɛnea wɔremma wɔn a wɔn ho ntew no nkɔ mu.
Ɔde apono ano ahwɛfoɔ no sisii Awurade Asɔredan apono ano, sɛdeɛ wɔremma wɔn a wɔn ho nte no nkɔ mu.
20 Afei, asahene, atitiriw, ntuanofo ne ɔmanfo nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam pon no ano, wuraa ahemfi hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehye ahengua no so.
Afei, asahene, atitire, ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam ɛpono no ano, wuraa ahemfie hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehyeɛ ahennwa no so.
21 Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa ɔman no mu, efisɛ na wɔde afoa akum Atalia.
Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa ɔman no mu, ɛfiri sɛ, na wɔakum Atalia.