< 2 Beresosɛm 20 >

1 Eyi akyi no, Moabfo, Amonfo ne Maonfo asraafo bi tuu Yehosafat so sa.
그 후에 모압 자손과 암몬 자손이 몇 마온 사람과 함께와서 여호사밧을 치고자 한지라
2 Abɔfo bɛka kyerɛɛ Yehosafat se, “Asraafo bebree fi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔadu Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no).
혹이 와서 여호사밧에게 고하여 가로되 `큰 무리가 바다 저편 아람에서 왕을 치러 오는데 이제 하사손다말 곧 엔게디에 있나이다'
3 Yehosafat tee saa asɛm no, ne ho yeraw no nti, obisaa Awurade hɔ akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada.
여호사밧이 두려워하여 여호와께로 낯을 향하여 간구하고 온 유다 백성에게 금식하라 공포하매
4 Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ Awurade.
유다 사람이 여호와께 도우심을 구하려 하여 유다 모든 성읍에서 모여와서 여호와께 간구하더라
5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafo ne Yerusalemfo anim wɔ Awurade Asɔredan no adiwo foforo hɔ.
여호사밧이 여호와의 전 새 뜰 앞에서 유다와 예루살렘의 회중 가운데 서서
6 Ɔbɔɔ mpae se, “Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote ɔsoro. Wo na wudi ahenni a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfo ne ɔkɛse a obiara ntumi ne wo nni asi.
가로되 '우리 열조의 하나님 여호와여, 주는 하늘에서 하나님이 아니시니이까? 이방 사람의 모든 나라를 다스리지 아니하시나이까? 주의 손에 권세와 능력이 있사오니 능히 막을 사람이 없나이다
7 Yɛn Nyankopɔn, bere a wo nkurɔfo bedui no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no ana? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefo afebɔɔ ana?
우리 하나님이시여! 전에 이 땅 거민을 주의 백성 이스라엘 앞에서 쫓아내시고 그 땅으로 주의 벗 아브라함의 자손에게 영영히 주지 아니하셨나이까?
8 Wo nkurɔfo tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo.
저희가 이 땅에 거하여 주의 이름을 위하여 한 성소를 건축하고 이르기를
9 Wɔkaa se, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.’
만일 재앙이나, 난리나, 견책이나, 온역이나, 기근이 우리에게 임하면 주의 이름이 이 전에 있으니 우리가 이 전 앞과 주의 앞에 서서 이 환난 가운데서 주께 부르짖은즉 들으시고 구원하시리라 하였나이다
10 “Na afei, hwɛ nea Amonfo, Moabfo ne Seir asraafodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim bere a Israel fii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn.
옛적에 이스라엘이 애굽 땅에서 나올 때에 암몬 자손과 모압 자손과 세일산 사람을 침노하기를 주께서 용납하지 아니하시므로 이에 치우쳐 저희를 떠나고 멸하지 아니하였거늘
11 Afei, hwɛ sɛnea wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebetu yɛn afi wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapade no so.
이제 저희가 우리에게 갚는 것을 보옵소서 저희가 와서 주께서 우리에게 주신 주의 기업에서 우리를 쫓아 내고자 하나이다
12 Yɛn Nyankopɔn, worensiw wɔn ano? Yenni ahoɔden sɛ asraafodɔm kɛse yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ yɛn so yi. Yenhu nea yɛnyɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ wobɛboa yɛn.”
우리 하나님이여, 저희를 징벌하지 아니하시나이까? 우리를 치러 오는 이 큰 무리를 우리가 대적할 능력이 없고 어떻게 할 줄도 알지 못하옵고 오직 주만 바라보나이다' 하고
13 Bere a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkokoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no.
유다 모든 사람은 그 아내와 자녀와 어린 자로 더불어 여호와 앞에 섰더라
14 Awurade Honhom baa mmarima a wogyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima.
여호와의 신이 회중 가운데서 레위 사람 야하시엘에게 임하셨으니 저는 아삽 자손 맛다냐의 현손이요, 여이엘의 증손이요, 브나야의 손자요, 스가랴의 아들이더라
15 Ɔkae se, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa, muntie! Sɛnea Awurade se ni: Munnsuro. Mommma asraafodɔm kɛse ntu mo koma, efisɛ ɔko no nyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.
