< 1 Timoteo 4 >
1 Honhom no si no pi sɛ, akyiri no, nnipa bi begyae gyidi no mu so. Wobedi atoro ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi.
Men Ånden siger klarlig, at i kommende Tider ville nogle falde fra Troen, idet de agte på forførende Ånder og på Dæmoners Lærdomme,
2 Saa nkyerɛkyerɛ yi fi nyaatwomfo atorofo a wɔyɛ adwenwuifo sɛ dade a wɔato wɔ ogya mu no.
ved Løgnlæreres Hykleri, som ere brændemærkede i deres egen Samvittighed,
3 Saa nnipa no kyerɛkyerɛ se enye sɛ obi ware, na nnuan bi nso wɔ hɔ a enye sɛ onipa di. Nanso Onyankopɔn bɔɔ saa nnuan no sɛ, sɛ agyidifo a wɔahu nokware no nsa ka na wɔbɔ so mpae a, wotumi di.
som byde, at man ikke må gifte sig, og at man skal afholde sig fra Spiser, hvilke Gud har skabt til at nydes med Taksigelse af dem, som tro og have erkendt Sandheden.
4 Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so.
Thi al Guds Skabning er god, og intet er at forkaste, når det tages med Taksigelse;
5 Efisɛ Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.
thi det helliges ved Guds Ord og Bøn.
6 Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo somfo pa a wɔnam nokware ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atetew wo.
Når du foreholder Brødrene dette, er du en god Kristi Jesu Tjener, idet du næres ved Troens og den gode Læres Ord, den, som du har efterfulgt;
7 Nsɛe wo bere wɔ gyidihuu nsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden.
men afvis de vanhellige og kælingagtige Fabler! Derimod øv dig selv i Gudsfrygt!
8 Ɛwɔ mu sɛ ɔhonam mu mmɔdemmɔ ho hia de, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia wɔ akwan nyinaa mu, efisɛ ɛhyɛ yɛn nnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ.
Thi den legemlige Øvelse er nyttig til lidet, men Gudsfrygten er nyttig til alle Ting, idet den har Forjættelse for det Liv, som nu er, og for det, som kommer.
9 Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye to mu na wogye di.
Den Tale er troværdig og al Modtagelse værd.
10 Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma dennen, efisɛ yɛde yɛn anidaso ahyɛ Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titiriw wɔn a wogye asɛm no di no.
Thi derfor lide vi Møje og Forhånelser, fordi vi have sat vort Håb til den levende Gud, som er alle Menneskers Frelser, mest deres, som tro.
11 Eyinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu.
Påbyd og lær dette!
12 Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wunnyinii nti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidi mu ne wo kronkronyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa.
Lad ingen ringeagte dig for din Ungdoms Skyld, men bliv et Forbillede for dem, som tro, i Tale, i Vandel, i Kærlighed, i Tro, i Renhed!
13 Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.
Indtil jeg kommer, så giv Agt på Oplæsningen, Formaningen, Undervisningen.
14 Nnyaa honhom mu akyɛde a mpanyimfo nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wunyaa no mu.
Forsøm ikke den Nådegave, som er i dig, som blev given dig under Profeti med Håndspålæggelse af de Ældste.
15 So saa nneɛma no mu yiye. Fa wo ho nyinaa ma wɔn, sɛnea ɛbɛma obiara ahu wo nkɔso.
Tænk på dette, lev i dette, for at din Fremgang må være åbenbar for alle.
16 Hwɛ wo ho so yiye na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.
Giv Agt på dig selv og på Undervisningen: hold ved dermed; thi når du gør dette, skal du frelse både dig selv og dem, som høre dig.