< 1 Timoteo 6 >
1 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfo no nyinaa de nidi ma wɔn wuranom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ.
Du bi wa ba gran du ba toh ba ti koh ba ni daraja, duba ti naki saboda duba na kpa inde Irji ti meme ni blabla ma na.
2 Ɛnsɛ sɛ asomfo bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifo no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom nti. Mmom ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yiye, efisɛ wɔn som no so wɔ mfaso ma agyidifo ne adɔfo bebree.
Igran bi wa ba nei ni ba ti koh bi bangaskiya du ba na kpa ba tsir na don ba mri vayi kpaba, nakima baka ti dun ni kwazo ba tikoh waba ciriba idu bihu Irji kaunatatu ka koya di tsro ba ikpie bi yi
3 Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka eyinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforo na ɔnka nokware a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no
Inde ndi ri ye si bla kpie ri kan, dana kpa yeim ni tre Bachi bu Yesu Kristi, ni tre Irji.
4 yɛ ɔhantanni a onnim hwee. Ɔyɛ obi a ofi adwemmɔne mu gye akyinnye na ɔka nsɛm a ɛde anibere, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne
Ani wur wo ni san da na to ikpie na, nakima a hei ni jayaya ni san yeiu, nitre, itre, itre bi yi ba jin hug, ni vie, ni mre, ni meme tre.
5 ne mansotwe a efi adwene a emu nnɔ na nokware nni mu mu ba. Wodwen sɛ nyamesom yɛ ɔkwan bi a wɔfa so pɛ sika.
Ani ji rashi jintuwa, ye ni mi ndi wa ba hei ni gigla hankula, ba kaba ni jaji da ni tre di hu Irji ahi koh u ti klen, iftlft ifqa wu ka chu tu me rhu ni mi ikpie baki ifqa
6 Onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse.
Ziza'a hu Irji di ghen a kikle riba.
7 Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
Nakima kina ji kpie di ye ni gbugbulu na kina iya ji kpie di rhu ni mi na.
8 Ɛno nti sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.
Nakima kika dagana ni biri ni kpie u' sur.
9 Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu.
Naki biwa ba son zama biklen, ba joku ni mi jaraba ba trako, ba joku ni mi ikpie bi meme, ni sha'awoyi bi meme, ni ko gye wa ani jin ndi hi yo ni mi lalaci ni kug.
10 Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntin. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneennen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma.
Nakima son klen ahi ijah kowane meme kpie, ndi bari yadda ba wa klen, baka ikoh jaji ba ja nitu ba shijin ne gbugbuu.
11 Enti wo a woyɛ Onyankopɔn nipa no, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, Onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi.
Wu ndi u Irji, na ri iri kpie baki na, hu adalci, ikon irji, aminci, ison, vu suron, ni ti kpie didi.
12 Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. (aiōnios )
Taku didima u' jaji, vu ivri u sise ni sei wa ba yo ye ni mi, itu wayi na shaida ni shishi ndi gbugbu'u nitu ipkie wa a didima (aiōnios )
13 Meka no Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokware wɔ Pontio Pilato anim no hyɛ wo sɛ,
Mo no u doka i ni shishi irji wa ani no vri ni kpie ba wawu'u, ni shi Almasihu Yesu, wa ahla kpie wa na didima ni Bilatus Babunti.
14 tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kosi da a Yesu Kristo bɛba.
Hu doka dede du kpie u mre na hei ni mi na har ye Bachi bu Yesu Almasihu.
15 Onyankopɔn a wɔahyira no na ne nkutoo di Hene, Ahene mu Hene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba bere a ɛsɛ mu.
Irji ni tsro yema ni dede iton ma Irji u lulu, makadacin iko. Ichu wa ani yi sarauta, Bachi bu'u mulki.
16 Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, na ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidi ne tumi a enni awiei wɔ no. Amen. (aiōnios )
Wa wu i ni kangrt ma ana kug na wa ani sun ni mi kpan, wa bana cih hi na. Ba ndi wa ani toh, ko ba hangi u' nikon a tabata ni 'u', ni iko u sisei ni sei Amin. (aiōnios )
17 Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (aiōn )
Hla ni bi kle ni mi gbugbulu i duba na zu tu na, duba na yo suron ni klen wa ana krie na, nakima baka yo suron ni Irji wa ani nota klen u jaji don kika ji dadi. (aiōn )
18 Hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma payɛ mu. Wɔnyɛ ayamye na wɔne afoforo nkyɛ nea wɔwɔ.
Hla ni bawu duba ti nagarta, da ti klen ni du didima da ta zo ni bu wo.
19 Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena pa.
Naki bazi nituba harshashi u' didima, nitu ikpie wa'asi ye nibau' wa ba kpa rayuwa u kwarai.
20 Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so yiye. Twe wo ho fi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atoro so frɛ no “Nimdeɛ” no ho.
Timotawus mla ikpie wa bana no. na cib hi ni bi tre ruru ni sen yieu ni kpie wa ani ga kpa ba, wa ba yo di ilimi u ce.
21 Nnipa bi gye to mu sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidi kwan no. Onyankopɔn adom nka mo.
Indi bari basi duh iri kpie bi yi, don duba kauce ni jaji. Naki du alheri sun ni wa Amin.