< 1 Timoteo 6 >

1 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfo no nyinaa de nidi ma wɔn wuranom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ.
ⲁ̅ⲛⲉⲧϣⲟⲟⲡ ϩⲁⲡⲛⲁϩⲃⲉϥ. ⲛ̅ϩⲙ̅ϩⲁⲗ ⲙⲁⲣⲟⲩⲧⲁⲓ̈ⲉⲛⲉⲩϫⲓⲥⲟⲟⲩⲉ ϩⲛ̅ⲧⲁⲉⲓⲟ ⲛⲓⲙ ϫⲉⲕⲁⲥ ⲛ̅ⲛⲉⲩϫⲓⲟⲩⲁ ⲉⲡⲣⲁⲛ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲙⲛⲧⲉⲥⲃⲱ.
2 Ɛnsɛ sɛ asomfo bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifo no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom nti. Mmom ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yiye, efisɛ wɔn som no so wɔ mfaso ma agyidifo ne adɔfo bebree.
ⲃ̅ⲛⲉⲧⲉⲟⲩⲛ̅ⲧⲟⲩϩⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲇⲉ ⲙ̅ⲡⲓⲥⲧⲟⲥ. ⲙ̅ⲡⲣ̅ⲧⲣⲉⲩⲕⲁⲧⲁⲫⲣⲟⲛⲓ ϫⲉ ϩⲉⲛⲥⲛⲏⲩ ⲛⲉ. ⲁⲗⲗⲁ ⲙⲁⲣⲟⲩⲣ̅ϩⲙ̅ϩⲁⲗ ⲛ̅ϩⲟⲩⲟ ϫⲉ ϩⲉⲛⲡⲓⲥⲧⲟⲥ ⲛⲉ ⲙ̅ⲙⲉⲣⲓⲧ ⲛⲉⲧϭⲟⲗϫ̅ ⲙ̅ⲡϩⲱⲃ ⲉⲧⲛⲁⲛⲟⲩϥ. ϯⲥⲃⲱ ⲛ̅ⲛⲁⲓ̈. ⲁⲩⲱ ⲛⲅ̅ⲡⲁⲣⲁⲕⲁⲗⲉⲓ.
3 Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka eyinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforo na ɔnka nokware a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no
ⲅ̅ⲡⲉⲧϯ ⲇⲉ ⲛ̅ⲕⲉⲥⲃⲱ ⲉⲛϥ̅ϯ ⲙ̅ⲡⲉϥⲟⲩⲟⲓ̈ ⲁⲛ ⲉⲛϣⲁϫⲉ ⲉⲧⲟⲩⲟϫ ⲛ̅ⲧⲉⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅. ⲁⲩⲱ ⲧⲉⲥⲃⲱ ⲛ̅ⲧⲙⲛ̅ⲧⲉⲩⲥⲉⲃⲏⲥ.
4 yɛ ɔhantanni a onnim hwee. Ɔyɛ obi a ofi adwemmɔne mu gye akyinnye na ɔka nsɛm a ɛde anibere, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne
ⲇ̅ⲉϥϫⲟⲥⲉ ⲛ̅ϩⲏⲧ ⲉⲛϥ̅ⲥⲟⲟⲩⲛ ⲁⲛ ⲛ̅ⲗⲁⲁⲩ. ⲁⲗⲗⲁ ⲉϥⲟ ⲛ̅ϣⲓϭ ⲉϩⲉⲛϣⲓⲛⲉ. ⲙⲛ̅ϩⲉⲛϯⲧⲱⲛ. ⲛⲁⲓ̈ ⲉϣⲁⲣⲉⲟⲩⲫⲑⲟⲛⲟⲥ ϣⲱⲡⲉ ⲉⲃⲟⲗ ⲛ̅ϩⲏⲧⲟⲩ. ⲙⲛ̅ⲟⲩϯⲧⲱⲛ. ⲙⲛ̅ⲟⲩⲁ ⲙⲛ̅ϩⲉⲛⲙⲉⲉⲩⲉ ⲉⲩϩⲟⲟⲩ.
5 ne mansotwe a efi adwene a emu nnɔ na nokware nni mu mu ba. Wodwen sɛ nyamesom yɛ ɔkwan bi a wɔfa so pɛ sika.
