< 2 Beresosɛm 13 >

1 Bere a Yeroboam dii hene wɔ Israel no, ne mfe dunwɔtwe so, na Abia fii ase dii hene wɔ Yuda.
Now in the eighteenth year of king Jeroboam began Abijah to reign over Judah.
2 Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ofi Gibea no babea. Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam.
He reigned three years in Jerusalem. His mother’s name also was Michaiah the daughter of Uriel of Gibeah. And there was war between Abijah and Jeroboam.
3 Ɔhene Abia de akofo akɛse mpem ahannan dii Yuda anim, kohyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofo akokodurufo mpem ahanwɔtwe afi Israel.
And Abijah set the battle in array with an army of valiant men of war, even four hundred thousand chosen men: Jeroboam also set the battle in array against him with eight hundred thousand chosen men, being mighty men of valor.
4 Bere a Yuda asraafo no duu Efraim mmepɔw nsase no so no, Abia gyinaa bepɔw Semaraim so, teɛɛ mu kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfo asraafo no se, “Muntie me!
And Abijah stood up on mount Zemaraim, which is in mount Ephraim, and said, Hear me, you Jeroboam, and all Israel;
5 Munnim sɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahengua maa ɔne nʼasefo afebɔɔ ana?
Ought you not to know that the LORD God of Israel gave the kingdom over Israel to David for ever, even to him and to his sons by a covenant of salt?
6 Nanso Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo somfo teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafo.
Yet Jeroboam the son of Nebat, the servant of Solomon the son of David, is risen up, and has rebelled against his lord.
7 Na ɛmaa ahuhufo dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na esiane sɛ na onnyinii, na onni osuahu biara nti, wantumi annyina ne wɔn anni asi.
And there are gathered to him vain men, the children of Belial, and have strengthened themselves against Rehoboam the son of Solomon, when Rehoboam was young and tenderhearted, and could not withstand them.
8 “Wugye di yiye sɛ wubetumi agyina, atia Awurade ahenni a Dawid asefo tua ano no? Wʼasraafodɔm no so yiye. Nantwimma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛɛ no ne mo anyame.
And now you think to withstand the kingdom of the LORD in the hand of the sons of David; and you be a great multitude, and there are with your golden calves, which Jeroboam made you for gods.
9 Woapam Awurade asɔfo ne Lewifo no, na woahyɛ wʼankasa asɔfo te sɛ abosomman no pɛ. Nnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfo. Obiara a ɔde nantwi ba ne adwennini ason bɛba sɛ wonnyina so nhyɛ no sɔfo no, otumi bɛyɛ ɔsɔfo ma saa mo anyame no.
Have you not cast out the priests of the LORD, the sons of Aaron, and the Levites, and have made you priests after the manner of the nations of other lands? so that whoever comes to consecrate himself with a young bullock and seven rams, the same may be a priest of them that are no gods.
10 “Na yɛn de, Awurade ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaa no da. Aaron asefo nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfo, na Lewifo nko ara na wotumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadi mu.
But as for us, the LORD is our God, and we have not forsaken him; and the priests, which minister to the LORD, are the sons of Aaron, and the Levites wait on their business:
11 Wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne ɔhyew aduhuam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummere. Wɔde Daa Daa Brodo no to ɔpon kronkron no so, na daa anwummere, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagyaw no.
And they burn to the LORD every morning and every evening burnt sacrifices and sweet incense: the show bread also set they in order on the pure table; and the candlestick of gold with the lamps thereof, to burn every evening: for we keep the charge of the LORD our God; but you have forsaken him.
12 Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifo. Nʼasɔfo hyɛn wɔn torobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Israelfo, monnko ntia Awurade, mo agyanom Nyankopɔn no, na morenni nkonim.”
And, behold, God himself is with us for our captain, and his priests with sounding trumpets to cry alarm against you. O children of Israel, fight you not against the LORD God of your fathers; for you shall not prosper.
13 Nanso na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakofo a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtetɛw wɔn.
But Jeroboam caused an ambush to come about behind them: so they were before Judah, and the ambush was behind them.
14 Bere a Yuda huu sɛ wofi wɔn anim ne wɔn akyi atow ahyɛ wɔn so no, wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfo no hyɛn ntorobɛnto,
And when Judah looked back, behold, the battle was before and behind: and they cried to the LORD, and the priests sounded with the trumpets.
15 na Yuda mmarima no fii ase teɛteɛɛ mu. Wɔn ko no mu nteɛteɛmu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel asraafo no gui, wɔ Abia ne Yuda asraafodɔm anim.
Then the men of Judah gave a shout: and as the men of Judah shouted, it came to pass, that God smote Jeroboam and all Israel before Abijah and Judah.
16 Israel asraafo no guan fii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim.
And the children of Israel fled before Judah: and God delivered them into their hand.
17 Abia ne nʼakofo kunkum Israel asraafo no bebree. Da no, wɔn a wɔtotɔɔ wɔ Israel asraafo a wodi mu mu no yɛ mpem ahannum.
And Abijah and his people slew them with a great slaughter: so there fell down slain of Israel five hundred thousand chosen men.
18 Na Yuda dii Israel so nkonim, efisɛ wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no so.
Thus the children of Israel were brought under at that time, and the children of Judah prevailed, because they relied on the LORD God of their fathers.
19 Abia ne nʼakofo kɔɔ so taa Yeroboam asraafo no, faa wɔn nkurow no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurow.
And Abijah pursued after Jeroboam, and took cities from him, Bethel with the towns thereof, and Jeshanah with the towns thereof, and Ephraim with the towns thereof.
20 Enti bere a Abia te ase no de, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyiri no, Awurade bɔɔ no ma owui.
Neither did Jeroboam recover strength again in the days of Abijah: and the LORD struck him, and he died.
21 Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmabarima aduonu abien ne mmea dunsia.
But Abijah waxed mighty, and married fourteen wives, and begat twenty and two sons, and sixteen daughters.
22 Abia ahenni ho nsɛm nkae ne ne nsɛm ne dwuma a odii no, wɔakyerɛw agu Odiyifo Ido Nkyeremu Nhoma no mu.
And the rest of the acts of Abijah, and his ways, and his sayings, are written in the story of the prophet Iddo.

< 2 Beresosɛm 13 >