< 2 Beresosɛm 18 >
1 Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea.
Josaphat, comblé de richesses et de gloire, s’allia par un mariage avec Achab.
2 Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too pon kɛse bi maa ɔne ne mpanyimfo. Wokunkum nguan ne anantwi bebree de too pon no. Na Ahab srɛɛ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead.
Au bout de quelque temps il alla rendre visite à Achab dans Samarie, et Achab fit tuer quantité de brebis et de bœufs pour son hôte et pour sa suite, et il l’incita à marcher contre Ramot en Galaad.
3 Ahab bisaa no se, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead ana?” Na Yehosafat bua se, “Me ne wo yɛ pɛ na me nkurɔfo te sɛ wo nkurɔfo, Yɛbɛboa wo, ama woako.”
Achab, roi d’Israël, dit donc à Josaphat, roi de Juda: "Marcheras-tu contre Ramot en Galaad de concert avec moi?" Il lui répondit: "Nous ne faisons qu’un, toi et moi, ton peuple et mon peuple: je serai ton auxiliaire dans cette campagne."
4 Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa Awurade hɔ afotu.”
Josaphat dit encore au roi d’Israël: "De grâce, consulte donc en ce jour l’oracle du Seigneur."
5 Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim anuonyam so.”
Le roi d’Israël réunit les prophètes, au nombre de quatre cents, et leur dit: "Devons-nous aller en guerre contre Ramot en Galaad, ou dois-je m’abstenir?" Ils répondirent: "Va, l’Eternel livrera la ville au pouvoir du roi."
6 Nanso Yehosafat bisae se, “Enti Awurade odiyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.”
Mais Josaphat insista: "N’Y a-t-il pas ici encore un prophète de l’Eternel que nous puissions interroger?"
7 Ɔhene Ahab buae se, “Ɔbaako da so wɔ ha nanso, mikyi no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a enye na ɔka kyerɛ me. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.” Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Ma yentie asɛm a ɔwɔ ka.”
Il y a bien encore un homme, dit le roi d’Israël à Josaphat, à qui nous pourrions demander ce que dit l’Eternel, mais je le hais, car il ne me prédit jamais rien de bon, mais toujours du mal. C’Est Mikhayou, fils de Yimla." Josaphat se récria: "Que le roi ne tienne pas un pareil langage!"
8 Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ no se, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”
Le roi d’Israël manda un officier et lui ordonna d’amener à la hâte Mikhayou, fils de Yimla.
9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
Cependant, le roi d’Israël et Josaphat, roi de Juda, revêtus de leurs insignes, étaient assis chacun sur son trône, dans une aire, à l’entrée de la porte de Samarie, et tous les prophètes prophétisaient devant eux.
10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!”
Sédécias, fils de Kenaana, se fit des cornes de fer et dit: "Telle est la parole du Seigneur: Avec ces cornes tu terrasseras Aram, au point de l’anéantir."
11 Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ Awurade bɛma moadi nkonim.”
Tous les prophètes prophétisaient de même et parlaient ainsi: "Monte contre Ramot en Galaad, et tu triompheras; l’Eternel livrera la ville au pouvoir du roi."
12 Ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, adiyifo no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ obedi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdi ho bɔ.”
De son côté, le messager qui était allé appeler Mikhayou lui avait dit: "Les prédictions des prophètes sont unanimement favorables au roi; prononce donc le même oracle qu’eux tous. Annonce le succès."
13 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ Awurade te ase yi, nea me Nyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.”
Mais Mikhayou avait répondu: "Vive Dieu! ce que l’Eternel me dictera, je le dirai."
14 Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?” Mikaia buae se, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho wɔ nyam.”
Il vint auprès du roi, qui lui dit: "Mikha, irons-nous en guerre contre Ramot en Galaad, ou m’abstiendrai-je?" Il répondit: "Allez, et vous triompherez; ils seront livrés en votre pouvoir."
15 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama Awurade a, ka nokwasɛm?”
Le roi lui dit: "Combien de fois t’adjurerai-je de me dire uniquement la vérité au nom de l’Eternel?"
16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu no, mihuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na Awurade kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ fie asomdwoe mu.’”
Il répondit: "J’Ai vu tout Israël dispersé sur les montagnes, comme un troupeau sans pasteur; et l’Eternel disait: Plus de chefs pour les diriger; qu’ils retournent, chacun chez soi, en paix!"
17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.”