ⲉ̅ϩⲉⲛϩⲃⲏⲟⲩⲉ ⲛ̅ϩⲉⲛⲣⲱⲙⲉ ⲉⲣⲉⲡⲉⲩϩⲏⲧ ⲧⲁⲕⲏⲩⲧ ⲉⲣⲟⲟⲩ. ⲁⲩⲱ ⲉⲁⲩϩⲟⲩⲣⲱⲟⲩ ⲛ̅ⲧⲙⲉ. ⲉⲩⲙⲉⲉⲩⲉ ϫⲉ ⲟⲩϩⲏⲩ ⲧⲉ ⲧⲙⲛ̅ⲧⲣⲉϥϣⲙ̅ϣⲉⲛⲟⲩⲧⲉ.
6 Onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse.
ⲋ̅ⲟⲩⲛⲟϭ ⲇⲉ ⲛ̅ϩⲏⲩ ⲧⲉ ⲧⲙⲛ̅ⲧⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲛ̅ⲟⲩⲣⲱϣⲉ·
7 Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
ⲍ̅ⲙ̅ⲡⲛ̅ⲛ̅ⲗⲁⲁⲩ ⲅⲁⲣ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲡⲕⲟⲥⲙⲟⲥ. ⲛ̅ⲧⲛ̅ⲛⲁϣϫⲓⲗⲁⲁⲩ ⲁⲛ ⲟⲛ ⲉⲃⲟⲗ.
8 Ɛno nti sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.
ⲏ̅ⲉⲩⲛ̅ⲧⲁⲛ ⲇⲉ ⲙ̅ⲙⲁⲩ ⲛ̅ⲧⲉϩⲣⲉ. ⲙⲛ̅ⲑⲃ̅ⲥⲱ. ⲛⲁⲓ̈ ⲣⲱϣⲉ ⲉⲣⲟⲛ.
9 Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu.
ⲑ̅ⲛⲉⲧⲟⲩⲱϣ ⲇⲉ ⲉⲣ̅ⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ⲥⲉⲛⲁϩⲉ ⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲉⲩⲡⲓⲣⲁⲥⲙⲟⲥ. ⲙⲛ̅ⲟⲩϭⲟⲣϭⲥ̅. ⲙⲛ̅ϩⲉⲛⲉⲡⲓⲑⲩⲙⲓⲁ ⲉⲛⲁϣⲱⲟⲩ. ⲛ̅ⲁⲑⲏⲧ ⲁⲩⲱ ⲉⲩⲣ̅ⲃⲟⲟⲛⲉ. ⲛⲁⲓ̈ ⲉⲧⲱⲙⲥ̅ ⲛ̅ⲛ̅ⲣⲱⲙⲉ ⲉⲡⲧⲁⲕⲟ ⲙⲛ̅ⲡⲥⲱⲣⲙ̅.
10 Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntin. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneennen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma.
ⲓ̅ⲧⲛⲟⲩⲛⲉ ⲅⲁⲣ ⲙ̅ⲡⲉⲑⲟⲟⲩ ⲛⲓⲙ ⲧⲉ ⲧⲙⲛ̅ⲧⲙⲁⲓ̈ϩⲟⲙⲛ̅ⲧ ⲧⲁⲓ̈ ⲉⲧⲉⲣⲉϩⲟⲓ̈ⲛⲉ ⲙⲉ ⲙ̅ⲙⲟⲥ ⲁⲩⲡⲗⲁⲛⲁ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ. ⲁⲩⲱ ⲁⲩⲧⲁⲁⲩ ⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲉϩⲉⲛϣⲥ̅ⲛ̅ϩⲏⲧ ⲉⲛⲁϣⲱⲟⲩ.
11 Enti wo a woyɛ Onyankopɔn nipa no, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, Onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi.
ⲓ̅ⲁ̅ⲛ̅ⲧⲟⲕ ⲇⲉ ⲱ ⲡⲣⲱⲙⲉ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲡⲱⲧ ⲉⲃⲟⲗ ⲛ̅ⲛⲁⲓ̈. ⲡⲱⲧ ⲇⲉ ⲛ̅ⲥⲁⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ. ⲧⲙⲛ̅ⲧⲉⲩⲥⲉⲃⲏⲥ. ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ. ⲧⲁⲅⲁⲡⲏ. ⲑⲩⲡⲟ(ⲙⲟ)ⲛⲏ. ⲧⲙⲛ̅ⲧⲣⲙ̅ⲣⲁϣ.
