< 2 Beresosɛm 10 >

1 Rehoboam kɔɔ Sekem, efisɛ na Israel nyinaa ahyia hɔ sɛ wɔrebesi no hene.
profectus est autem Roboam in Sychem illuc enim cunctus Israhel convenerat ut constituerent eum regem
2 Bere a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awu no, ofi Misraim bae, efisɛ oguan fii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim.
quod cum audisset Hieroboam filius Nabath qui erat in Aegypto fugerat quippe illuc ante Salomonem statim reversus est
3 Israel mpanyimfo soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa.
vocaveruntque eum et venit cum universo Israhel et locuti sunt ad Roboam dicentes
4 Wɔkae se, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, tew saa adwumaden ne sonkahiri adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokware mu.”
pater tuus durissimo iugo nos pressit tu leviora impera patre tuo qui nobis gravem inposuit servitutem et paululum de onere subleva ut serviamus tibi
5 Rehoboam buae se, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmegye me mmuae.” Enti nnipa no san kɔe.
qui ait post tres dies revertimini ad me cumque abisset populus
6 Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”
iniit consilium cum senibus qui steterant coram patre eius Salomone dum adviveret dicens quid datis consilii ut respondeam populo
7 Mpanyimfo yi buae se, “Sɛ woyɛ nnipa no yiye, na woyɛ ayamye kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfo nokwafo.”
qui dixerunt ei si placueris populo huic et lenieris eos verbis clementibus servient tibi omni tempore
8 Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn.
at ille reliquit consilium senum et cum iuvenibus tractare coepit qui cum eo nutriti fuerant et erant in comitatu illius
9 Obisaa wɔn se, “Mo nso mo adwene ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?”
dixitque ad eos quid vobis videtur vel respondere quid debeo populo huic qui dixit mihi subleva iugum quod inposuit nobis pater tuus
10 Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’
at illi responderunt ut iuvenes et nutriti cum eo in deliciis atque dixerunt sic loqueris populo qui dixit tibi pater tuus adgravavit iugum nostrum tu subleva et sic respondebis eis minimus digitus meus grossior est lumbis patris mei
11 Yiw, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me de, mɛyɛ nea ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.”
pater meus inposuit vobis iugum grave et ego maius pondus adponam pater meus cecidit vos flagellis ego vero caedam scorpionibus
12 Nnansa akyi no, Yeroboam ne nnipa no nyinaa san baa sɛ wɔrebetie Rehoboam mmuae sɛnea ɔkae no.
venit ergo Hieroboam et universus populus ad Roboam die tertio sicut praeceperat eis
13 Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanyimfo no afotu,
responditque rex dura derelicto consilio seniorum
14 na ɔfaa mmerante no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me de, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo!”
locutusque est iuxta iuvenum voluntatem pater meus grave vobis inposuit iugum quod ego gravius faciam pater meus cecidit vos flagellis ego vero caedam scorpionibus
15 Enti ɔhene no anyɛ nnipa no abisade no ho hwee. Saa nsɛm a esisii yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, efisɛ ɛmaa Awurade nkɔm a ɔnam odiyifo Ahiya a ofi Silo no hyɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.
et non adquievit populi precibus erat enim voluntatis Dei ut conpleretur sermo eius quem locutus fuerat per manum Ahiae Silonitis ad Hieroboam filium Nabath
16 Bere a Israel huu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Dawid ne nʼadedi ntoaso no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afi. Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fi.” Enti Israel nyinaa san kɔɔ fie.
populus autem universus rege duriora dicente sic locutus est ad eum non est nobis pars in David neque hereditas in filio Isai revertere in tabernacula tua Israhel tu autem pasce domum tuam David et abiit Israhel in tabernacula sua
17 Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfo a na wɔtete Yuda nkurow so no so hene.
super filios autem Israhel qui habitabant in civitatibus Iuda regnavit Roboam
18 Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfo no siw no abo kum no. Bere a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ohuruw tenaa ne teaseɛnam mu, guan kɔɔ Yerusalem.
misitque rex Roboam Aduram qui praeerat tributis et lapidaverunt eum filii Israhel et mortuus est porro rex Roboam currum festinavit ascendere et fugit in Hierusalem
19 Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni biara bedi wɔn so, de besi nnɛ.
recessitque Israhel a domo David usque ad diem hanc

< 2 Beresosɛm 10 >