Le roi d’Israël dit alors à Josaphat: "Ne t’avais-je pas prévenu que cet homme ne me prédit que le mal et jamais le bien?"
18 Mikaia toaa so se, “Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.
"Ecoutez donc, reprit Mikhayou, la parole de l’Eternel: j’ai vu le Seigneur assis sur son trône, tandis que toute l’armée céleste se tenait debout à sa droite et à sa gauche.
19 Na Awurade bisae se, ‘Hena na obetumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakotu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’ “Adwenkyerɛ bebree baa ho,
Et l’Eternel dit: Qui ira séduire Achab, roi d’Israël, afin qu’il monte contre Ramot en Galaad, et y succombe? Celui-ci répondit de telle façon, celui-là de telle autre.
20 kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, ‘Metumi ayɛ!’” Awurade bisae se, “‘Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi.’”
Mais l’Esprit s’avança droit devant l’Eternel et dit: Moi, je veux l’égarer. Et comment cela? demanda le Seigneur.
21 Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.” Awurade kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim.
Il répondit: J’Irai, et je serai un esprit de mensonge dans la bouche de tous ses prophètes. Tu réussiras à le tromper, reprit le Seigneur; va donc et fais cela.
22 “Enti woahu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”
Et maintenant, oui, l’Eternel a mis un esprit de mensonge dans la bouche de tes prophètes que voici, parce qu’il a résolu ta perte."
23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotɔre bisae se, “Da bɛn na Awurade honhom fii me so bɛkasa kyerɛɛ wo?”
Alors Sédécias, fils de Kenaana, s’approcha de Mikhayou et le frappa au visage, en disant: "Par quelle voie l’esprit du Seigneur a-t-il passé de moi à toi pour te parler?"
24 Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.”
Mikhayou répondit: "Tu le verras le jour où tu iras te réfugier de chambre en chambre pour te mettre à l’abri."
25 Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn.
Le roi d’Israël ordonna aussitôt de se saisir de Mikhayou et de le remettre à Amôn, le gouverneur de la ville, et au prince royal Joas,
26 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’”
à qui il fit dire: "Suivant l’ordre du roi, jetez cet homme en prison et nourrissez-le du pain et de l’eau de misère jusqu’à mon heureux retour."
27 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.”
"Ah! si tu reviens en paix, s’écria Mikhayou, ce n’est pas l’Eternel qui m’aura inspiré." Il ajouta: "Soyez-en témoins, vous tous ici réunis!"
28 Enti Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, tuu Ramot-Gilead so sa.
Cependant le roi d’Israël et Josaphat, roi de Juda, montèrent contre Ramot en Galaad.
29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho sɛnea obiara nhu me, nanso wo de, wobɛhyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
Le roi d’Israël dit à Josaphat: "Moi, je vais me déguiser pour aller au combat, mais toi, revêts ton costume royal;" le roi d’Israël se déguisa, et ainsi ils allèrent en guerre.
30 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo no se, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so.”
Or, le roi de Syrie avait donné l’ordre suivant aux commandants de sa cavalerie: "Ne dirigez vos coups contre petit ni grand, mais visez uniquement le roi d’Israël."
31 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, Yehosafat teɛɛ mu frɛɛ Awurade sɛ ommegye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfo no ani fii ne so, de gyee no nkwa.
Lorsque les chefs de la cavalerie aperçurent Josaphat, ils se dirent: "Ce n’est autre que le roi d’Israël", et ils cherchèrent à l’entourer pour le frapper. Josaphat poussa des cris, et l’Eternel, venant à son secours, les détourna de lui.
32 Bere a nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wogyaee no taa.
Les chefs de la cavalerie reconnurent que ce n’était pas le roi d’Israël et s’éloignèrent.
33 Na Aram sraani bi de anibiannaso totow nʼagyan guu Israel asraafo no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkatabo ahyiae wɔ ne mmotuam. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ nteaseɛnamkafo no se, “Momfa me mfi ha, na wɔapira me pira bɔne.”
Mais un soldat tira de l’arc au hasard et atteignit le roi au défaut de la cuirasse. Achab dit à son conducteur: "Tourne bride et fais-moi sortir de la mêlée, car je suis grièvement blessé."
34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kotwerii ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no de kosii anwummere. Na ɛyɛɛ sɛnea owia rekɔtɔ no, owui.
La bataille fut rude en ce jour. Cependant le roi d’Israël était resté debout sur son char, en face du Syrien, jusqu’au soir. Il expira vers le moment du coucher du soleil.