12 Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. (aiōnios g166)
ⲓ̅ⲃ̅ⲁⲅⲱⲛⲓⲍⲉ ⲙ̅ⲡⲁⲅⲱⲛ ⲉⲧⲛⲁⲛⲟⲩϥ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ. ϭⲟⲗϫⲕ̅ ⲙ̅ⲡⲱⲛϩ̅ ϣⲁⲉⲛⲉϩ ⲉⲛⲧⲁⲩⲧⲁϩⲙⲉⲕ ⲉⲣⲟϥ. ⲁⲩⲱ ⲁⲕϩⲟⲙⲟⲗⲟⲅⲓ ⲛ̅ⲑⲟⲙⲟⲗⲟⲅⲓⲁ ⲉⲧⲛⲁⲛⲟⲩⲥ ⲙ̅ⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲛ̅ϩⲁϩ ⲙ̅ⲙⲛ̅ⲧⲣⲉ· (aiōnios g166)
13 Meka no Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokware wɔ Pontio Pilato anim no hyɛ wo sɛ,
ⲓ̅ⲅ̅ϯⲡⲁⲣⲁⲅⲅⲉⲓⲗⲉ ⲙ̅ⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲡⲉⲧⲧⲁⲛϩⲟ ⲙ̅ⲡⲧⲏⲣϥ̅ ⲙⲛ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁϥⲣ̅ⲙⲛ̅ⲧⲣⲉ ϩⲓⲡⲟⲛⲧⲓⲟⲥ ⲡⲓⲗⲁⲧⲟⲥ ⲛ̅ⲑⲟⲙⲟⲗⲟⲅⲓⲁ ⲉⲧⲛⲁⲛⲟⲩⲥ
14 tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kosi da a Yesu Kristo bɛba.
ⲓ̅ⲇ̅ⲉⲧⲣⲉⲕϩⲁⲣⲉϩ ⲉⲧⲉⲛⲧⲟⲗⲏ ⲁϫⲛ̅ⲧⲱⲗⲙ̅ ⲉⲙⲡⲟⲩⲧⲁϩⲟⲕ ϩⲛ̅ⲗⲁⲁⲩ ϣⲁⲡⲟⲩⲱⲛϩ̅ ⲉⲃⲟⲗ ⲙ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅.
15 Onyankopɔn a wɔahyira no na ne nkutoo di Hene, Ahene mu Hene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba bere a ɛsɛ mu.
ⲓ̅ⲉ̅ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲧϥⲛⲁⲟⲩⲟⲛϩϥ̅ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲛⲉϥⲟⲩⲟⲉⲓϣ ⲛ̅ϭⲓⲡⲙⲁⲕⲁⲣⲓⲟⲥ ⲁⲩⲱ ⲡⲇⲩⲛⲁⲥⲧⲏⲥ ⲙⲁⲩⲁⲁϥ. ⲡⲣ̅ⲣⲟ ⲛ̅ⲛⲉⲣⲣⲱⲟⲩ. ⲁⲩⲱ ⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲛ̅ⲛ̅ϫⲟⲉⲓⲥ.
