< 2 Beresosɛm 11 >
1 Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo a wosi pi si ta mpem ɔha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔagye ahenni no afa.
Llegado a Jerusalén reunió Roboam la casa de Judá y la de Benjamín, ciento ochenta mil hombres, tropas escogidas, para atacar a Israel y devolver el reino a Roboam.
2 Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Semaia se,
Entonces llegó la palabra de Yahvé a Semeías, varón de Dios, en estos términos:
3 “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a odi hene wɔ Yuda ne Israelfo a wɔwɔ Yuda ne Benyamin no se,
Habla a Roboam, hijo de Salomón, rey de Judá, y a todo Israel que está en Judá y Benjamín, diciendo:
4 Sɛnea Awurade se ni: ‘Nko ntia wʼabusuafo. San wʼakyi kɔ fie, efisɛ me na memaa asɛm a asi no ho kwan!’” Enti wotiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.
Así dice Yahvé: “No subáis a luchar con vuestros hermanos; vuélvase cada cual a su casa; pues por voluntad mía ha sido hecho esto.” Y ellos, al oír las palabras de Yahvé, desistieron de marchar contra Jeroboam.
5 Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkurow ahorow ho ban, maa Yuda yɛɛ den.
Roboam habitó en Jerusalén, y edificó ciudades fortificadas en Judá.
6 Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,
Fortificó a Betlehem, Etam, Tecoa,
10 Sora, Ayalon ne Hebron. Eyinom ne nkurow a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.
Zorá, Ayalón y Hebrón, ciudades fortificadas situadas en Judá y en Benjamín.
11 Rehoboam yeree wɔn bammɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuan, ngo ne nsa wɔ kuropɔn biara so.
Después de restaurar las fortalezas, puso en ellas comandantes, provisiones de víveres, de aceite y de vino,
12 Ɔde nkatabo ne mpeaw siee wɔ saa nkurow yi mu de hyɛɛ wɔn bammɔ mu den. Enti Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.
y en cada una de ellas escudos y lanzas; y las hizo sumamente fuertes. Con él estaban Judá y Benjamín.
13 Asɔfo ne Lewifo a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuw te no kɔɔ Rehoboam afa.
Los sacerdotes y los levitas de todo Israel se vinieron a él desde todos sus territorios;
14 Na Lewifo no mpo gyaw wɔn afi ne wɔn agyapade kɔɔ Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mmabarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfo.
pues los levitas abandonaron sus ejidos y sus posesiones y se fueron a Judá y a Jerusalén, porque Jeroboam y sus hijos les habían prohibido el ejercicio de las funciones sacerdotales en honor de Yahvé;
15 Yeroboam yii nʼankasa asɔfo ma wɔsom wɔ abosonsomfo nsɔre so a na wɔsom abirekyi ne nantwimma ahoni a na wɔayɛ.
y además había establecido sacerdotes para los lugares altos, los sátiros y los becerros que había hecho.
16 Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Nyankopɔn no dii Lewifo no akyi kɔɔ Yerusalem faako a wobetumi de ayɛyɛde ama Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no.
Los siguieron aquellos que de entre todas las tribus de Israel tenían puesto su corazón en buscar a Yahvé, el Dios de Israel. Vinieron, pues, a Jerusalén, para ofrecer sacrificios a Yahvé, el Dios de sus padres,
17 Eyi maa Yuda ahenni nyaa ahoɔden, na wɔde mfe abiɛsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokware, sɛnea wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahenni mu no.
y así fortalecieron el reino de Judá y consolidaron (el reino) de Roboam, hijo de Salomón, por tres años: pues tres años siguieron el camino de David y de Salomón.
18 Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babea. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babea nso.
Roboam tomó por mujer a Mahalat, hija de Jerimot, hijo de David y de Abihail, hija de Eliab, hijo de Isaí.
19 Mahalat woo mmabarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham.
Esta le dio los hijos Jeús, Semarías y Záham.
20 Akyiri no, ɔwaree Absalom babea Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit.
Después tomó a Maacá, hija de Absalón, la cual le dio a luz a Abías, Atai, Sisa y Selomit.
21 Na Rehoboam dɔ Maaka yiye sen ne yerenom a wɔaka ne ne mpenanom nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenanom aduosia, na wɔwowoo mmabarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia.
Roboam amaba a Maacá, hija de Absalón, más que a todas sus mujeres y concubinas; pues tuvo diez y ocho mujeres y sesenta concubinas; y engendró veinte y ocho hijos y sesenta hijas.
22 Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene ma ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na obedi nʼade sɛ ɔhene.
Roboam puso a Abías, hijo de Maacá, por cabeza y príncipe de sus hermanos, porque quería hacerle rey.
23 Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadi hyehyɛɛ ne mmabarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkurow a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiade nyinaa, hyehyɛɛ aware bebree maa wɔn mu biara.
Para este fin repartió hábilmente a todos sus (demás) hijos por toda la tierra de Judá y de Benjamín, en todas las ciudades fortificadas, dándoles alimentos en abundancia y procurándoles muchas mujeres.