< 2 Beresosɛm 16 >

1 Asa dii ade mfe aduasa asia no, Israelhene Baasa kɔtow hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ompue mfi ɔhene Asa Yudaman mu.
Trideset i šeste godine Asina kraljevanja navali izraelski kralj Baša na Judeju i stade utvrđivati Ramu da spriječi svako kretanje judejskom kralju Asi.
2 Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfi hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho:
Asa tada uze srebra i zlata iz riznice Doma Jahvina i kraljevskoga dvora i posla aramejskome kralju Ben-Hadadu, koji je stolovao u Damasku, i poruči mu:
3 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔmmfa ne nsa nka me.”
“Neka bude savez između mene i tebe i između moga i tvoga oca; evo, šaljem ti na dar srebra i zlata, hajde, raskini savez s izraelskim kraljem Bašom da bi otišao od mene.”
4 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼasraafo, kɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduan akorae nkuropɔn nyinaa so.
Ben-Hadad posluša kralja Asu i posla svoje vojskovođe na izraelske gradove te oni pokoriše Ijon, Dan, Abel Majinu i sve Naftalijeve gradove-skladišta.
5 Bere a Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee Rama bammɔ ho dwumadi no.
A kada to Baša dozna, presta utvrđivati Ramu i obustavi posao.
6 Enti ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa ma wɔbɛsoaa adansi abo ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkurow Geba ne Mispa ho ban.
Tada kralj Asa sazva sve Judejce i oni odnesoše kamenje i drvo kojima je Baša utvrđivao Ramu, pa time utvrdiše Gebu i Mispu.
7 Saa bere no mu no, ɔdehufo Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagyaw Awurade wo Nyankopɔn nti, worentumi nni Aramhene asraafo no so.
U to vrijeme dođe vidjelac Hanani k judejskom kralju Asi i reče mu: “Budući da si se oslonio na aramejskoga kralja, a nisi se oslonio na Jahvu, Boga svoga, vojska aramejskoga kralja izmakla ti je iz ruke.
8 Wonkae nea ɛbaa Etiopiafo no ne Libiafo ne wɔn asraafodɔm dodow ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo so no? Saa bere no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa.
Nisu li Etiopljani i Libijci imali silne čete sa vrlo mnogo bojnih kola i konjanika? Pa kad si se oslonio na Jahvu, predao ti ih je u ruke.
9 Awurade aniwa kyin fa asase so baabiara, sɛnea ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Efi nnɛ, wobɛkɔ ɔko.”
Jer Jahve svojim očima gleda po svoj zemlji da bi se ohrabrili oni kojima je srce iskreno prema njemu. Ludo si u tome radio, zato će se od sada dizati ratovi na te.”
10 Asa bo fuw Hanani yiye sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa bere no ara na Asa afi ase rehyɛ ne nkurɔfo no bi so.
Tada se Asa razgnjevi na vidioca i baci ga u tamnicu, jer se razjario na nj. U to je vrijeme Asa potlačio i neke iz naroda.
11 Asa ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ne Israel ahemfo nhoma no mu.
I eto, Asina djela, od prvoga do posljednjeg, zapisana su u Knjizi o judejskim i izraelskim kraljevima.
12 Nʼadedi mfe aduasa akron so no, ɔyare huhuuhu bi yɛɛ Asa nan. Ɔyare no duu ne mpɔmpɔnso a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyi kwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafo mmoa.
Razbolio se trideset i devete godine kraljevanja, od nogu, te mu se bolest veoma pogoršala, ali ni u bolesti nije tražio Jahvu nego liječnike.
13 Enti nʼadedi mfe aduanan baako so no, owui.
Tako Asa počinu sa svojim ocima i umrije četrdeset i prve godine svoga kraljevanja.
14 Wosiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhuam ne sradehuam ho hua ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ ogyatannaa kɛse bi de hyɛɛ no anuonyam.
Sahranili su ga u grobnici koju bijaše iskopao sebi u Davidovu gradu i položili ga na odar što ga bijaše napunio miomirisima i mastima, zgotovljenima mastilačkom vještinom, i spalili mu ih vrlo mnogo.

< 2 Beresosɛm 16 >