야하시엘이 가로되 `온 유다와 예루살렘 거민과 여호사밧 왕이여 들을지어다! 여호와께서 너희에게 말씀하시기를 이 큰 무리로 인하여 두려워하거나 놀라지 말라 이 전쟁이 너희에게 속한 것이 아니요 하나님께 속한 것이니라
16 Ɔkyena, muntu nten nkɔ wɔn so. Mubehu sɛ wofi Sis atrapoe a ɛwɔ obon no fa a epue Yeruel sare no so hɔ reba.
내일 너희는 마주 내려 가라 저희가 시스 고개로 말미암아 올라오리니 너희가 골짜기 어귀 여루엘 들 앞에서 만나려니와
17 Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Munnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ Awurade nkonimdi. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfo. Munnsuro, na mommma mo koma ntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na Awurade ka mo ho.”
이 전쟁에는 너희가 싸울 것이 없나니 항오를 이루고 서서 너희와 함께한 여호와가 구원하는 것을 보라! 유다와 예루살렘아! 너희는 두려워하며 놀라지 말고 내일 저희를 마주 나가라 여호와가 너희와 함께 하리라 하셨느니라' 하매
18 Na ɔhene Yehosafat sii ne ti ase, na Yuda ne Yerusalem manfo no nyinaa nso yɛɛ saa, de som Awurade.
여호사밧이 몸을 굽혀 얼굴을 땅에 대니 온 유다와 예루살렘 거민들도 여호와 앞에 엎드려 경배하고
19 Na Lewifo a wofi Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyina teɛɛ mu dennen sɔree Awurade, Israel Nyankopɔn.
그핫 자손과 고라 자손에게 속한 레위 사람들은 서서 심히 큰 소리로 이스라엘 하나님 여호와를 찬송하니라
20 Ade kyee nʼanɔpahema no, Yuda asraafo no kɔɔ Tekoa sare so. Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kae se, “Muntie me, mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa. Munnye Awurade, mo Nyankopɔn, nni na mubetumi agyina pintinn. Munnye nʼadiyifo no nni, na mubedi nkonim.”
이에 백성들이 일찌기 일어나서 드고아 들로 나가니라 나갈 때에 여호사밧이 서서 가로되 '유다와 예루살렘 거민들아 내 말을 들을지어다! 너희는 너희 하나님 여호와를 신뢰하라! 그리하면 견고히 서리라 그 선지자를 신뢰하라! 그리하면 형통하리라' 하고
21 Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi sɛ wonni asraafo no anim, nto dwom mma Awurade, nkamfo no wɔ nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni: “Monna Awurade ase na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
백성으로 더불어 의논하고 노래하는 자를 택하여 거룩한 예복을 입히고 군대 앞에서 행하며 여호와를 찬송하여 이르기를 `여호와께 감사하세! 그 자비하심이 영원하도다' 하게 하였더니
22 Bere a wɔpagyaw ayeyi dwom no, Awurade maa Amon, Moab ne bepɔw Seir asraafo no twaa wɔn ho koe.
그 노래와 찬송이 시작될 때에 여호와께서 복병을 두어 유다를 치러 온 암몬 자손과 모압과 세일산 사람을 치게 하시므로 저희가 패하였으니
23 Moab ne Amon asraafo no dan wɔn ani kyerɛɛ mmarima a wofi bepɔw Seir so no, kunkum wɔn nyinaa. Wowiee Seir asraafo no, wotwaa wɔn ho koe.
곧 암몬과 모압 자손이 일어나 세일산 거민을 쳐서 진멸하고 세일 거민을 멸한 후에는 저희가 피차에 살륙하였더라
24 Na Yuda asraafo no duu baabi a wogyina a wuhu sare no so no, wohuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfo no mu baako mpo antumi anguan.
유다 사람이 들 망대에 이르러 그 무리를 본즉 땅에 엎드러진 시체뿐이요 하나도 피한 자가 없는지라
25 Ɔhene Yehosafat ne nʼakofo no kɔtasee asade. Wonyaa adwumayɛ nneɛma, ntade ne nneɛma a ɛsom bo a wontumi nsoa. Na asade no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtase ne nyinaa.
