< 2 Beresosɛm 14 >

1 Abia wu ma wosiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na odii nʼade sɛ ɔhene. Asomdwoe baa asase no so mfe du.
So Abijah slept with his fathers, and they buried him in the city of David: and Asa his son reigned in his stead. In his days the land was quiet ten years.
2 Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn no, ani.
And Asa did [that which was] good and right in the eyes of the LORD his God:
3 Otutuu abosonsomfo afɔremuka ne wɔn abosonnan nyinaa gui. Odwiriw wɔn afadum, twitwaa Asera nnua nyinaa.
For he took away the altars of the strange [gods], and the high places, and broke down the images, and cut down the groves:
4 Ɔhyɛɛ ɔmanfo a wɔwɔ Yuda se, wɔnhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne nʼahyɛde nyinaa so.
And commanded Judah to seek the LORD God of their fathers, and to do the law and the commandment.
5 Asa san bubuu abosonnan ne nnuhuam afɔremuka fii Yuda nkurow nyinaa mu. Ɛno nti, wonyaa asomdwoe wɔ Asa ahenni mu.
Also he took away out of all the cities of Judah the high places and the images: and the kingdom was quiet before him.
6 Saa asomdwoe mfe no mu no, otumi siesiee bammɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa bere yi, efisɛ na Awurade rema no ahomegye wɔ nʼatamfo nsam.
And he built fortified cities in Judah: for the land had rest, and he had no war in those years; because the LORD had given him rest.
7 Asa ka kyerɛɛ Yudafo se, “Momma yɛnkyekye nkurow, na yentwa afasu mfa ho mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apon, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, efisɛ yɛsrɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, na wama yɛn ahomegye wɔ yɛn atamfo nsam.” Enti wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awiei.
Therefore he said to Judah, Let us build these cities, and make about [them] walls, and towers, gates, and bars, [while] the land [is] yet before us; because we have sought the LORD our God, we have sought [him], and he hath given us rest on every side. So they built, and prospered.
8 Na ɔhene Asa wɔ akofo mpem ahaasa a wofi Yuda abusuakuw mu a wɔwɔ nkatabo ne mpeaw akɛse. Afei, na ɔwɔ akofo mpem ahannu aduɔwɔtwe a wofi Benyamin abusua mu a wokurakura nkatabo ne agyan nketewa. Na akofo akokodurufo wɔ saa asraafodɔm abien yi mu.
And Asa had an army [of men] that bore targets and spears, out of Judah three hundred thousand; and out of Benjamin, that bore shields and drew bows, two hundred and eighty thousand: all these [were] mighty men of valor.
9 Bere bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de asraafodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahaasa, kɔtow hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ koduu Maresa kuropɔn mu.
And there came out against them Zerah the Cushite, with a host of a thousand thousand, and three hundred chariots; and came to Mareshah.
10 Asa nso boaa nʼakofo ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bon mu a ɛbɛn Maresa.
Then Asa went out against him, and they set the battle in array in the valley of Zephathath at Mareshah.
11 Asa teɛɛ mu, frɛɛ Awurade ne Nyankopɔn se, “Awurade, wo nko ara na wubetumi aboa nea ɔyɛ mmerɛw na watumi ako atia ɔhoɔdenfo! Boa yɛn, Awurade, yɛn Nyankopɔn, efisɛ wo nko ara ne yɛn anidaso. Wo din mu na yɛrehyia dɔm kɛse yi. Awurade, woyɛ yɛn Nyankopɔn, na mma kwan mma nnipa teta nsɔre ntia wo!”
And Asa cried to the LORD his God, and said, LORD, [it is] nothing with thee to help, whether with many, or with them that have no power: help us, O LORD our God; for we rest on thee, and in thy name we go against this multitude. O LORD, thou [art] our God; let not man prevail against thee.
12 Na Awurade dii Etiopiafo no so nkonim wɔ Asa ne Yuda asraafodɔm no anim, na atamfo no guanee.
So the LORD smote the Cushites before Asa, and before Judah; and the Cushites fled.
13 Asa ne nʼakofo no taa wɔn ara kosii Gerar, maa Etiopiafo no bebree totɔe a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakofo dwerɛw wɔn, na Yuda asraafo no nyaa asade bebree kɔe.
And Asa and the people that [were] with him pursued them to Gerar: and the Cushites were overthrown, that they could not recover themselves; for they were destroyed before the LORD, and before his host; and they carried away very much spoil.
14 Bere a wɔwɔ Gerar no, wɔtow hyɛɛ nkurow a ɛwɔ beae hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awiei no, wonyaa asade bebree wɔ saa nkurow no so nso.
And they smote all the cities about Gerar; for the fear of the LORD came upon them: and they plundered all the cities; for there was exceeding much spoil in them.
15 Wɔsan tow hyɛɛ mmoahwɛfo atenae, kyekyeree nguan ne yoma, ansa na wɔresan akɔ Yerusalem.
They smote also the tents of cattle, and carried away sheep and camels in abundance, and returned to Jerusalem.

< 2 Beresosɛm 14 >