< 1 Timoteo 1 >

1 Me Paulo, Yesu Kristo somafo nam Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so kyerɛw,
Paul, an apostle of Christ Jesus according to the commandment of God our Saviour, and Christ Jesus our hope;
2 De rekɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi mu no nkyɛn: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no dom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.
unto Timothy, my true child in faith: Grace, mercy, peace, from God the Father and Christ Jesus our Lord.
3 Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma atoro nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn ma wogyae.
As I exhorted thee to tarry at Ephesus, when I was going into Macedonia, that thou mightest charge certain men not to teach a different doctrine,
4 Momma wonnyae adomankomasɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wuhu no.
neither to give heed to fables and endless genealogies, the which minister questionings, rather than a dispensation of God which is in faith; [so do I now].
5 Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwene mu fann ne gyidi pa mu.
But the end of the charge is love out of a pure heart and a good conscience and faith unfeigned:
6 Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu.
from which things some having swerved have turned aside unto vain talking;
7 Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu.
desiring to be teachers of the law, though they understand neither what they say, nor whereof they confidently affirm.
8 Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye.
But we know that the law is good, if a man use it lawfully,
9 Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ wɔanyɛ mmara no amma atreneefo na mmom, wɔyɛ maa mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo,
as knowing this, that law is not made for a righteous man, but for the lawless and unruly, for the ungodly and sinners, for the unholy and profane, for murderers of fathers and murderers of mothers, for manslayers,
10 afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.
for fornicators, for abusers of themselves with men, for menstealers, for liars, for false swearers, and if there be any other thing contrary to the sound doctrine;
11 Saa nokware nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn.
according to the gospel of the glory of the blessed God, which was committed to my trust.
12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
I thank him that enabled me, [even] Christ Jesus our Lord, for that he counted me faithful, appointing me to [his] service;
13 Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, ka nsɛm a ɛmfata fa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ.
though I was before a blasphemer, and a persecutor, and injurious: howbeit I obtained mercy, because I did it ignorantly in unbelief;
14 Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane Kristo Yesu nti abɛyɛ yɛn de no.
and the grace of our Lord abounded exceedingly with faith and love which is in Christ Jesus.
15 Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye to mu na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan koraa.
Faithful is the saying, and worthy of all acceptation, that Christ Jesus came into the world to save sinners; of whom I am chief:
16 Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei. (aiōnios g166)
howbeit for this cause I obtained mercy, that in me as chief might Jesus Christ shew forth all his longsuffering, for an ensample of them which should hereafter believe on him unto eternal life. (aiōnios g166)
17 Anuonyam ne nidi nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. (aiōn g165)
Now unto the King eternal, incorruptible, invisible, the only God, [be] honour and glory for ever and ever. Amen. (aiōn g165)
18 Afei me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakode,
This charge I commit unto thee, my child Timothy, according to the prophecies which went before on thee, that by them thou mayest war the good warfare;
19 na so wo gyidi mu dennen na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn tiboa, nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi.
holding faith and a good conscience; which some having thrust from them made shipwreck concerning the faith:
20 Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan sɛ ɔntwe wɔn aso sɛnea wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.
of whom is Hymenaeus and Alexander; whom I delivered unto Satan, that they might be taught not to blaspheme.

< 1 Timoteo 1 >