16 Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, na ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidi ne tumi a enni awiei wɔ no. Amen. (aiōnios g166)
ⲓ̅ⲋ̅ⲡⲉⲧⲉⲩⲛ̅ⲧⲁϥ ⲙ̅ⲙⲁⲩ ⲛ̅ⲧⲙⲛ̅ⲧⲁⲧⲙⲟⲩ ⲙⲁⲩⲁⲁϥ. ⲡⲉⲧⲟⲩⲏϩ ϩⲙ̅ⲡⲟⲩⲟⲉⲓⲛ ⲉⲧⲉⲙⲉⲣⲉⲗⲁⲁⲩ ϫⲟⲟⲃⲉϥ ⲡⲉⲧⲉⲙ̅ⲡⲉⲗⲁⲁⲩ ⲛ̅ⲣⲱⲙⲉ ⲛⲁⲩ ⲉⲣⲟϥ ⲟⲩⲇⲉ ⲟⲛ ⲙⲛ̅ϣϭⲟⲙ ⲉⲧⲣⲉⲩⲛⲁⲩ. ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲧⲉⲡⲱϥ ⲡⲉ ⲡⲧⲁⲉⲓⲟ ⲙⲛ̅ⲡⲁⲙⲁϩⲧⲉ ϣⲁⲉⲛⲉϩ ⲛ̅ⲉⲛⲉϩ ϩⲁⲙⲏⲛ· (aiōnios g166)
17 Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (aiōn g165)
ⲓ̅ⲍ̅ⲛ̅ⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ⲙ̅ⲡⲉⲓ̈ⲁⲓⲱⲛ ⲡⲁⲣⲁⲅⲅⲉⲓⲗⲉ ⲛⲁⲩ ⲉⲧⲙ̅ϫⲓⲥⲉ ⲛ̅ϩⲏⲧ. ⲁⲩⲱ ⲉⲧⲙ̅ⲕⲁϩⲧⲏⲩ ⲉⲧⲉⲩⲙⲛ̅ⲧⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ⲧⲁⲓ̈ ⲉⲧⲉⲛⲥ̅ⲧⲁϫⲣⲏⲩ ⲁⲛ. ⲁⲗⲗⲁ ⲉⲡⲛⲟⲩⲧⲉ. ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲧϯ ⲛⲁⲛ ⲛ̅ⲛ̅ⲕⲁ ⲛⲓⲙ ϩⲛ̅ⲟⲩⲙⲛ̅ⲧⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ⲉⲩⲁⲡⲟⲗⲁⲩⲥⲓⲥ. (aiōn g165)
18 Hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma payɛ mu. Wɔnyɛ ayamye na wɔne afoforo nkyɛ nea wɔwɔ.
ⲓ̅ⲏ̅ⲉⲣ̅ⲡ̅ⲡⲉⲧⲛⲁⲛⲟⲩϥ ⲉⲣ̅ⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ϩⲛ̅ϩⲉⲛϩⲃⲏⲩⲉ ⲉⲛⲁⲛⲟⲩⲟⲩ. ⲉⲣ̅ⲣⲉϥϯ. ⲛ̅ⲕⲟⲓⲛⲱⲛⲓⲕⲟⲥ.
19 Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena pa.
ⲓ̅ⲑ̅ⲉⲩⲥⲱⲟⲩϩ ⲛⲁⲩ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲛ̅ⲟⲩⲥⲛ̅ⲧⲉ ⲉⲛⲁⲛⲟⲩⲥ ⲉⲡⲉⲧⲛⲁϣⲱⲡⲉ. ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲉⲩⲉϭⲟⲗϫⲟⲩ ⲙ̅ⲡⲱⲛϩ̅ ⲙ̅ⲙⲉ.
20 Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so yiye. Twe wo ho fi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atoro so frɛ no “Nimdeɛ” no ho.
ⲕ̅ⲱ ⲧⲓⲙⲟⲑⲉⲉ ϩⲁⲣⲉϩ ⲉⲧⲡⲁⲣⲁⲑⲏⲕⲏ ⲉⲕⲥⲓϩⲉ ⲙ̅ⲙⲟⲕ ⲉⲛⲓⲥⲙⲏ ⲉⲧϣⲟⲩⲉⲓⲧ ⲁⲩⲱ ⲉⲧⲃⲏⲧ. ⲙⲛ̅ⲛ̅ⲟⲩⲱϩⲙ̅ ⲙ̅ⲡⲥⲟⲟⲩⲛ ⲛ̅ⲛⲟⲩϫ.
21 Nnipa bi gye to mu sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidi kwan no. Onyankopɔn adom nka mo.
ⲕ̅ⲁ̅ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁϩⲟⲓ̈ⲛⲉ ⲧⲁⲁϥ ϩⲓⲱⲟⲩ. ⲁⲩⲣ̅ϣⲙ̅ⲙⲟ ⲉⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ· ·ⲧⲉⲡⲣⲟⲥ· ·ⲧⲓⲙⲟⲑⲉⲟⲥ· ⲁ̅·

< 1 Timoteo 6 >