< 2 Beresosɛm 22 >

1 Afei, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a odi hɔ. Na Arabfo afowfo akuw akunkum mmabarima mpanyimfo no nyinaa. Ɛno nti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na odii hene wɔ Yuda.
καὶ ἐβασίλευσαν οἱ κατοικοῦντες ἐν Ιερουσαλημ τὸν Οχοζιαν υἱὸν αὐτοῦ τὸν μικρὸν ἀντ’ αὐτοῦ ὅτι πάντας τοὺς πρεσβυτέρους ἀπέκτεινεν τὸ λῃστήριον τὸ ἐπελθὸν ἐπ’ αὐτούς οἱ Ἄραβες καὶ οἱ Αλιμαζονεῖς καὶ ἐβασίλευσεν Οχοζιας υἱὸς Ιωραμ βασιλέως Ιουδα
2 Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Na ne na a ɔyɛ Israelhene Omri nena no din de Atalia.
ὢν εἴκοσι ἐτῶν Οχοζιας ἐβασίλευσεν καὶ ἐνιαυτὸν ἕνα ἐβασίλευσεν ἐν Ιερουσαλημ καὶ ὄνομα τῇ μητρὶ αὐτοῦ Γοθολια θυγάτηρ Αμβρι
3 Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛe no bi, efisɛ ne na hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.
καὶ οὗτος ἐπορεύθη ἐν ὁδῷ οἴκου Αχααβ ὅτι μήτηρ αὐτοῦ ἦν σύμβουλος τοῦ ἁμαρτάνειν
4 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so sɛnea Ahab yɛe no. Nʼagya wu akyi no, Ahab abusuafo na wɔbɛyɛɛ nʼafotufo. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛe mu.
καὶ ἐποίησεν τὸ πονηρὸν ἐναντίον κυρίου ὡς οἶκος Αχααβ ὅτι αὐτοὶ ἦσαν αὐτῷ μετὰ τὸ ἀποθανεῖν τὸν πατέρα αὐτοῦ σύμβουλοι τοῦ ἐξολεθρεῦσαι αὐτόν
5 Esiane wɔn afotu bɔne nti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wotuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu no, Aramfo no piraa Yoram.
καὶ ἐν ταῖς βουλαῖς αὐτῶν ἐπορεύθη καὶ ἐπορεύθη μετὰ Ιωραμ υἱοῦ Αχααβ εἰς πόλεμον ἐπὶ Αζαηλ βασιλέα Συρίας εἰς Ραμα Γαλααδ καὶ ἐπάταξαν οἱ τοξόται τὸν Ιωραμ
6 Yoram san kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuru no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.
καὶ ἐπέστρεψεν Ιωραμ τοῦ ἰατρευθῆναι εἰς Ιεζραελ ἀπὸ τῶν πληγῶν ὧν ἐπάταξαν αὐτὸν οἱ Σύροι ἐν Ραμα ἐν τῷ πολεμεῖν αὐτὸν πρὸς Αζαηλ βασιλέα Συρίας καὶ Οχοζιας υἱὸς Ιωραμ βασιλεὺς Ιουδα κατέβη θεάσασθαι τὸν Ιωραμ υἱὸν Αχααβ εἰς Ιεζραελ ὅτι ἠρρώστει
7 Na eyi dan mfomso kɛse, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kohyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Onyankopɔn ayi no sɛ ontwa Ahab fi adedi ntoatoaso no so.
καὶ παρὰ τοῦ θεοῦ ἐγένετο καταστροφὴ Οχοζια ἐλθεῖν πρὸς Ιωραμ καὶ ἐν τῷ ἐλθεῖν αὐτὸν ἐξῆλθεν μετ’ αὐτοῦ Ιωραμ πρὸς Ιου υἱὸν Ναμεσσι χριστὸν κυρίου τὸν οἶκον Αχααβ
8 Bere a Yehu rebu atɛn atia Ahab fi no, ohyiaa Yuda mpanyimfo ne Ahasia abusuafo bi a na wɔresom Ahasia. Enti Yehu kunkum wɔn nyinaa.
καὶ ἐγένετο ὡς ἐξεδίκησεν Ιου τὸν οἶκον Αχααβ καὶ εὗρεν τοὺς ἄρχοντας Ιουδα καὶ τοὺς ἀδελφοὺς Οχοζια λειτουργοῦντας τῷ Οχοζια καὶ ἀπέκτεινεν αὐτούς
9 Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wokohuu no sɛ wakɔtɛw Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu ma okum no. Wosiee Ahasia ma ɛyɛɛ fɛ, efisɛ nnipa dii ne ho adanse se, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nena.” Na Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyi no mu biara amfata sɛ ɔbɛtoa ahenni no so.
καὶ εἶπεν τοῦ ζητῆσαι τὸν Οχοζιαν καὶ κατέλαβον αὐτὸν ἰατρευόμενον ἐν Σαμαρείᾳ καὶ ἤγαγον αὐτὸν πρὸς Ιου καὶ ἀπέκτεινεν αὐτόν καὶ ἔθαψαν αὐτόν ὅτι εἶπαν υἱὸς Ιωσαφατ ἐστίν ὃς ἐζήτησεν τὸν κύριον ἐν ὅλῃ καρδίᾳ αὐτοῦ καὶ οὐκ ἦν ἐν οἴκῳ Οχοζια κατισχῦσαι δύναμιν περὶ τῆς βασιλείας
10 Bere a Yudahene Ahasia ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehye abusua no.
καὶ Γοθολια ἡ μήτηρ Οχοζια εἶδεν ὅτι τέθνηκεν αὐτῆς ὁ υἱός καὶ ἠγέρθη καὶ ἀπώλεσεν πᾶν τὸ σπέρμα τῆς βασιλείας ἐν οἴκῳ Ιουδα
11 Nanso Ahasia nuabea Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea, faa Ahasia babarima akokoaa Yoas fii ɔhene no mma a wɔaka a wɔrebekum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kosiee pia bi mu. Eyi ne ɔkwan a ɔsɔfo Yehoiada yere Yehoseba faa so de abofra no siei, sɛnea ɛbɛyɛ na Atalia rennya no nkum no.
καὶ ἔλαβεν Ιωσαβεθ ἡ θυγάτηρ τοῦ βασιλέως τὸν Ιωας υἱὸν Οχοζια καὶ ἔκλεψεν αὐτὸν ἐκ μέσου υἱῶν τοῦ βασιλέως τῶν θανατουμένων καὶ ἔδωκεν αὐτὸν καὶ τὴν τροφὸν αὐτοῦ εἰς ταμίειον τῶν κλινῶν καὶ ἔκρυψεν αὐτὸν Ιωσαβεθ θυγάτηρ τοῦ βασιλέως Ιωραμ ἀδελφὴ Οχοζιου γυνὴ Ιωδαε τοῦ ἱερέως καὶ ἔκρυψεν αὐτὸν ἀπὸ προσώπου Γοθολιας καὶ οὐκ ἀπέκτεινεν αὐτόν
12 Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.
καὶ ἦν μετ’ αὐτῆς ἐν οἴκῳ τοῦ θεοῦ κατακεκρυμμένος ἓξ ἔτη καὶ Γοθολια ἐβασίλευσεν ἐπὶ τῆς γῆς

< 2 Beresosɛm 22 >