여호사밧과 그 백성이 가서 적군의 물건을 취할새 본즉 그 가운 데에 재물과 의복과 보물이 많이 있는 고로 각기 취하는데 그 물건이 너무 많아 능히 가져갈 수 없을만큼 많으므로 사흘 동안에 취하고
26 Nnaanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bon mu. Wɔtoo obon no din saa da no, efisɛ ɛhɔ na nnipa no kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bon nnɛ yi.
제 사일에 무리가 브라가 골짜기에 모여서 거기서 여호와를 송축한지라 그러므로 오늘날까지 그 곳을 브라가 골짜기라 일컫더라
27 Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn san kɔɔ Yerusalem anigye so sɛ, Awurade ama wɔadi wɔn atamfo so nkonim.
유다와 예루살렘 모든 사람이 여호사밧을 선두로 즐거이 예루살렘으로 돌아왔으니 이는 여호와께서 저희로 그 적군을 이김을 인하여 즐거워하게 하셨음이라
28 Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntorobɛnto tuu nten kɔhyɛn Yerusalem na wɔkɔɔ Awurade Asɔredan no mu.
무리가 비파와 수금과 나팔을 합주하고 예루살렘에 이르러 여호와의 전에 나아가니라
29 Bere a ahenni a atwa hɔ ahyia no tee sɛ Awurade no ankasa ako atia Israel atamfo no, Awurade ho suro baa wɔn so.
이방 모든 나라가 여호와께서 이스라엘의 적군을 치셨다 함을 듣고 하나님을 두려워한고로
30 Na ɛmaa asomdwoe baa Yehosafat ahenni mu, efisɛ ne Nyankopɔn maa no ahomegye wɔ afanan nyinaa.
여호사밧의 나라가 태평하였으니 이는 그 하나님이 사방에서 저희에게 평강을 주셨음이더라
31 Na Yehosafat dii hene wɔ Yuda asase so. Bere a odii hene no, na wadi mfe aduasa anum. Ɔtenaa Yerusalem dii hene mfe aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea.
여호사밧이 유다 왕이 되어 위에 나아갈 때에 나이 삼십 오세라 예루살렘에서 이십 오년을 치리하니라 그 모친의 이름은 아수바라 실히의 딸이더라
32 Na Yehosafat yɛ ɔhene a oye. Ɔyɛɛ nea nʼagya Asa yɛe. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani.
여호사밧이 그 부친 아사의 길로 행하여 돌이켜 떠나지 아니하고 여호와 보시기에 정직히 행하였으나
33 Nanso nʼahenni mu no, wammubu abosonsomfo nsɔree so no, na ɔmanfo no nso amfa wɔn koma nyinaa amma wɔn agyanom Nyankopɔn no.
산당은 폐하지 아니하였으므로 백성이 오히려 마음을 정하여 그 열조의 하나님께로 돌아오지 아니하였더라
34 Yehosafat ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Hanani babarima Yehu nhoma a wɔde aka Israel Ahemfo nhoma no ho.
이 외에 여호사밧의 시종 행적이 하나니의 아들 예후의 글에 다 기록되었고 그 글은 이스라엘 열왕기에 올랐더라
35 Nanso ɛrekɔ nʼasetena awiei no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu.
유다왕 여호사밧이 나중에 이스라엘 왕 아하시야와 교제하였는데 아하시야는 심히 악을 행하는 자이었더라
36 Wɔyɛɛ Po so aguadi ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea.
두 왕이 서로 결합하고 배를 지어 다시스로 보내고자 하여 에시온게벨에서 배를 지었더니
37 Na Dodafahu babarima Elieser a ofi Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkae se, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako nti, Awurade bɛsɛe wʼadwuma.” Enti ahyɛn no bobɔe a wɔantumi amfa ankodi gua.
마레사 사람 도다와후의 아들 엘리에셀이 여호사밧을 향하여 예언하여 가로되 '왕이 아하시야와 교제하는고로 여호와께서 왕의 지은 것을 파하시리라' 하더니 이에 그 배가 파상하여 다시스로 가지 못하였더라

< 2 Beresosɛm 20 >