< 2 Beresosɛm 17 >

1 Na Asa babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛnea obetumi agyina Israel ɔfow biara ano.
And Jehoshaphat his son became king in his stead, and strengthened himself against Israel.
2 Oduaduaa asraafodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraafodɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkurow a nʼagya Asa ako agye no so.
And he placed forces in all the fortified cities of Judah, and placed garrisons in the land of Judah, and in the cities of Ephraim, which Assa his father had captured.
3 Na Awurade ka Yehosafat ho, efisɛ ɔyɛɛ sɛnea nʼagya Asa yɛe wɔ ne mfe a edi kan no mu, na wansom Baal ahoni no.
And the Lord was with Jehoshaphat; because he walked in the first ways of David his father, and sought not after the Be'alim;
4 Ɔhwehwɛɛ nʼagya Nyankopɔn, na odii nʼahyɛde so a wanni Israel ahenni mu nneyɛe no akyi.
On the contrary, after the God of his father did he seek, and in his commandments did he walk, but not after the doings of Israel.
5 Enti Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahenni no timii. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛde, ma ɔyɛɛ ɔdefo, na wɔde nidi maa no.
Therefore did the Lord establish the kingdom in his hand; and all Judah gave presents to Jehoshaphat; and he had riches and honor in abundance.
6 Ofi ne koma nyinaa mu nantew Awurade akwan so. Obubuu abosonsomfo nsɔree so, na ɔsɛee Asera nnua no.
And his heart raised itself up in the ways of the Lord, and he removed moreover the high-places and groves out of Judah.
7 Yehosafat ahenni mfe abiɛsa so no, ɔsomaa ne mpanyimfo ma wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkurow nyinaa so. Ne mpanyimfo no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia.
And in the third year of his reign he sent his princes, even Ben-chayil, and 'Obadiah, and Zechariah, and Nethanel, and Michayahu, to teach in the cities of Judah.
8 Ɔsomaa Lewifo a wɔn din didi so yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfo Elisama ne Yehoram nso.
And with them were the Levites, Shema'yahu, and Nethanyahu, and Zebadyahu, and 'Assahel, and Shemiramoth, and Jehonathan, and Adoniyahu, and Tobiyahu, and Tobadoniyah, the Levites; and with them Elishama' and Jehoram, the priests.
9 Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim nhoma no de kyinii Yuda nkurow nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.
And they taught in Judah, and with them was the book of the law of the Lord, and they moved about through all the cities of Judah, and taught the people.
10 Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahenni a atwa ahyia no nyinaa so, nti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so.
And the dread of the Lord was upon all the kingdoms of the lands that were round about Judah, so that they made no war with Jehoshaphat.
11 Filistifo no bi brɛɛ no akyɛde ne dwetɛ sɛ sonkahiri, na Arabfo brɛɛ no adwennini mpem ason ne ahanson ne mpapo mpem ason ne ahanson.
Also from the Philistines did people bring unto Jehoshaphat presents and silver, as tribute: also the Arabians brought him small cattle, rams seven thousand and seven hundred, and he-goats seven thousand and seven hundred.
12 Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara ma osisii aban ne nnuan adekoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so.
And Jehoshaphat went on becoming exceedingly great, and he built in Judah castles and treasure-cities.
13 Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkurow mu, na ɔmaa asraafo a wɔyɛ den tenaa Yerusalem.
And he had great works in the cities of Judah, and men of war, mighty in valor, in Jerusalem.
14 Wogyinaa agyanom mmusuakuw so gyee asraafo. Yuda abusua mu, na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw apem. Adna na na ɔyɛ wɔn so sahene.
And these are their numbers according to their family divisions: Of Judah, of the captains of the thousands was 'Adnah the chief, and with him were mighty men of valor, three hundred thousand.
15 Onipa a na odi ne so ne Yehohanan a na odi asraafodɔm mpem ahannu aduɔwɔtwe so.
And next to him was Jehochanan the chief, and with him were two hundred and eighty thousand.
16 Nea odi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa Awurade adwuma a na odi asraafodɔm mpem ahannu so sahene.
And next to him was 'Amassyah the son of Zichri, who voluntarily offered himself unto the Lord; and with him were two hundred thousand mighty men of valor.
17 Benyamin abusua asraafodɔm no, na wɔn dodow yɛ mpem ahannu a wɔwɔ agyan ne nkatabo. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛ.
And of Benjamin, the mighty valiant Elyada', and with him were those armed with bow and shield two hundred thousand.
18 Nea odi hɔ ne Yehosabad a otua asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe a wɔada wɔn ho so ama akodi no ano.
And next him was Jehozabad, and with him were one hundred and eighty thousand ready armed for the host.
19 Eyinom ne asraafodɔm a wɔtenaa Yerusalem som ɔhene, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkurow a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu no.
These were those that ministered to the king, besides those whom the king had placed in the fortified cities throughout all Judah.

< 2 Beresosɛm 17 >